< Marc 2 >

1 Quelque temps après, Jésus revint à Capharnaüm.
Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Ɔduruu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.
2 Lorsqu'on sut qu'il était dans la maison, il s'y assembla aussitôt un si grand nombre de personnes, qu'elles ne pouvaient trouver place, même aux abords de la porte; et il leur prêchait la parole.
Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
3 Alors on lui amena un paralytique porté par quatre hommes.
Mmarima baanan bi de obubuafoɔ bi a wɔso no baa hɔ.
4 Et, comme ils ne pouvaient l'aborder à cause de la foule, ils découvrirent le toit à l'endroit où il était, et par l'ouverture ils descendirent le grabat où gisait le paralytique.
Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.
5 Jésus, voyant leur foi, dit au paralytique: " Mon fils, tes péchés te sont remis. "
Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”
6 Or il y avait là quelques Scribes assis, qui pensaient dans leur cœur:
Nanso Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔwɔ hɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim
7 " Comment cet homme parle-t-il ainsi? Il blasphème. Qui peut remettre les péchés sinon Dieu seul? "
sɛ, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Ɔdwene sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na ɔtumi de bɔne kyɛ.”
8 Jésus, ayant aussitôt connu par son esprit qu'ils pensaient ainsi en eux-mêmes, leur dit: " Pourquoi avez-vous de telles pensées dans vos cœurs?
Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo?
9 Lequel est le plus facile de dire au paralytique: Tes péchés te sont remis, ou de lui dire: Lève-toi, prends ton grabat et marche?
Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ? Sɛ obi bɛka akyerɛ obubuafoɔ no sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo’, anaasɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’?
10 Mais afin que vous sachiez que le Fils de l'homme a sur la terre, le pouvoir de remettre les péchés,
Enti mɛkyerɛ mo sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ.” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ,
11 je te le commande, dit-il au paralytique: lève-toi, prends ton grabat et va dans ta maison. "
“Mese wo sɛ, sɔre gyina hɔ. Fa wo kɛtɛ, na kɔ wo efie na wo ho atɔ wo.”
12 Et à l'instant celui-ci se leva, pris son grabat, et sortit en présence de tous, de sorte que tout le peuple était dans l'admiration et rendait gloire à Dieu, en disant: " Jamais nous n'avons rien vu de semblable. "
Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”
13 Jésus sortit de nouveau le long de la mer; et tout le peuple venait à lui, et il les enseignait.
Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no.
14 En passant, il vit Lévi, fils d'Alphée, assis au bureau de péage; il lui dit: " Suis-moi. " Lévi se leva et le suivit.
Ɛberɛ a ɔnam mpoano hɔ no, ɔhunuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Lewi sɔre dii nʼakyi.
15 Il arriva que Jésus étant à table dans la maison de cet homme, plusieurs publicains et gens de mauvaise vie se trouvaient à table avec lui et ses disciples, car ils étaient nombreux à le suivre.
Saa ɛda no anadwofa, Lewi too ɛpono, too nsa frɛɛ nʼafɛfoɔ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafoɔ no nto nsa nnidi. Nnipa a wɔdii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.
16 Les Scribes et les Pharisiens, le voyant manger avec des pécheurs et des publicains, disaient à ses disciples: " D'où vient que votre Maître mange et boit avec des pécheurs et des publicains? "
Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?”
17 Entendant cela, Jésus leur dit: " Ce ne sont pas ceux qui se portent bien qui ont besoin de médecin, mais les malades; je ne suis pas venu appeler les justes, mais les pécheurs. "
Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.”
18 Les disciples de Jean et les Pharisiens avaient coutume de jeûner. Ils vinrent le trouver et lui dirent: " Pourquoi, tandis que les disciples de Jean et ceux des Pharisiens pratiquent le jeûne, vos disciples ne jeûnent-ils pas? "
Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?”
19 Jésus leur répondit: " Les compagnons de l'époux peuvent-ils jeûner pendant que l'époux est avec eux? Aussi longtemps qu'ils ont avec eux l'époux, ils ne peuvent pas jeûner.
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka sɛ, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da.
20 Mais les jours viendront où l'époux leur sera enlevé, et alors ils jeûneront en ces jours-là.
Nanso, ɛda bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.
21 Personne ne coud une pièce d'étoffe neuve à un vieux vêtement: autrement la pièce neuve emporte un morceau du vieux, et la déchirure devient pire.
“Ɛte sɛ wode ntoma foforɔ atare ntoma dada mu. Ɛdeɛn na ɛba? Ntaremu no bɛte ntoma dada no mu, na ayi afiri mu, na ama tokuro a ɛda hɔ no aso asene kane deɛ no.
22 Et personne ne met du vin nouveau dans des outres vieilles: autrement, le vin fait rompre les outres et le vin se répand, et les outres sont perdues. Mais le vin nouveau doit se mettre dans des outres neuves. "
Monim sɛ, wɔmfa nsã foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no bɛhwie agu, na nkotokuo a nsã no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.”
23 Il arriva, un jour de sabbat, que Jésus traversait des champs de blé, et ses disciples, tout en s'avançant, se mirent à cueillir des épis.
Homeda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ nam aburoofuo bi mu no, asuafoɔ no pempan aburoo no bi weeɛ.
24 Les Pharisiens lui dirent: " Voyez donc! Pourquoi font-ils, le jour du sabbat, ce qui n'est pas permis? "
Farisifoɔ no bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ saa! Yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ wɔbu aburoo Homeda.”
25 Il leur répondit: " N'avez-vous jamais lu ce que fit David lorsqu'il fut dans le besoin, ayant faim, lui et ceux qui l'accompagnaient:
Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Monkenkanee deɛ Ɔhene Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,
26 comment il entra dans la maison de Dieu, au temps du grand prêtre Abiathar, et mangea les pains de proposition, qu'il n'est permis de manger qu'aux prêtres seuls, et en donna même à ceux qui étaient avec lui? "
ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn efie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara no pɛn? Na ɛno nso tia mmara.
27 Il leur dit encore: " Le sabbat a été fait pour l'homme, et non l'homme pour le sabbat;
“Onipa enti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda enti na wɔbɔɔ onipa.
28 c'est pourquoi le Fils de l'homme est maître même du sabbat. "
Na me, Onipa Ba no mpo, meyɛ Homeda no nso wura!”

< Marc 2 >