< Numbers 13 >

1 The LORD spoke to Moses, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “Send men, that they may spy out the land of Canaan, which I give to the children of Israel. Of every tribe of their fathers, you shall send a man, every one a prince amongst them.”
“Soma akwansrafo na wɔnkɔ Kanaan asase so; asase a mede rema Israelfo no. Soma mmusuakuw dumien no mu biara ntuanoni.”
3 Moses sent them from the wilderness of Paran according to the commandment of the LORD. All of them were men who were heads of the children of Israel.
Enti Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumien a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuw ntuanofo fi wɔn atenae wɔ Paran sare so.
4 These were their names: Of the tribe of Reuben, Shammua the son of Zaccur.
Saa mmusuakuw no ne wɔn mpanyimfo no din na edidi so yi: Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;
5 Of the tribe of Simeon, Shaphat the son of Hori.
Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Hori babarima Safat;
6 Of the tribe of Judah, Caleb the son of Jephunneh.
Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;
7 Of the tribe of Issachar, Igal the son of Joseph.
Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;
8 Of the tribe of Ephraim, Hoshea the son of Nun.
Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;
9 Of the tribe of Benjamin, Palti the son of Raphu.
Benyamin abusuakuw no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;
10 Of the tribe of Zebulun, Gaddiel the son of Sodi.
Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;
11 Of the tribe of Joseph, of the tribe of Manasseh, Gaddi the son of Susi.
Manase abusuakuw (a ɛyɛ Yosef abusuakuw no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;
12 Of the tribe of Dan, Ammiel the son of Gemalli.
Dan abusuakuw no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;
13 Of the tribe of Asher, Sethur the son of Michael.
Aser abusuakuw no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;
14 Of the tribe of Naphtali, Nahbi the son of Vophsi.
Naftali abusuakuw no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi;
15 Of the tribe of Gad, Geuel the son of Machi.
Gad abusuakuw no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.
16 These are the names of the men who Moses sent to spy out the land. Moses called Hoshea the son of Nun Joshua.
Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea din Yosua.
17 Moses sent them to spy out the land of Canaan, and said to them, “Go up this way by the South, and go up into the hill country.
Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔw no so.
18 See the land, what it is; and the people who dwell therein, whether they are strong or weak, whether they are few or many;
Monhwɛ sɛnea ɛhɔ asase no te; na monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛw, sɛ wɔdɔɔso anaa wosua.
19 and what the land is that they dwell in, whether it is good or bad; and what cities they are that they dwell in, whether in camps, or in strongholds;
Asasesu bɛn na wɔte so? Eye anaasɛ enye? Nkurowsu bɛn na wɔtete mu? Ɛdeda hɔ petee anaasɛ afasu wowɔ ho?
20 and what the land is, whether it is fertile or poor, whether there is wood therein, or not. Be courageous, and bring some of the fruit of the land.” Now the time was the time of the first-ripe grapes.
Dɔte no te dɛn? Srade wɔ mu anaasɛ ɛyɛ kwaboo? Nnua wɔ so anaasɛ nnua nni so? Mommɔ mmɔden na momfa ɛhɔ nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na wɔretew bobe aba kan.
21 So they went up, and spied out the land from the wilderness of Zin to Rehob, to the entrance of Hamath.
Enti wɔkɔsraa asase no fi Sin sare so kosii Rehob a ɛbɛn Hamat no.
22 They went up by the South, and came to Hebron; and Ahiman, Sheshai, and Talmai, the children of Anak, were there. (Now Hebron was built seven years before Zoan in Egypt.)
Wɔfaa atifi fam kɔfaa Negeb beduu Hebron. Ɛhɔ na wohuu Anak asefo a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kurow dedaw. Wɔkyekyeree saa kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.
23 They came to the valley of Eshcol, and cut down from there a branch with one cluster of grapes, and they bore it on a staff between two. They also brought some of the pomegranates and figs.
Woduu Eskol bon mu no, wotwaa mman a bobe kasiaw wɔ so. Mmarima baanu na wɔworaa no dua soa kaa borɔdɔma aba ho de kɔe.
24 That place was called the valley of Eshcol, because of the cluster which the children of Israel cut down from there.
Saa bere no, Israelfo no too subon hɔ din sɛ “Eskol bon mu” a nkyerɛase ne “Kasiaw,” efisɛ wohuu bobe kasiaw pii wɔ hɔ.
25 They returned from spying out the land at the end of forty days.
Adaduanan akyi no, wofii wɔn akwansra no mu bae.
26 They went and came to Moses, to Aaron, and to all the congregation of the children of Israel, to the wilderness of Paran, to Kadesh; and brought back word to them and to all the congregation. They showed them the fruit of the land.
Wɔkaa nea wokohui nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran sare so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde bae no kyerɛe.
27 They told him, and said, “We came to the land where you sent us. Surely it flows with milk and honey, and this is its fruit.
Asɛm a wɔbɛkae ne sɛ, “Yeduu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na ɛwo ne nufusu sen wɔ so ampa! Ɛso aduaba a yɛde bae ni.
28 However, the people who dwell in the land are strong, and the cities are fortified and very large. Moreover, we saw the children of Anak there.
Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkurow no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yehuu Anak asefo wɔ hɔ mpo.
29 Amalek dwells in the land of the South. The Hittite, the Jebusite, and the Amorite dwell in the hill country. The Canaanite dwells by the sea, and along the side of the Jordan.”
Amalekfo te anafo na Hetifo, Yebusifo ne Amorifo nso tete mmepɔw so. Na Kanaanfo nso tete Ntam Po no ne Yordan subon ho.”
30 Caleb stilled the people before Moses, and said, “Let’s go up at once, and possess it; for we are well able to overcome it!”
Na Kaleb bɔɔ nnipa no ano wɔ Mose anim kae se, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔfa asase no, efisɛ yebetumi adi wɔn so nkonim.”
31 But the men who went up with him said, “We aren’t able to go up against the people; for they are stronger than we.”
Nanso mmarima a wɔne no kɔe no kae se, “Yɛrentumi nkɔtoa saa nnipa yi; wɔn ho yɛ den sen yɛn.”
32 They brought up an evil report of the land which they had spied out to the children of Israel, saying, “The land, through which we have gone to spy it out, is a land that eats up its inhabitants; and all the people who we saw in it are men of great stature.
Na wɔde asɛm a ɛmma akomatɔyam fa asase a wɔkɔsraa so no ho tene faa Israelfo no mu nyinaa. Wose, “Asase a yɛkɔsraa so no sofo no yɛ awudifo nkutoo. Nnipa a yehuu wɔn wɔ hɔ no yɛ abran.
33 There we saw the Nephilim, the sons of Anak, who come from the Nephilim. We were in our own sight as grasshoppers, and so we were in their sight.”
Yehuu Anakfo no bi a efi awo ntoatoaso mu wɔyɛ abran no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ nketekre wɔ yɛn ani so. Na saa ara nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani so.”

< Numbers 13 >