< Psalms 33 >

1 Rejoice in the LORD, you righteous! Praise is fitting for the upright.
Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade, mo teneneefoɔ, ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ.
2 Give thanks to the LORD with the lyre. Sing praises to him with the harp of ten strings.
Momfa sankuo nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so.
3 Sing to him a new song. Play skillfully with a shout of joy!
Monto dwom foforɔ mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so!
4 For the LORD’s word is right. All his work is done in faithfulness.
Awurade asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu.
5 He loves righteousness and justice. The earth is full of the loving kindness of the LORD.
Awurade dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.
6 By the LORD’s word, the heavens were made: all their army by the breath of his mouth.
Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.
7 He gathers the waters of the sea together as a heap. He lays up the deeps in storehouses.
Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo; na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ.
8 Let all the earth fear the LORD. Let all the inhabitants of the world stand in awe of him.
Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade; na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no.
9 For he spoke, and it was done. He commanded, and it stood firm.
Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn.
10 The LORD brings the counsel of the nations to nothing. He makes the thoughts of the peoples to be of no effect.
Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ; ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa.
11 The counsel of the LORD stands fast forever, the thoughts of his heart to all generations.
Nanso, Awurade nhyehyɛeɛ tim hɔ daa, nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ.
12 Blessed is the nation whose God is the LORD, the people whom he has chosen for his own inheritance.
Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade, nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no.
13 The LORD looks from heaven. He sees all the sons of men.
Awurade hwɛ adasamma nyinaa firi soro.
14 From the place of his habitation he looks out on all the inhabitants of the earth,
Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15 he who fashions all of their hearts; and he considers all of their works.
Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma, enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa.
16 There is no king saved by the multitude of an army. A mighty man is not delivered by great strength.
Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi.
17 A horse is a vain thing for safety, neither does he deliver any by his great power.
Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
18 Behold, the LORD’s eye is on those who fear him, on those who hope in his loving kindness,
Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,
19 to deliver their soul from death, to keep them alive in famine.
sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.
20 Our soul has waited for the LORD. He is our help and our shield.
Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.
21 For our heart rejoices in him, because we have trusted in his holy name.
Ne mu na yɛn akoma di ahurisie, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
22 Let your loving kindness be on us, LORD, since we have hoped in you.
Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao Awurade, sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ.

< Psalms 33 >