< Matthew 14 >

1 At that time, Herod the tetrarch heard the report concerning Yeshua,
Ɛberɛ no mu ara na Herode a na ɔdi ɔhene wɔ Galilea no tee Yesu nka.
2 and said to his servants, “This is Yochanan the Immerser. He is risen from the dead. That is why these powers work in him.”
Ɔtee Yesu nka no, deɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ ne sɛ, “Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu. Yei enti na wanya tumi foforɔ de reyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”
3 For Herod had arrested Yochanan, bound him, and put him in prison for the sake of Herodias, his brother Philip’s wife.
Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no
4 For Yochanan said to him, “It is not lawful for you to have her.”
sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere.
5 When he would have put him to death, he feared the multitude, because they counted him as a prophet.
Herode pɛɛ sɛ ɔkum Yohane. Nanso na ɔsuro sɛ, sɛ ɔkum no a, basabasa bɛba ɔman no mu. Ɛfiri sɛ, na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.
6 But when Herod’s birthday came, the daughter of Herodias danced amongst them and pleased Herod.
Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ.
7 Therefore he promised with an oath to give her whatever she should ask.
Yei maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ sɛ, ɔmmisa deɛ ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.
8 She, being prompted by her mother, said, “Give me here on a platter the head of Yochanan the Immerser.”
Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.”
9 The king was grieved, but for the sake of his oaths and of those who sat at the table with him, he commanded it to be given,
Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no.
10 and he sent and beheaded Yochanan in the prison.
Herode soma ma wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.
11 His head was brought on a platter and given to the young lady; and she brought it to her mother.
Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame.
12 His disciples came, took the body, and buried it. Then they went and told Yeshua.
Yohane asuafoɔ no bɛfaa nʼamu no kɔsiee no. Yei akyi, wɔkɔbɔɔ Yohane wuo no ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu.
13 Now when Yeshua heard this, he withdrew from there in a boat to a deserted place apart. When the multitudes heard it, they followed him on foot from the cities.
Yesu tee Yohane Osubɔni wuo no, ɔtee ne ho kɔtenaa baabi a obiara nni hɔ. Nnipa tee ne nka maa wɔnam fam firi wɔn nkuro ne wɔn nkuraaseɛ tii no kɔɔ deɛ ɔwɔ hɔ.
14 Yeshua went out, and he saw a great multitude. He had compassion on them and healed their sick.
Yesu firii kodoɔ no mu baa deɛ nnipa no wɔ hɔ no. Ɔhunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Yei ma ɔsaa ayarefoɔ a wɔwɔ wɔn mu no yadeɛ.
15 When evening had come, his disciples came to him, saying, “This place is deserted, and the hour is already late. Send the multitudes away, that they may go into the villages, and buy themselves food.”
Anim rebiribiri no, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ asa awie. Aduane biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kuro biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduane ntɔ nni wɔ nkuro no bi so.”
16 But Yeshua said to them, “They don’t need to go away. You give them something to eat.”
Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduane nni!”
17 They told him, “We only have here five loaves and two fish.”
Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ yɛwɔ nyinaa yɛ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ.”
18 He said, “Bring them here to me.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mmrɛ me.”
19 He commanded the multitudes to sit down on the grass; and he took the five loaves and the two fish, and looking up to heaven, he blessed, broke and gave the loaves to the disciples; and the disciples gave to the multitudes.
Afei, ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. Ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ, hyiraa aduane no so. Afei, ɔbubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
20 They all ate and were filled. They took up twelve baskets full of that which remained left over from the broken pieces.
Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
21 Those who ate were about five thousand men, in addition to women and children.
Mmarima a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnum a mmaa ne mmɔfra nka ho.
22 Immediately Yeshua made the disciples get into the boat and go ahead of him to the other side, while he sent the multitudes away.
Nnipadɔm no didi wieeɛ pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntena kodoɔ no mu nni ɛkan ntwa nkɔ asuogya nohoa na ɔno deɛ, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan.
23 After he had sent the multitudes away, he went up into the mountain by himself to pray. When evening had come, he was there alone.
Ɔgyaa wɔn ɛkwan wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ bi so kɔbɔɔ mpaeɛ. Onwunu dwoeɛ no, na aka Yesu nko ara wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.
24 But the boat was now in the middle of the sea, distressed by the waves, for the wind was contrary.
Saa ɛberɛ no, na kodoɔ a na asuafoɔ no te mu no aduru akyiri. Mframa hyɛɛ aseɛ bɔɔ denden maa ɛpo no bɔɔ asorɔkye dweradweraa kodoɔ no a na asuafoɔ no te mu no.
25 In the fourth watch of the night, Yeshua came to them, walking on the sea.
Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan berɛ mu no, Yesu nam ɛpo no ani baa asuafoɔ no nkyɛn.
26 When the disciples saw him walking on the sea, they were troubled, saying, “It’s a ghost!” and they cried out for fear.
Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi sɛ ɔnam nsuo no ani reba wɔn nkyɛn no wɔsuroeɛ, ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman. Ɛmaa wɔde ehu teateaam.
27 But immediately Yeshua spoke to them, saying, “Cheer up! It is I! Don’t be afraid.”
Ntɛm ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me a. Monnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
28 Peter answered him and said, “Lord, if it is you, command me to come to you on the waters.”
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo deɛ a, ka kyerɛ me, na me nso memfa nsuo no ani mmra wo nkyɛn.”
29 He said, “Come!” Peter stepped down from the boat and walked on the waters to come to Yeshua.
Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Bra!” Petro firii kodoɔ no mu sii nsuo no ani, nantee sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
30 But when he saw that the wind was strong, he was afraid, and beginning to sink, he cried out, saying, “Lord, save me!”
Nanso, ɔhunuu mframa a ɛrebɔ no, ne ho popoeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔremem. Ɔteateaam, frɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, gye me na meremem!”
31 Immediately Yeshua stretched out his hand, took hold of him, and said to him, “You of little faith, why did you doubt?”
Ɛhɔ ara, Yesu tenee ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Wo a wo gyidie sua, adɛn na wonnye me nnie?”
32 When they got up into the boat, the wind ceased.
Yesu ne Petro kɔtenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee bɔ.
33 Those who were in the boat came and worshipped him, saying, “You are truly the Son of God!”
Asuafoɔ a wɔwɔ kodoɔ no mu no de ahodwirie bɛkotoo Yesu kaa sɛ, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
34 When they had crossed over, they came to the land of Gennesaret.
Wɔtwaa asuo no baa Genesaret.
35 When the people of that place recognised him, they sent into all that surrounding region and brought to him all who were sick;
Yesu duruu hɔ no, ankyɛre na nkuro a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no.
36 and they begged him that they might just touch the fringe of his garment. As many as touched it were made whole.
Ayarefoɔ no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.

< Matthew 14 >