< 2 Samuel 13 >

1 After this, Absalom the son of David had a beautiful sister, whose name was Tamar; and Amnon the son of David loved her.
Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabea bi a na ne ho yɛ fɛ yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
2 Amnon was so troubled that he became sick because of his sister Tamar, for she was a virgin, and it seemed hard to Amnon to do anything to her.
Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.
3 But Amnon had a friend whose name was Jonadab the son of Shimeah, David’s brother; and Jonadab was a very subtle man.
Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.
4 He said to him, “Why, son of the king, are you so sad from day to day? Won’t you tell me?” Amnon said to him, “I love Tamar, my brother Absalom’s sister.”
Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”
5 Jonadab said to him, “Lay down on your bed and pretend to be sick. When your father comes to see you, tell him, ‘Please let my sister Tamar come and give me bread to eat, and prepare the food in my sight, that I may see it and eat it from her hand.’”
Yonadab kae se, “Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛnea woyare no. Sɛ wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, sɛ ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo.”
6 So Amnon lay down and faked being sick. When the king came to see him, Amnon said to the king, “Please let my sister Tamar come and make me a couple of cakes in my sight, that I may eat from her hand.”
Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni.”
7 Then David sent home to Tamar, saying, “Go now to your brother Amnon’s house, and prepare food for him.”
Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.
8 So Tamar went to her brother Amnon’s house; and he was lying down. She took dough, kneaded it, made cakes in his sight, and baked the cakes.
Bere a Tamar duu Amnon fi hɔ no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea sɛ Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no.
9 She took the pan and poured them out before him, but he refused to eat. Amnon said, “Have all men leave me.” Then every man went out from him.
Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ sɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ hɔ no se, “Obiara mfi ha nkɔ!” Enti wɔn nyinaa kɔe.
10 Amnon said to Tamar, “Bring the food into the room, that I may eat from your hand.” Tamar took the cakes which she had made, and brought them into the room to Amnon her brother.
Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti Tamar maa so de kɔɔ hɔ.
11 When she had brought them near to him to eat, he took hold of her and said to her, “Come, lie with me, my sister!”
Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, “Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo.”
12 She answered him, “No, my brother, do not force me! For no such thing ought to be done in Israel. Don’t you do this folly!
Na Tamar teɛɛ mu se, “Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse wɔ Israel.
13 As for me, where would I carry my shame? And as for you, you will be as one of the fools in Israel. Now therefore, please speak to the king; for he will not withhold me from you.”
Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”
14 However, he would not listen to her voice; but being stronger than she, he forced her and lay with her.
Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.
15 Then Amnon hated her with exceedingly great hatred; for the hatred with which he hated her was greater than the love with which he had loved her. Amnon said to her, “Arise, be gone!”
Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, “Fi ha kɔ ntɛm!”
16 She said to him, “Not so, because this great wrong in sending me away is worse than the other that you did to me!” But he would not listen to her.
Tamar nso teɛteɛɛ mu se, “Dabi da. Sɛ worepam me afi ha mprempren no yɛ bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no.” Nanso Amnon ampɛ sɛ obetie no.
17 Then he called his servant who ministered to him, and said, “Now put this woman out from me, and bolt the door after her.”
Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, “Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!”
18 She had a garment of various colours on her, for the king’s daughters who were virgins dressed in such robes. Then his servant brought her out and bolted the door after her.
Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no.
19 Tamar put ashes on her head, and tore her garment of various colours that was on her; and she laid her hand on her head and went her way, crying aloud as she went.
Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.
20 Absalom her brother said to her, “Has Amnon your brother been with you? But now hold your peace, my sister. He is your brother. Don’t take this thing to heart.” So Tamar remained desolate in her brother Absalom’s house.
Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.
21 But when King David heard of all these things, he was very angry.
Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye.
22 Absalom spoke to Amnon neither good nor bad; for Absalom hated Amnon, because he had forced his sister Tamar.
Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.
23 After two full years, Absalom had sheep shearers in Baal Hazor, which is beside Ephraim; and Absalom invited all the king’s sons.
Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.
24 Absalom came to the king and said, “See now, your servant has sheep shearers. Please let the king and his servants go with your servant.”
Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?”
25 The king said to Absalom, “No, my son, let’s not all go, lest we be burdensome to you.” He pressed him; however he would not go, but blessed him.
Ɔhene buae se, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwɔ mu sɛ Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene sɛ ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.
26 Then Absalom said, “If not, please let my brother Amnon go with us.” The king said to him, “Why should he go with you?”
Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?”
27 But Absalom pressed him, and he let Amnon and all the king’s sons go with him.
Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
28 Absalom commanded his servants, saying, “Mark now, when Amnon’s heart is merry with wine; and when I tell you, ‘Strike Amnon,’ then kill him. Don’t be afraid. Haven’t I commanded you? Be courageous, and be valiant!”
Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.”
29 The servants of Absalom did to Amnon as Absalom had commanded. Then all the king’s sons arose, and every man got up on his mule and fled.
Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.
30 While they were on the way, the news came to David, saying, “Absalom has slain all the king’s sons, and there is not one of them left!”
Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, “Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”
31 Then the king arose, and tore his garments, and lay on the earth; and all his servants stood by with their clothes torn.
Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.
32 Jonadab the son of Shimeah, David’s brother, answered, “Don’t let my lord suppose that they have killed all the young men, the king’s sons, for Amnon only is dead; for by the appointment of Absalom this has been determined from the day that he forced his sister Tamar.
Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.
33 Now therefore don’t let my lord the king take the thing to his heart, to think that all the king’s sons are dead; for only Amnon is dead.”
Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
34 But Absalom fled. The young man who kept the watch lifted up his eyes and looked, and behold, many people were coming by way of the hillside behind him.
Saa bere no, na Absalom aguan. Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
35 Jonadab said to the king, “Behold, the king’s sons are coming! It is as your servant said.”
Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no.”
36 As soon as he had finished speaking, behold, the king’s sons came, and lifted up their voices and wept. The king also and all his servants wept bitterly.
Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.
37 But Absalom fled and went to Talmai the son of Ammihur, king of Geshur. David mourned for his son every day.
Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
38 So Absalom fled and went to Geshur, and was there three years.
Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfe abiɛsa.
39 King David longed to go out to Absalom, for he was comforted concerning Amnon, since he was dead.
Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom san ka bɔ mu.

< 2 Samuel 13 >