< Luc 15 >

1 Tous les publicains et les pécheurs s'approchaient de Jésus pour l'entendre.
Ɛda bi ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii baa Yesu nkyɛn bɛtiee no,
2 Et les Pharisiens et les scribes murmuraient, disant: " Cet homme accueille des pécheurs et mange avec eux. "
Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.”
3 Sur quoi il leur dit cette parabole:
Saa asɛm a wɔkaeɛ no ma ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ,
4 " Qui d'entre vous, ayant cent brebis, s'il en perd une, ne laisse les quatre-vingt-dix-neuf autres dans le désert, pour aller après celle qui est perdue, jusqu'à ce qu'il l'ait retrouvée?
“Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no?
5 Et quand il l'a retrouvée, il la met avec joie sur ses épaules;
Na sɛ ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba.
6 et, de retour à la maison, il assemble ses amis et ses voisins et leur dit: Réjouissez-vous avec moi, parce que j'ai trouvé ma brebis qui était perdue.
Na sɛ ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ, mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no.’
7 Ainsi, je vous le dis, il y aura plus de joie dans le ciel pour un seul pécheur qui se repent, que pour quatre-vingt-dix-neuf justes qui n'ont pas besoin de repentir.
Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene sɛ ateneneefoɔ aduɔkron nkron wɔ hɔ a ahonu ho nhia wɔn no.
8 Ou bien quelle est la femme qui, ayant dix drachmes, si elle en perd une, n'allume une lampe, ne balaie sa maison, et ne cherche avec soin jusqu'à ce qu'elle l'ait retrouvée?
“Anaasɛ ɔbaa bɛn na sɛ ne sika mpɔ edu mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kɔsi sɛ ɔbɛhunu.
9 Et quand elle l'a retrouvée, elle assemble ses amies et ses voisines et leur dit: Réjouissez-vous avec moi, parce que j'ai retrouvé la drachme que j'avais perdue.
Na sɛ ɔhunu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa nka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momma yɛn ani nnye, ɛfiri sɛ, mahunu me sika mpɔ a ɛyeraeɛ no’
10 Ainsi, je vous le dis, il y a de la joie devant les anges de Dieu pour un seul pécheur qui se repent. "
Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”
11 Il dit encore: " Un homme avait deux fils.
Yesu sane buu wɔn ɔyera ho ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmammarima baanu.
12 Le plus jeune dit à son père: Mon père, donne-moi la part du bien qui doit me revenir. Et le père leur partagea son bien.
Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Me agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapadeɛ mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapadeɛ mu de ne ba no kyɛfa maa no.
13 Peu de jours après, le plus jeune fils ayant rassemblé tout ce qu'il avait, partit pour un pays lointain, et il y dissipa son bien en vivant dans la débauche.
“Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa.
14 Lorsqu'il eut tout dépensé, une grande famine survint dans ce pays, et il commença à sentir le besoin.
Ɛno akyi no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so maa ne ho kyeree no.
15 S'en allant donc, il se mit au service d'un habitant du pays, qui l'envoya à sa maison des champs pour garder les pourceaux.
Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdanee kuromani bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.
16 Il eût bien voulu se rassasier des gousses que mangeaient les pourceaux, mais personne ne lui en donnait.
Ɔwɔ hɔ no, ɛkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.
17 Alors, rentrant en lui-même, il dit: Combien de mercenaires de mon père ont du pain en abondance, et moi, je meurs ici de faim!
“Nʼani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Apaafoɔ a wɔwɔ mʼagya efie didi mee, ma ebi ka ma wɔto gu. Adɛn na mete ha na ɛkɔm rekum me yi!
18 Je me lèverai et j'irai à mon père, et je lui dirai: Mon père, j'ai péché contre le ciel et envers toi;
Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no sɛ, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne,
19 je ne mérite plus d'être appelé ton fils: traite-moi comme l'un de tes mercenaires.
na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafoɔ no mu baako.’
20 Et il se leva et il alla vers son père. Comme il était encore loin, son père le vit, et, tout ému, il accourut, se jeta à son cou, et le couvrit de baisers.
Ɔsiim sɛ ɔresane aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam ɛkwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no hunuu no, enti ɔde ayamhyehyeɛ yɛɛ ntɛm kɔhyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.
21 Son fils lui dit: Mon père, j'ai péché contre le ciel et envers toi; je ne mérite plus d'être appelé ton fils.
“Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
22 Mais le père dit à ses serviteurs: Apportez la plus belle robe et l'en revêtez; mettez-lui un anneau au doigt et des souliers aux pieds.
“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.
23 Amenez aussi le veau gras et tuez-le; faisons un festin de réjouissance:
Afei, monkɔkum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mfa nyɛ aduane, na yɛnnidi, nnom, nnye yɛn ani,
24 car mon fils que voici était mort, et il est revenu à la vie; il était perdu, et il est retrouvé. Et ils se mirent à faire fête.
ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’ Wɔhyɛɛ aseɛ gyee wɔn ani.
25 Or, le fils aîné était dans les champs; comme il revenait et approchait de la maison, il entendit de la musique et des danses.
“Ne ba panin a na ɔfiri afuom reba no duruu afikyire no, ɔtee nnwontoɔ ne ahurisidie wɔ efie hɔ.
26 Appelant un des serviteurs, il lui demanda ce que c'était.
Ɛno enti ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no deɛ ɛrekɔ so wɔ efie hɔ.
27 Le serviteur lui dit: Votre frère est arrivé, et votre père a tué le veau gras, parce qu'il l'a recouvré sain et sauf.
Ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no asane aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
28 Mais il se mit en colère, et ne voulut pas entrer. Le père sortit donc, et se mit à le prier.
“Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuiɛ enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ efie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ɔfirii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no.
29 Il répondit à son père: Voilà tant d'années que je te sers, sans avoir jamais transgressé tes ordres, et jamais tu ne m'as donné, à moi, un chevreau pour festoyer avec mes amis.
Ne ba no de awerɛhoɔ buaa no sɛ, ‘Agya, masom wo mfeɛ dodoɔ yi nyinaa a deɛ wobɛka biara metie, nanso wommaa me odwan ba mpo da sɛ menkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.
30 Et quand cet autre fils, qui a dévoré ton bien avec des courtisanes, arrive, tu tues pour lui le veau gras!
Nanso, wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwie no baeɛ yi deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’
31 Le père lui dit: Toi, mon fils, tu es toujours avec moi, et tout ce que j'ai est à toi.
“Nʼagya buaa no sɛ, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea.
32 Mais il fallait bien faire un festin et se réjouir, parce que ton frère que voilà était mort, et qu'il est revenu à la vie; il était perdu, et il est retrouvé. "
Ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn ani, ɛfiri sɛ, na mesusu sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyeraeɛ, nanso wasane aba.’”

< Luc 15 >