< Agoj 15 >

1 Kaj iuj homoj vojaĝis tien el Judujo, kaj instruis la fratojn: Se vi ne cirkumcidiĝos laŭ la moro de Moseo, vi ne povas saviĝi.
Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.”
2 Kaj kiam Paŭlo kaj Barnabas havis ne malgrandan malkonsenton kaj diskutadon kontraŭ ili, oni aranĝis, ke Paŭlo kaj Barnabas kaj aliaj tieuloj iru Jerusalemon al la apostoloj kaj presbiteroj pri tiu demando.
Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnyeɛ dendeenden. Saa asɛm yi enti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kɔhunuu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho.
3 Ili do, forkondukite de la eklezio, trairis Fenikion kaj Samarion, anoncante la konvertadon de la nacianoj, kaj faris grandan ĝojon al ĉiuj fratoj.
Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie.
4 Kaj alveninte en Jerusalemon, ili estis akceptitaj de la eklezio kaj apostoloj kaj presbiteroj, kaj raportis ĉion, kion Dio faris per ili.
Wɔduruu Yerusalem no, asafo no, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
5 Sed leviĝis iuj kredantoj el la sekto de la Fariseoj, dirante: Estas necese cirkumcidi ilin, kaj ordoni, ke ili observu la leĝon de Moseo.
Nanso, Farisifoɔ a wɔabɛyɛ agyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so.
6 Kaj kunvenis la apostoloj kaj presbiteroj, por esplori tiun aferon.
Asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ, dwenee asɛm yi ho.
7 Kaj post multe da diskutado, Petro stariĝis, kaj diris al ili: Fratoj, vi scias, ke jam antaŭ longe Dio elektis min el inter vi, por ke per mia buŝo la nacianoj aŭdu la vorton de la evangelio kaj kredu.
Wɔdwennwenee ho wieeɛ no, Petro sɔre kasaa sɛ, “Me nuanom, monim sɛ berɛ bi a atwam no, Onyankopɔn yii me firii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi.
8 Kaj Dio, kiu konas la korojn, atestis al ili, donante al ili la Sanktan Spiriton tiel same, kiel al ni;
Sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufoɔ nso atom.
9 kaj Li faris nenian diferencon inter ni kaj ili, per la fido puriginte iliajn korojn.
Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.
10 Nun do kial vi incitas Dion, dezirante meti sur la kolon de la disĉiploj jugon, kiun povis porti nek niaj patroj, nek ni?
Adɛn enti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso antumi ansoa no soa agyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?
11 Sed ni kredas pri nia savo per la graco de la Sinjoro Jesuo tiel same, kiel ankaŭ ili.
Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
12 Kaj silentis la tuta amaso; kaj ili aŭskultis, dum Paŭlo kaj Barnabas rakontis, kiom da signoj kaj mirakloj Dio faris ĉe la nacianoj per ili.
Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn.
13 Kaj kiam ili ĉesis paroli, Jakobo respondis, dirante: Fratoj, aŭskultu min;
Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me!
14 Simeon rakontis, kiel unue Dio vizitis nacianojn, por elekti el ili popolon por Sia nomo.
Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho.
15 Kaj al tio konsentas la vortoj de la profetoj, kiel estas skribite:
Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ:
16 Post tio Mi revenos, Kaj Mi restarigos la falintan tabernaklon de David, Mi restarigos la detruitaĵojn, Kaj Mi rekonstruos ĝin;
“‘Yei akyi, mɛsane aba abɛsi Dawid efie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so, na ma sane masi bio,
17 Por ke strebu al la Eternulo la ceteraj homoj Kaj ĉiuj nacioj, inter kiuj estas proklamata Mia nomo, Diras la Eternulo,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’
18 Kiu tion faras jam de la tempo antikva. (aiōn g165)
Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.” (aiōn g165)
19 Tial mi decidas, ke ni ne ĝenu tiujn el la nacianoj, kiuj turniĝas al Dio;
Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no.
20 sed ni admonu ilin, ke ili detenu sin de malpuriĝoj ĉe idoloj kaj de malĉasteco kaj de sufokitaĵoj kaj de sango.
Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso.
21 Ĉar de post antikvaj generacioj Moseo havas en ĉiuj urboj tiujn, kiuj lin predikas, legate en la sinagogoj ĉiusabate.
Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu, na wɔka ɛho nsɛm nso wɔ kuro biara mu.”
