< 1 Corinthians 12 >

1 Now concerning spiritual things, brothers, I don’t want you to be ignorant.
Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛdeɛ no mu. Anuanom, mepɛ sɛ mohunu nokorɛ no.
2 You know that when you were heathen, you were led away to those mute idols, however you might be led.
Monim sɛ ɛberɛ a na moyɛ abosonsomfoɔ no na ahoni a awuwu na ɛdi mo so de mo kɔ bɔne mu.
3 Therefore I make known to you that no man speaking by God’s Spirit says, “Yeshua is accursed.” No one can say, “Yeshua is Lord,” but by the Holy Spirit.
Deɛ ɛsɛ sɛ mote aseɛ ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka sɛ “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
4 Now there are various kinds of gifts, but the same Spirit.
Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛdeɛ no, nanso saa akyɛdeɛ no gu ahodoɔ.
5 There are various kinds of service, and the same Lord.
Akwan ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔfa so som, nanso Awurade korɔ no ara na wɔsom no.
6 There are various kinds of workings, but the same God who works all things in all.
Tumi ahodoɔ bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som.
7 But to each one is given the manifestation of the Spirit for the profit of all.
Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɛkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa.
8 For to one is given through the Spirit the word of wisdom, and to another the word of knowledge according to the same Spirit,
Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahunu.
9 to another faith by the same Spirit, and to another gifts of healings by the same Spirit,
Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidie na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa.
10 and to another workings of miracles, and to another prophecy, and to another discerning of spirits, to another different kinds of languages, and to another the interpretation of languages.
Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwanwadeɛ; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforɔ nso ɔma no tumi ma ɔtumi kyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda akyɛdeɛ a ɛfiri Honhom Kronkron no ne deɛ ɛmfiri Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforɔ na ɔma ɔfoforɔ nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforɔ no ase.
11 But the one and the same Spirit produces all of these, distributing to each one separately as he desires.
Ɛyɛ Honhom Kronkron korɔ no ara na ɔyɛ yeinom nyinaa; akyɛdeɛ ahodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
12 For as the body is one and has many members, and all the members of the body, being many, are one body; so also is Messiah.
Kristo te sɛ nipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree, nanso ɛyɛ onipadua korɔ no ara.
13 For in one Spirit we were all immersed into one body, whether Jews or Greeks, whether bond or free; and were all given to drink into one Spirit.
Wɔnam saa ɛkwan korɔ no ara so abɔ yɛn Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron korɔ no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipadua korɔ no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom.
14 For the body is not one member, but many.
Nipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
15 If the foot would say, “Because I’m not the hand, I’m not part of the body,” it is not therefore not part of the body.
Sɛ nan ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ nsa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi.
16 If the ear would say, “Because I’m not the eye, I’m not part of the body,” it’s not therefore not part of the body.
Na sɛ aso ka sɛ, “Esiane sɛ menyɛ aniwa enti, menka onipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ onipadua no fa bi.
17 If the whole body were an eye, where would the hearing be? If the whole were hearing, where would the smelling be?
Na sɛ onipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua adeɛ?
18 But now God has set the members, each one of them, in the body, just as he desired.
Sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara siiɛ.
19 If they were all one member, where would the body be?
Sɛ onipadua no nyinaa yɛ akwaa korɔ a, anka onipadua no bɛyɛ ɛdeɛn?
20 But now they are many members, but one body.
Sɛdeɛ ɛte no, akwaa gu ahodoɔ, nanso onipadua no yɛ baako pɛ.
21 The eye can’t tell the hand, “I have no need for you,” or again the head to the feet, “I have no need for you.”
Yei enti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ, “wo ho nhia me!” Saa ara na etire rentumi nka nkyerɛ nan sɛ, “Wo ho nhia me!”
22 No, much rather, those members of the body which seem to be weaker are necessary.
Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛ no nka ho mma ɛnyɛ yie.
23 Those parts of the body which we think to be less honorable, on those we bestow more abundant honor; and our unpresentable parts have more abundant modesty,
Akwaa a yɛsusu sɛ ɛnni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yie, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ onipadua ho no nso yɛhwɛ no yie pa ara.
24 while our presentable parts have no such need. But God composed the body together, giving more abundant honor to the inferior part,
Na akwaa a ɛdi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɛkwan bi so akeka onipadua no asisi animu de ahyɛ akwaa a wɔmmuo no animuonyam.
25 that there should be no division in the body, but that the members should have the same care for one another.
Enti nkyekyɛmu biara nni onipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom.
26 When one member suffers, all the members suffer with it. When one member is honored, all the members rejoice with it.
Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigyeɛ ka akwaa a aka no nyinaa.
27 Now you are the body of Messiah, and members individually.
Enti mo nyinaa moyɛ Kristo onipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa.
28 God has set some in the assembly: first emissaries, second prophets, third teachers, then miracle workers, then gifts of healings, helps, governments, and various kinds of languages.
Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Deɛ ɛdi ɛkan, asomafoɔ; deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ; deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; afei wɔn a wɔyɛ anwanwadeɛ ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yadeɛ anaa wɔboa afoforɔ anaa wɔkyerɛ wɔn ɛkwan anaa wɔka kasa foforɔ.
29 Are all emissaries? Are all prophets? Are all teachers? Are all miracle workers?
Wɔn nyinaa nyɛ asomafoɔ anaa adiyifoɔ anaa akyerɛkyerɛfoɔ. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwanwadeɛ
30 Do all have gifts of healings? Do all speak with various languages? Do all interpret?
anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforɔ anaa wɔkyerɛ deɛ wɔka no ase.
31 But earnestly desire the best gifts. Moreover, I show a most excellent way to you.
Monhwehwɛ akyɛdeɛ a ɛbɛboa mo yie akyiri kwan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan foforɔ a ɛyɛ pa ara.

< 1 Corinthians 12 >