< 1 Thessalonians 4 >

1 Finally then, brothers, we beg and exhort you in the Lord Yeshua, that as you received from us how you ought to walk and to please God, that you abound more and more.
Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no so.
2 For you know what instructions we gave you through the Lord Yeshua.
Munim nkyerɛkyerɛ a esiane Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo.
3 For this is the will of God: your sanctification, that you abstain from sexual immorality,
Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho.
4 that each one of you know how to control his own body in sanctification and honour,
Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena wɔ kronkronyɛ ne anuonyam mu.
5 not in the passion of lust, even as the Gentiles who don’t know God,
Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no.
6 that no one should take advantage of and wrong a brother or sister in this matter; because the Lord is an avenger in all these things, as also we forewarned you and testified.
Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko, efisɛ sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso denneennen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no.
7 For God called us not for uncleanness, but in sanctification.
Onyankopɔn amfrɛ yɛn se yɛmmɛbɔ aguaman, na mmom ɔfrɛɛ yɛn se yɛntena ase ahotew mu.
8 Therefore he who rejects this doesn’t reject man, but God, who has also given his Holy Spirit to you.
Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo saa nkyerɛkyerɛ yi no mpo onipa, na mmom ɔpo Onyankopɔn a ɔma mo ne Honhom Kronkron no.
9 But concerning brotherly love, you have no need that one write to you. For you yourselves are taught by God to love one another,
Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho.
10 for indeed you do it towards all the brothers who are in all Macedonia. But we exhort you, brothers, that you abound more and more;
Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa.
11 and that you make it your ambition to lead a quiet life, and to do your own business, and to work with your own hands, even as we instructed you,
Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no.
12 that you may walk properly towards those who are outside, and may have need of nothing.
Sɛ moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.
13 But we don’t want you to be ignorant, brothers, concerning those who have fallen asleep, so that you don’t grieve like the rest, who have no hope.
Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no.
14 For if we believe that Yeshua died and rose again, even so God will bring with him those who have fallen asleep in Yeshua.
Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba.
15 For this we tell you by the word of the Lord, that we who are alive, who are left until the coming of the Lord, will in no way precede those who have fallen asleep.
Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne se, da a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan.
16 For the Lord himself will descend from heaven with a shout, with the voice of the archangel and with God’s shofar. The dead in Messiah will rise first,
Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfo panyin nteɛmu ne Onyankopɔn torobɛnto nnyigye fi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan,
17 then we who are alive, who are left, will be caught up together with them in the clouds to meet the Lord in the air. So we will be with the Lord forever.
na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.
18 Therefore comfort one another with these words.
Enti momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.

< 1 Thessalonians 4 >