< Luke 24 >

1 But on the first day of the week, at early dawn, they and some others came to the tomb, bringing the spices which they had prepared.
Kwasiada anɔpahema, mmaa no de nnuhwam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
2 They found the stone rolled away from the tomb.
Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ wɔapire ɛboɔ a wɔde hinii ɔboda no ano no afiri hɔ.
3 They entered in, and didn’t find the Lord Yeshua’s body.
Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no, na Yesu amu no nna hɔ.
4 While they were greatly perplexed about this, behold, two men stood by them in dazzling clothing.
Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn.
5 Becoming terrified, they bowed their faces down to the earth. The men said to them, “Why do you seek the living amongst the dead?
Mmaa yi akoma tuiɛ na wɔkotokotoo wɔn na mmarima no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na morehwehwɛ ɔteasefoɔ wɔ awufoɔ mu?
6 He isn’t here, but is risen. Remember what he told you when he was still in Galilee,
Ɔnni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na ɔwɔ Galilea no sɛ,
7 saying that the Son of Man must be delivered up into the hands of sinful men and be crucified, and the third day rise again?”
‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’”
8 They remembered his words,
Mmaa no kaee asɛm no no,
9 returned from the tomb, and told all these things to the Eleven and to all the rest.
wɔde ahoɔherɛ firii ɔboda no so bɛkaa deɛ wɔhunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ asuafoɔ dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
10 Now they were Miriam Magdalene, Yochanah, and Miriam the mother of Jacob. The other women with them told these things to the emissaries.
Mmaa a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi no ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo maame Maria ne afoforɔ bi.
11 These words seemed to them to be nonsense, and they didn’t believe them.
Wɔn nsɛm a wɔbɛkaeɛ no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi enti, wɔannye anni.
12 But Peter got up and ran to the tomb. Stooping and looking in, he saw the strips of linen lying by themselves, and he departed to his home, wondering what had happened.
Ɛwom sɛ nnipa no annye asɛm no anni deɛ, nanso Petro deɛ, ɔtuu mmirika kɔɔ ɔboda no so, koto hwɛɛ mu, hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsane baa efie a na ɔnte deɛ ɔhunuiɛ no ase.
13 Behold, two of them were going that very day to a village named Emmaus, which was sixty stadia from Jerusalem.
Ɛda no ara asuafoɔ no mu baanu siim sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansini nson.
14 They talked with each other about all of these things which had happened.
Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
15 While they talked and questioned together, Yeshua himself came near, and went with them.
Wɔgu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnyeɛ no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔeɛ.
16 But their eyes were kept from recognising him.
Wɔhunuu sɛ obi ka wɔn ho deɛ, nanso wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.
17 He said to them, “What are you talking about as you walk, and are sad?”
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ aho mo ho yi?”
18 One of them, named Klofah, answered him, “Are you the only stranger in Jerusalem who doesn’t know the things which have happened there in these days?”
Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no sɛ, “Wo nko ara ne ɔhɔhoɔ a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi hɔ nnansa yi no?”
19 He said to them, “What things?” They said to him, “The things concerning Yeshua the Nazarene, who was a prophet mighty in deed and word before God and all the people;
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
20 and how the chief priests and our rulers delivered him up to be condemned to death, and crucified him.
ne sɛdeɛ asɔfoɔ mpanin ne yɛn mpanimfoɔ kyeree no de no kɔɔ aban mu sɛ wɔmmu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho.
21 But we were hoping that it was he who would redeem Israel. Yes, and besides all this, it is now the third day since these things happened.
Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ.
22 Also, certain women of our company amazed us, having arrived early at the tomb;
Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara,
23 and when they didn’t find his body, they came saying that they had also seen a vision of angels, who said that he was alive.
nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase.
24 Some of us went to the tomb and found it just like the women had said, but they didn’t see him.”
Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.”
25 He said to them, “Foolish people, and slow of heart to believe in all that the prophets have spoken!
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi.
26 Didn’t the Messiah have to suffer these things and to enter into his glory?”
Wɔanhyɛ ho nkɔm sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane ansa na wakɔ nʼanimuonyam mu anaa?”
27 Beginning from Moses and from all the prophets, he explained to them in all the Scriptures the things concerning himself.
Na ɔfirii Mose ne adiyifoɔ no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Atwerɛsɛm no mu no nyinaa ase.
