< Jérémie 11 >

1 La parole adressée à Jérémie par l’Eternel était ainsi conçue:
Asɛm a ɛfiri Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn nie:
2 "Ecoutez les termes de cette alliance, et vous les redirez aux gens de Juda et aux habitants de Jérusalem.
“Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem.
3 Tu leur diras: Ainsi parle l’Eternel, Dieu d’Israël: Maudit soit l’homme qui n’écoutera pas les termes de cette alliance,
Ka kyerɛ wɔn sɛ, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so,
4 que j’ai dictée à vos ancêtres à l’époque où je les ai fait sortir du pays d’Egypte, de ce creuset de fer, en disant: Ecoutez ma voix, conformez-vous à tous les ordres que je vous prescris, alors vous serez mon peuple et je serai votre Dieu;
deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.’ Mekaa sɛ, ‘Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn.
5 de manière à accomplir le serment que j’ai fait à vos ancêtres de leur donner un pays où coulent le lait et le miel, comme cela s’est réalisé aujourd’hui!" Je répondis par ces mots: "Amen, ô Eternel!"
Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom sɛ, mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no aba mu,’ asase mote so ɛnnɛ yi.” Mebuaa sɛ, “Amen, Awurade.”
6 Et l’Eternel me dit: "Publie toutes ces paroles dans les villes de Juda et dans les rues de Jérusalem, savoir: Ecoutez les termes de cette alliance, et mettez-les à exécution;
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so.
7 car j’ai dûment averti vos ancêtres dès le jour où je les ai fait monter du pays d’Egypte jusqu’à ce jour, je les ai avertis chaque matin en disant: Ecoutez ma voix!
Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.”
8 Mais ils n’ont pas écouté, ils n’ont pas prêté l’oreille, ils ont suivi chacun les penchants de leur coeur pervers; aussi leur ai-je appliqué toutes les clauses du contrat que je leur avais ordonné de respecter et qu’ils n’ont pas respectées."
Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’”
9 Et l’Eternel me dit: "Il s’est formé un complot parmi les gens de Juda et les habitants de Jérusalem.
Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam.
10 Ils sont retournés aux fautes de leurs premiers aïeux, qui avaient refusé d’obéir à mes paroles; eux aussi s’attachent à des dieux étrangers pour les servir: la maison d’Israël et la maison de Juda ont rompu l’alliance que j’avais contractée avec leurs ancêtres."
Wɔasane kɔ wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so.
11 C’Est pourquoi ainsi parle l’Eternel: "Voici, je fais fondre sur eux des calamités dont ils ne pourront s’échapper; alors ils crieront vers moi et je ne les écouterai point.
Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom sɛ, wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so.
12 Les villes de Juda et les habitants de Jérusalem pourront aller implorer les dieux auxquels ils brûlent de l’encens; mais ceux-ci seront impuissants à les secourir au temps de leur malheur.
Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa.
13 Car aussi nombreux que tes villes sont tes dieux, ô Juda; aussi nombreux que les rues de Jérusalem sont les autels élevés par vous à un culte honteux, les autels pour encenser Baal!
Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’
14 Quant à toi, ne prie pas en faveur de ce peuple; ne m’invoque ni ne me supplie pour lui, car je n’écouterai pas à l’heure où ils s’adresseront à moi à cause de leurs maux.
“Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so.
15 Que vient faire mon bien-aimé dans ma maison? Il commet des indignités en nombre! A quoi bon cette chair consacrée qui provient de tes mains? Quand tu fais le mal, alors tu triomphes!
“Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ wɔ mʼasɔredan mu ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no? Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa? Sɛ woyɛ wʼamumuyɛsɛm a na wʼani agye.”
16 Dieu t’avait dénommé "olivier verdoyant, remarquable par la beauté de son fruit", mais, au bruit d’un terrible fracas, il y a mis le feu et ses rameaux ont volé en éclats.
Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm a ɛso aba a ɛyɛ fɛ. Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ bɛto mu ogya, na ne mman bɛbubu.
17 L’Eternel-Cebaot qui t’avait planté a décrété ta ruine, causée par le mal que se sont fait à elles-mêmes la maison d’Israël et la maison de Juda en m’irritant, en encensant Baal.
Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal.
18 L’Eternel m’a instruit; je sais, depuis que tu m’as rendu témoin de leurs oeuvres,
Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me.
19 que j’étais, moi, semblable à une brebis docile qu’on mène à l’abattoir; ce que je ne savais pas, c’est que c’était contre moi qu’ils formaient de mauvais desseins: "Allons, détruisons l’arbre dans sa sève, extirpons-le de la terre des vivants, et que son nom ne soit plus mentionné!"
Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so, sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.”
20 Mais l’Eternel-Cebaot est un Juge intègre, sondant les reins et le coeur: je verrai la vengeance que tu tireras d’eux, car c’est à toi que je confie ma cause.
Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee na wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.
21 C’Est pourquoi ainsi parle l’Eternel-Cebaot au sujet des gens d’Anatot qui en veulent à ta vie et te disent: "Ne prophétise plus au nom de l’Eternel, si tu ne veux pas mourir de notre main!"
Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,”
22 Oui, ainsi parle l’Eternel-Cebaot: "Je vais sévir contre eux: les jeunes gens périront par le glaive, leurs fils et leurs filles périront par la famine.
Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa.
23 Il ne leur demeurera aucun reste, quand je ferai arriver la catastrophe sur les gens d’Anatot, l’année de leur châtiment."
Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔ wɔn asotwe afe mu.”

< Jérémie 11 >