< Jeremiah 17 >

1 “The sin of Judah is written with a pen of iron, and with the point of a diamond. It is engraved on the tablet of their heart, and on the horns of your altars.
“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne, dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo, wɔ wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so.
2 Even their children remember their altars and their Asherah poles by the green trees on the high hills.
Mpo, wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne Asera nnua a ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛn ne nkoko atenten no so.
3 My mountain in the field, I will give your substance and all your treasures for a plunder, and your high places, because of sin, throughout all your borders.
Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so, mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaa mede bɛma sɛ asade, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, esiane mo man no so bɔne nti.
4 You, even of yourself, will discontinue from your heritage that I gave you. I will cause you to serve your enemies in the land which you don’t know, for you have kindled a fire in my anger which will burn forever.”
Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere agyapade a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo wɔ asase a munnim so so, efisɛ moahwanyan mʼabufuw, na ɛbɛtena hɔ daa.”
5 The LORD says: “Cursed is the man who trusts in man, relies on strength of flesh, and whose heart departs from the LORD.
Sɛɛ na Awurade se, “Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so, nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na ne koma dan fi Awurade ho.
6 For he will be like a bush in the desert, and will not see when good comes, but will inhabit the parched places in the wilderness, an uninhabited salt land.
Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiyedi ba a ɔrenhu, ɔbɛtena nweatam a awo so, ne nkyene asase a obi nte so so.
7 “Blessed is the man who trusts in the LORD, and whose confidence is in the LORD.
“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidaso wɔ ne mu.
8 For he will be as a tree planted by the waters, who spreads out its roots by the river, and will not fear when heat comes, but its leaf will be green, and will not be concerned in the year of drought. It won’t cease from yielding fruit.
Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho na ne ntin teɛ kɔ asu no mu. Sɛ ahuhuru ba a onsuro; ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa. Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ mu na ɛkɔ so sow aba daa.”
9 The heart is deceitful above all things and it is exceedingly corrupt. Who can know it?
Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa na ano nni aduru. Hena na ɔbɛte nʼase?
10 “I, the LORD, search the mind. I try the heart, even to give every man according to his ways, according to the fruit of his doings.”
“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te, ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”
11 As the partridge that sits on eggs which she has not laid, so is he who gets riches, and not by right. In the middle of his days, they will leave him. At his end, he will be a fool.
Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no, saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te. Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu, na awiei no, ne kwasea bɛda adi.
12 A glorious throne, set on high from the beginning, is the place of our sanctuary.
Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no, ne yɛn kronkronbea.
13 LORD, the hope of Israel, all who forsake you will be disappointed. Those who depart from me will be written in the earth, because they have forsaken the LORD, the spring of living waters.
Awurade, woyɛ Israel anidaso, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔn efisɛ wɔagyaw Awurade a ɔyɛ nkwa asuti no.
14 Heal me, O LORD, and I will be healed. Save me, and I will be saved; for you are my praise.
Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na menya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
15 Behold, they ask me, “Where is the LORD’s word? Let it be fulfilled now.”
Wobisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu mprempren!”
16 As for me, I have not hurried from being a shepherd after you. I haven’t desired the woeful day. You know. That which came out of my lips was before your face.
Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho; wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da. Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
17 Don’t be a terror to me. You are my refuge in the day of evil.
Nhunahuna me; wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.
18 Let them be disappointed who persecute me, but don’t let me be disappointed. Let them be dismayed, but don’t let me be dismayed. Bring on them the day of evil, and destroy them with double destruction.
Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase, na yi me fi ahohora mu. Ma wɔmmɔ hu, nanso mma me koma ntu. Ma amanehunu da no mmra wɔn so; fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
19 The LORD said this to me: “Go and stand in the gate of the children of the people, through which the kings of Judah come in and by which they go out, and in all the gates of Jerusalem.
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano.
20 Tell them, ‘Hear the LORD’s word, you kings of Judah, all Judah, and all the inhabitants of Jerusalem, that enter in by these gates:
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu.
21 The LORD says, “Be careful, and bear no burden on the Sabbath day, nor bring it in by the gates of Jerusalem.
Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu.
22 Don’t carry a burden out of your houses on the Sabbath day. Don’t do any work, but make the Sabbath day holy, as I commanded your fathers.
Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.
23 But they didn’t listen. They didn’t turn their ear, but made their neck stiff, that they might not hear, and might not receive instruction.
Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso.
24 It will happen, if you diligently listen to me,” says the LORD, “to bring in no burden through the gates of this city on the Sabbath day, but to make the Sabbath day holy, to do no work therein;
Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
25 then there will enter in by the gates of this city kings and princes sitting on David’s throne, riding in chariots and on horses, they and their princes, the men of Judah and the inhabitants of Jerusalem; and this city will remain forever.
ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
26 They will come from the cities of Judah, and from the places around Jerusalem, from the land of Benjamin, from the lowland, from the hill country, and from the South, bringing burnt offerings, sacrifices, meal offerings, and frankincense, and bringing sacrifices of thanksgiving to the LORD’s house.
Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.
27 But if you will not listen to me to make the Sabbath day holy, and not to bear a burden and enter in at the gates of Jerusalem on the Sabbath day, then I will kindle a fire in its gates, and it will devour the palaces of Jerusalem. It will not be quenched.”’”
Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’”

< Jeremiah 17 >