< Marc 1 >

1 Commencement de l’évangile de Jésus Christ, Fils de Dieu:
Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni.
2 comme il est écrit dans Ésaïe le prophète: « Voici, moi j’envoie mon messager devant ta face, lequel préparera ton chemin ».
Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”
3 « Voix de celui qui crie dans le désert: Préparez le chemin du Seigneur, faites droits ses sentiers ».
“Obi nne reteɛ mu wɔ sare so, ‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’”
4 Jean vint, baptisant dans le désert, et prêchant le baptême de repentance en rémission de péchés.
Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
5 Et tout le pays de Judée et tous ceux de Jérusalem sortaient vers lui; et ils étaient baptisés par lui dans le fleuve du Jourdain, confessant leurs péchés.
Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
6 Or Jean était vêtu de poil de chameau et d’une ceinture de cuir autour des reins, et il mangeait des sauterelles et du miel sauvage.
Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.
7 Et il prêchait, disant: Il vient après moi, celui qui est plus puissant que moi, duquel je ne suis pas digne de délier, en me baissant, la courroie des sandales.
Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan.
8 Moi, je vous ai baptisés d’eau; lui, vous baptisera de l’Esprit Saint.
Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
9 Et il arriva, en ces jours-là, que Jésus vint de Nazareth de Galilée, et fut baptisé par Jean au Jourdain.
Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu.
10 Et [s’éloignant] aussitôt de l’eau, il monta, et vit les cieux se fendre, et l’Esprit comme une colombe descendre sur lui.
Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so.
11 Et il y eut une voix qui venait des cieux: Tu es mon Fils bien-aimé; en toi j’ai trouvé mon plaisir.
Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
12 Et aussitôt l’Esprit le pousse dans le désert.
Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so.
13 Et il fut dans le désert 40 jours, tenté par Satan; et il était avec les bêtes sauvages; et les anges le servaient.
Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.
14 Mais après que Jean eut été livré, Jésus vint en Galilée, prêchant l’évangile du royaume de Dieu,
Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.
15 et disant: Le temps est accompli, et le royaume de Dieu s’est approché: repentez-vous et croyez à l’évangile.
Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”
16 Et comme il marchait le long de la mer de Galilée, il vit Simon et André le frère de Simon, qui jetaient un filet dans la mer; car ils étaient pêcheurs.
Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.
17 Et Jésus leur dit: Venez après moi, et je vous ferai devenir pêcheurs d’hommes.
Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.”
18 Et aussitôt, ayant quitté leurs filets, ils le suivirent.
Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi.
19 Et passant de là un peu plus avant, il vit Jacques le [fils] de Zébédée et Jean son frère; et eux [étaient] dans le bateau, raccommodant les filets.
Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.
20 Et aussitôt il les appela; et laissant leur père Zébédée dans le bateau avec les gens à gages, ils s’en allèrent après lui.
Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.
21 Et ils entrent dans Capernaüm; et étant entré aussitôt le jour du sabbat dans la synagogue, il enseignait.
Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.
22 Et ils s’étonnaient de sa doctrine; car il les enseignait comme ayant autorité, et non pas comme les scribes.
Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no.
23 Et il y avait dans leur synagogue un homme possédé d’un esprit immonde; et il s’écria,
Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se,
24 disant: Ha! qu’y a-t-il entre nous et toi, Jésus Nazarénien? Es-tu venu pour nous détruire? Je te connais, qui tu es: le Saint de Dieu.
“Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”
25 Et Jésus le tança, disant: Tais-toi, et sors de lui.
Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!”
26 Et l’esprit immonde, l’ayant déchiré et ayant crié à haute voix, sortit de lui.
Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.
27 Et ils furent tous saisis d’étonnement, de sorte qu’ils s’enquéraient entre eux, disant: Qu’est ceci? Quelle doctrine nouvelle est celle-ci? Car il commande avec autorité, même aux esprits immondes, et ils lui obéissent.
Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”
28 Et sa renommée se répandit aussitôt tout à l’entour dans la Galilée.
Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.
29 Et aussitôt, sortant de la synagogue, ils allèrent avec Jacques et Jean dans la maison de Simon et d’André.
Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.
30 Or la belle-mère de Simon était là couchée, ayant la fièvre; et aussitôt ils lui parlent d’elle.
Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu.
31 Et s’approchant, il la fit lever en la prenant par la main; et aussitôt la fièvre la quitta; et elle les servit.
Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.
32 Et, le soir étant venu, comme le soleil se couchait, on lui apporta tous ceux qui se portaient mal, et les démoniaques;
Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare.
33 et la ville tout entière était rassemblée à la porte:
Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano,
34 et il en guérit plusieurs qui souffraient de diverses maladies, et chassa plusieurs démons, et ne permit pas aux démons de parler parce qu’ils le connaissaient.
na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.
35 Et s’étant levé sur le matin, longtemps avant le jour, il sortit et s’en alla dans un lieu désert; et il priait là.
Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ.
36 Et Simon et ceux qui étaient avec lui, le suivirent.
Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no,
37 Et l’ayant trouvé, ils lui dirent: Tous te cherchent.
na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!”
38 Et il leur dit: Allons ailleurs dans les bourgades voisines, afin que j’y prêche aussi; car c’est pour cela que je suis venu.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”
39 Et il prêchait dans leurs synagogues par toute la Galilée, et chassait les démons.
Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
40 Et un lépreux vient à lui, le suppliant et se jetant à genoux devant lui, et lui disant: Si tu veux, tu peux me rendre net.
Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”
41 Et Jésus, ému de compassion, étendant la main, le toucha, et lui dit: Je veux, sois net.
Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
42 Et comme il parlait, aussitôt la lèpre se retira de lui; et il fut net.
Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!
43 Et usant de paroles sévères, il le renvoya aussitôt,
Yesu bɔɔ nʼano denneennen se,
44 et lui dit: Prends garde de n’en rien dire à personne; mais va, montre-toi au sacrificateur, et offre pour ta purification ce que Moïse a ordonné, pour que cela leur serve de témoignage.
“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”
45 Mais lui, étant sorti, commença à beaucoup publier et à divulguer ce qui était arrivé, de sorte que Jésus ne pouvait plus entrer ouvertement dans la ville; mais il se tenait dehors dans des lieux déserts; et on venait à lui de toutes parts.
Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.

< Marc 1 >