22 Tiam al la apostoloj kaj presbiteroj kun la tuta eklezio ŝajnis bone elekti virojn el inter si kaj sendi ilin al Antioĥia kun Paŭlo kaj Barnabas: nome Judas, alnomata Barsabas, kaj Silas, viroj konataj inter la fratoj;
Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiaeɛ, yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi nnipa bi afiri kuo no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Wɔyii mmarima atitire baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.
23 kaj ili sendis per ili la jenan leteron: La apostoloj kaj presbiteroj, al la fratoj, kiuj estas el la nacianoj en Antioĥia kaj Sirio kaj Kilikio, kun saluto:
Nwoma a wɔde ma wɔkɔeɛ no mu nsɛm nie: Anuanom amanamanmufoɔ a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyea mo.
24 Ĉar ni aŭdis, ke iuj el ni ĝenis vin per vortoj maltrankviligaj por viaj animoj, al kiuj ni ne ordonis tion,
Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene.
25 ŝajnis bone al ni unuanime, ke ni elektu virojn kaj sendu ilin al vi kun niaj amataj Barnabas kaj Paŭlo,
Yei enti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba
26 homoj, kiuj riskis siajn vivojn pro la nomo de nia Sinjoro Jesuo Kristo.
a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba.
27 Ni do sendis Judason kaj Silason, kiuj ankaŭ mem buŝe diros tion saman.
Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo.
28 Ĉar al la Sankta Spirito kaj al ni ŝajnis bone meti sur vin nenian alian ŝarĝon, krom la jenaj necesaj aferoj:
Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛremfa adesoa foforɔ bi a emu yɛ duru nnsoa mo;
29 ke oni sin detenu de idoloferitaĵoj kaj de sango kaj de sufokitaĵoj kaj de malĉasteco; se vi vin gardos kontraŭ tio, vi bone agos. Adiaŭ!
monnni aduane a wɔde ama abosom; saa ara nso na monnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ. Bio, montwe mo ho mfiri adwamammɔ ho. Sɛ motumi di saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛbɛsi mo yie. Yɛsane kyea mo.
30 Ili do, forsendite, iris al Antioĥia; kaj kunveniginte la amason, ili transdonis la leteron.
Wɔgyaa nnipa no kwan maa wɔkɔɔ Antiokia. Wɔduruu hɔ no, wɔhyiaa agyidifoɔ no de nwoma no maa wɔn.
31 Kaj leginte ĝin, ili ĝojis pro la konsolo.
Agyidifoɔ no kenkanee nwoma no no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyeeɛ.
32 Kaj Judas kaj Silas, kiuj estis ankaŭ mem profetoj, konsolis la fratojn per multe da parolo kaj firmigis ilin.
Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifoɔ no ne anuanom no kasa kyɛreeɛ, hyɛɛ wɔn nkuran.
33 Kaj pasiginte kelkan tempon, ili kun paco foriris de la fratoj al siaj forsendintoj.
Wɔdii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu maa wɔsane kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.
34 Tamen plaĉis al Silas tie restadi.)
Nanso, Silas de, wankɔ bi.
35 Sed Paŭlo kaj Barnabas restis en Antioĥia, instruante kaj predikante, kun multaj aliaj, la vorton de la Sinjoro.
Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi maa wɔkyerɛkyerɛeɛ, kaa Awurade asɛm.
36 Kaj post kelke da tagoj Paŭlo diris al Barnabas: Ni reiru, kaj vizitu niajn fratojn en ĉiu urbo, kie ni proklamis la vorton de la Sinjoro, kaj vidu, kiel ili fartas.
Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Ma yɛnsane nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkuro a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔrekɔ so wɔ gyidie mu.”
37 Kaj Barnabas konsilis kunpreni Johanon, alnomatan Marko.
Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ,
38 Sed Paŭlo ne aprobis kunpreni tiun, kiu sin fortiris de ili en Pamfilio, kaj ne kuniris en la laboron.
nanso Paulo ampene so, ɛfiri sɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ɔgyaa wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankɔsi awieeɛ.
39 Kaj fariĝis disputo, tiel ke ili disiĝis unu de la alia; kaj Barnabas, kunprenante Markon, ŝipiris al Kipro;
Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu teteeɛ. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro
40 sed Paŭlo, elektinte Silason, foriris, konfidite de la fratoj al la graco de Dio.
na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa wɔfirii hɔ kɔeɛ.
41 Kaj li iris tra Sirio kaj Kilikio, firmigante la ekleziojn.
Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

< Agoj 15 >