< Romans 10 >

1 Brothers, my heart’s desire and my prayer to God is for Israel, that they may be saved.
Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ.
2 For I testify about them that they have a zeal for God, but not according to knowledge.
Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu.
3 For being ignorant of God’s righteousness, and seeking to establish their own righteousness, they didn’t subject themselves to the righteousness of God.
Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.
4 For Messiah is the fulfilment of the law for righteousness to everyone who believes.
Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.
5 For Moses writes about the righteousness of the law, “The one who does them will live by them.”
Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.”
6 But the righteousness which is of faith says this, “Don’t say in your heart, ‘Who will ascend into heaven?’ (that is, to bring Messiah down);
Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”
7 or, ‘Who will descend into the abyss?’ (that is, to bring Messiah up from the dead.)” (Abyssos g12)
Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? (Abyssos g12)
8 But what does it say? “The word is near you, in your mouth and in your heart;” that is, the word of faith which we proclaim:
Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no.
9 that if you will confess with your mouth that Yeshua is Lord and believe in your heart that God raised him from the dead, you will be saved.
Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.
10 For with the heart one believes resulting in righteousness; and with the mouth confession is made resulting in salvation.
Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ.
11 For the Scripture says, “Whoever believes in him will not be disappointed.”
Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.”
12 For there is no distinction between Jew and Greek; for the same Lord is Lord of all, and is rich to all who call on him.
Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no.
13 For, “Whoever will call on the name of the Lord will be saved.”
Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.”
14 How then will they call on him in whom they have not believed? How will they believe in him whom they have not heard? How will they hear without a proclaimer?
Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
15 And how will they proclaim unless they are sent? As it is written: “How beautiful are the feet of those who proclaim the Good News of peace, who bring glad tidings of good things!”
Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”
16 But they didn’t all listen to the glad news. For Isaiah says, “Lord, who has believed our report?”
Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?”
17 So faith comes by hearing, and hearing by the word of God.
Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
18 But I say, didn’t they hear? Yes, most certainly, “Their sound went out into all the earth, their words to the ends of the world.”
Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ: “Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”
19 But I ask, didn’t Israel know? First Moses says, “I will provoke you to jealousy with that which is no nation. I will make you angry with a nation void of understanding.”
Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”
20 Isaiah is very bold and says, “I was found by those who didn’t seek me. I was revealed to those who didn’t ask for me.”
Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”
21 But about Israel he says, “All day long I stretched out my hands to a disobedient and contrary people.”
Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ, “Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”

< Romans 10 >