28 They came near to the village where they were going, and he acted like he would go further.
Wɔduruu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantuo no so.
29 They urged him, saying, “Stay with us, for it is almost evening, and the day is almost over.” He went in to stay with them.
Nanso, wɔsrɛɛ no, sanee no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, na adeɛ reyɛ asa enti, ɔsane ne wɔn kɔɔ efie.
30 When he had sat down at the table with them, he took the bread and gave thanks. Breaking it, he gave it to them.
Ɛberɛ a wɔte adidiiɛ no, Yesu bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase, faa burodo bubuu mu de maa wɔn.
31 Their eyes were opened and they recognised him; then he vanished out of their sight.
Amonom, wɔn ani so tetee wɔn maa afei wɔhunuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara, ɔtu yeraeɛ.
32 They said to one another, “Weren’t our hearts burning within us while he spoke to us along the way, and while he opened the Scriptures to us?”
Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no.
33 They rose up that very hour, returned to Jerusalem, and found the eleven gathered together, and those who were with them,
Ntɛm ara, wɔsane wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafoɔ dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
34 saying, “The Lord is risen indeed, and has appeared to Simon!”
Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ, “Ampa ara, Awurade asɔre afiri awufoɔ mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
35 They related the things that happened along the way, and how he was recognised by them in the breaking of the bread.
Baanu a wɔfiri Emaus baeɛ no nso bɔɔ wɔn amaneɛ, sɛdeɛ Yesu bɛtoo wɔn Emaus ɛkwan so na wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno kɔsii ɛberɛ a ɔbubuu burodo mu de maa wɔn no ansa.
36 As they said these things, Yeshua himself stood amongst them, and said to them, “Peace be to you.”
Wɔgu so rebɔ amaneɛ no, prɛko pɛ, Yesu bɛpuee hɔ, kyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!”
37 But they were terrified and filled with fear, and supposed that they had seen a spirit.
Wɔn nyinaa bobɔɔ birim, suroeɛ ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ wɔahunu ɔsaman.
38 He said to them, “Why are you troubled? Why do doubts arise in your hearts?
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na mo akoma atutu na monnye nni nso sɛ ɛyɛ me a?
39 See my hands and my feet, that it is truly me. Touch me and see, for a spirit doesn’t have flesh and bones, as you see that I have.”
Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.”
40 When he had said this, he showed them his hands and his feet.
Ɔkasa wieeɛ no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
41 While they still didn’t believe for joy, and wondered, he said to them, “Do you have anything here to eat?”
Anigyetrasoɔ ne ahodwirie enti, amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mowɔ biribi wɔ ha a mobɛdi anaa?”
42 They gave him a piece of a broiled fish and some honeycomb.
Wɔmaa no apataa sini bi a wɔatoto
43 He took them, and ate in front of them.
ma ɔgye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
44 He said to them, “This is what I told you while I was still with you, that all things which are written in the Torah of Moses, the Prophets, and the Psalms concerning me must be fulfilled.”
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo ɛberɛ a na me ne mo wɔ hɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifoɔ nwoma ne Nnwom mu no ba mu.”
45 Then he opened their minds, that they might understand the Scriptures.
Afei, ɔbuee wɔn adwene mu ma wɔtee Atwerɛsɛm a ɛfa ne ho no ase.
46 He said to them, “Thus it is written, and thus it was necessary for the Messiah to suffer and to rise from the dead the third day,
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane na ɔwu na ne nnansa so, wasɔre afiri awufoɔ mu.
47 and that repentance and remission of sins should be preached in his name to all the nations, beginning at Jerusalem.
Na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakyera ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
48 You are witnesses of these things.
Mone yeinom nyinaa ho adansefoɔ.
49 Behold, I send out the promise of my Father on you. But wait in the city of Jerusalem until you are clothed with power from on high.”
Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛdeɛ mʼAgya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkɔsi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a ɛfiri ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
50 He led them out as far as Bethany, and he lifted up his hands and blessed them.
Yesu ne asuafoɔ no bɔɔ anan kɔduruu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
51 While he blessed them, he withdrew from them and was carried up into heaven.
Ɔgu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
52 They worshipped him and returned to Jerusalem with great joy,
Na wɔsɔree no de anigyeɛ sane kɔɔ Yerusalem.
53 and were continually in the temple, praising and blessing God. Amen.
Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.

< Luke 24 >