< Lamentations 2 >

1 How has the Lord covered the daughter of Zion with a cloud in his anger! He has cast the beauty of Israel down from heaven to the earth, and hasn’t remembered his footstool in the day of his anger.
Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum akata Ɔbabaa Sion so nie? Wato Israel animuonyam firi soro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiasoɔ wɔ nʼabufuo da no.
2 The Lord has swallowed up all the dwellings of Jacob without pity. He has thrown down in his wrath the strongholds of the daughter of Judah. He has brought them down to the ground. He has profaned the kingdom and its princes.
Awurade annya ahummɔborɔ na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma ho fi.
3 He has cut off all the horn of Israel in fierce anger. He has drawn back his right hand from before the enemy. He has burned up Jacob like a flaming fire, which devours all around.
Ɔde abufuhyeɛ atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne banbɔ wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.
4 He has bent his bow like an enemy. He has stood with his right hand as an adversary. He has killed all that were pleasant to the eye. In the tent of the daughter of Zion, he has poured out his wrath like fire.
Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.
5 The Lord has become as an enemy. He has swallowed up Israel. He has swallowed up all her palaces. He has destroyed his strongholds. He has multiplied mourning and lamentation in the daughter of Judah.
Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel. Wamene nʼahemfie nyinaa asɛe nʼabandenden. Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Ɔbabaa.
6 He has violently taken away his tabernacle, as if it were a garden. He has destroyed his place of assembly. The LORD has caused solemn assembly and Sabbath to be forgotten in Zion. In the indignation of his anger, he has despised the king and the priest.
Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo; wasɛe ne dwabirem. Awurade ama Sion werɛ afiri nʼafahyɛ ne home nna; wɔ nʼabufuhyeɛ mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.
7 The Lord has cast off his altar. He has abhorred his sanctuary. He has given the walls of her palaces into the hand of the enemy. They have made a noise in the LORD’s house, as in the day of a solemn assembly.
Awurade apo nʼafɔrebukyia na wagyae ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfie afasuo ahyɛ nʼatamfoɔ nsa. Wɔteam wɔ Awurade efie te sɛ afahyɛ da.
8 The LORD has purposed to destroy the wall of the daughter of Zion. He has stretched out the line. He has not withdrawn his hand from destroying; He has made the rampart and wall lament. They languish together.
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhoma too ho na wannyae ɔsɛeɛ no. Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; wɔn nyinaa sɛeɛ.
9 Her gates have sunk into the ground. He has destroyed and broken her bars. Her king and her princes are among the nations where the law is not. Yes, her prophets find no vision from the LORD.
Nʼapono amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a ɛfiri Awurade hɔ bio.
10 The elders of the daughter of Zion sit on the ground. They keep silence. They have cast up dust on their heads. They have clothed themselves with sackcloth. The virgins of Jerusalem hang down their heads to the ground.
Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ tete fam ayɛ komm; wɔde mfuturo agu wɔn tirim afirafira ayitoma. Yerusalem mmabaawa asisi wɔn tiri ase.
11 My eyes fail with tears. My heart is troubled. My bile is poured on the earth, because of the destruction of the daughter of my people, because the young children and the infants swoon in the streets of the city.
Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ, me yafunu mu retwa me, mʼakoma rete atɔ fam, ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔntene so.
12 They ask their mothers, “Where is grain and wine?” when they swoon as the wounded in the streets of the city, when their soul is poured out into their mothers’ bosom.
Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ wɔ kuropɔn no mmɔntene so, ɛberɛ a wɔn nkwa resa wɔ wɔn maamenom abasa so.
13 What shall I testify to you? What shall I liken to you, daughter of Jerusalem? What shall I compare to you, that I may comfort you, virgin daughter of Zion? For your breach is as big as the sea. Who can heal you?
Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ? Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto, Ao, Yerusalem Ɔbabaa? Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ, de akyekyere wo werɛ, Ao, Sion Ɔbabaa Bunu? Wʼapirakuro so sɛ ɛpo. Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?
14 Your prophets have seen false and foolish visions for you. They have not uncovered your iniquity, to reverse your captivity, but have seen for you false revelations and causes of banishment.
Wʼadiyifoɔ anisoadehunu yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ; wɔanna mo amumuyɛ adi ansi mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atorɔ ne nnaadaa.
15 All that pass by clap their hands at you. They hiss and wag their head at the daughter of Jerusalem, saying, “Is this the city that men called ‘The perfection of beauty, the joy of the whole earth’?”
Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ, “Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a ɛdi mu no? Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?”
16 All your enemies have opened their mouth wide against you. They hiss and gnash their teeth. They say, “We have swallowed her up. Certainly this is the day that we looked for. We have found it. We have seen it.”
Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom kakraa tia wo; wɔsere na wɔtwɛre wɔn se na wɔka sɛ, “Yɛamene no. Ɛda a na yɛretwɛn no nie; Yɛatena ase ahunu.”
17 The LORD has done that which he planned. He has fulfilled his word that he commanded in the days of old. He has thrown down, and has not pitied. He has caused the enemy to rejoice over you. He has exalted the horn of your adversaries.
Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dadaada no aba mu. Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfoɔ no ani agye wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.
18 Their heart cried to the Lord. O wall of the daughter of Zion, let tears run down like a river day and night. Give yourself no relief. Don’t let your eyes rest.
Nnipa no akoma su frɛ Awurade. Ao, Sion Ɔbabaa fasuo, ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten awia ne anadwo; nnye wʼahome mma wʼani nso nnya ahomeɛ.
19 Arise, cry out in the night, at the beginning of the watches! Pour out your heart like water before the face of the Lord. Lift up your hands toward him for the life of your young children, who faint for hunger at the head of every street.
Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so.
20 “Look, LORD, and see to whom you have done thus! Should the women eat their offspring, the children that they held and bounced on their knees? Should the priest and the prophet be killed in the sanctuary of the Lord?
“Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade: Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ wɔ Awurade kronkronbea anaa?
21 “The youth and the old man lie on the ground in the streets. My virgins and my young men have fallen by the sword. You have killed them in the day of your anger. You have slaughtered, and not pitied.
“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.
22 “You have called, as in the day of a solemn assembly, my terrors on every side. There was no one that escaped or remained in the day of the LORD’s anger. My enemy has consumed those whom I have cared for and brought up.
“Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuo da no, obiara annwane na obiara anka: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no, me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”

< Lamentations 2 >