< Matthew 2 >

1 Now when Jesus was born in Bethlehem of Judea in the days of King Herod, behold, wise men from the east came to Jerusalem, saying,
Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
2 “Where is he who is born King of the Jews? For we saw his star in the east, and have come to worship him.”
Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
3 When King Herod heard it, he was troubled, and all Jerusalem with him.
Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene.
4 Gathering together all the chief priests and scribes of the people, he asked them where the Christ would be born.
Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”
5 They said to him, “In Bethlehem of Judea, for this is written through the prophet,
Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:
6 ‘You Bethlehem, land of Judah, are in no way least among the princes of Judah; for out of you shall come a governor who shall shepherd my people, Israel.’”
“‘Ao kuro Betlehem, wo a wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu, wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi me ɔman Israel anim afiri.’”
7 Then Herod secretly called the wise men, and learned from them exactly what time the star appeared.
Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
8 He sent them to Bethlehem, and said, “Go and search diligently for the young child. When you have found him, bring me word, so that I also may come and worship him.”
“Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
9 They, having heard the king, went their way; and behold, the star, which they saw in the east, went before them until it came and stood over where the young child was.
Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ.
10 When they saw the star, they rejoiced with exceedingly great joy.
Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso.
11 They came into the house and saw the young child with Mary, his mother, and they fell down and worshiped him. Opening their treasures, they offered to him gifts: gold, frankincense, and myrrh.
Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.
12 Being warned in a dream not to return to Herod, they went back to their own country another way.
Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
13 Now when they had departed, behold, an angel of the Lord appeared to Joseph in a dream, saying, “Arise and take the young child and his mother, and flee into Egypt, and stay there until I tell you, for Herod will seek the young child to destroy him.”
Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”
14 He arose and took the young child and his mother by night and departed into Egypt,
Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim,
15 and was there until the death of Herod, that it might be fulfilled which was spoken by the Lord through the prophet, saying, “Out of Egypt I called my son.”
na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
16 Then Herod, when he saw that he was mocked by the wise men, was exceedingly angry, and sent out and killed all the male children who were in Bethlehem and in all the surrounding countryside, from two years old and under, according to the exact time which he had learned from the wise men.
Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no.
17 Then that which was spoken by Jeremiah the prophet was fulfilled, saying,
Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ,
18 “A voice was heard in Ramah, lamentation, weeping and great mourning, Rachel weeping for her children; she wouldn’t be comforted, because they are no more.”
“Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.
19 But when Herod was dead, behold, an angel of the Lord appeared in a dream to Joseph in Egypt, saying,
Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ,
20 “Arise and take the young child and his mother, and go into the land of Israel, for those who sought the young child’s life are dead.”
“Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.”
21 He arose and took the young child and his mother, and came into the land of Israel.
Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio.
22 But when he heard that Archelaus was reigning over Judea in the place of his father, Herod, he was afraid to go there. Being warned in a dream, he withdrew into the region of Galilee,
Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.
23 and came and lived in a city called Nazareth; that it might be fulfilled which was spoken through the prophets that he will be called a Nazarene.
Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

< Matthew 2 >