< John 15 >

1 “I am the true vine, and my Father is the farmer.
“Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no.
2 Every branch in me that doesn’t bear fruit, he takes away. Every branch that bears fruit, he prunes, that it may bear more fruit.
Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree.
3 You are already pruned clean because of the word which I have spoken to you.
Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada.
4 Remain in me, and I in you. As the branch can’t bear fruit by itself unless it remains in the vine, so neither can you, unless you remain in me.
Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.
5 I am the vine. You are the branches. He who remains in me and I in him bears much fruit, for apart from me you can do nothing.
“Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
6 If a man doesn’t remain in me, he is thrown out as a branch and is withered; and they gather them, throw them into the fire, and they are burned.
Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye.
7 If you remain in me, and my words remain in you, you will ask whatever you desire, and it will be done for you.
Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnneɛ biribiara a mopɛ a mobɛbisa no, wɔde bɛma mo.
8 “In this my Father is glorified, that you bear much fruit; and so you will be my disciples.
Wɔn a wɔyɛ mʼasuafoɔ nokorɛ mu no so aba bebree de hyɛ mʼAgya animuonyam.
9 Even as the Father has loved me, I also have loved you. Remain in my love.
“Sɛdeɛ Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
10 If you keep my commandments, you will remain in my love, even as I have kept my Father’s commandments and remain in his love.
Sɛ modi mʼahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi mʼAgya ahyɛdeɛ so na ɛno enti ɔda so dɔ me no.
11 I have spoken these things to you, that my joy may remain in you, and that your joy may be made full.
Maka yeinom nyinaa akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya mʼanigyeɛ no bi na ama mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
12 “This is my commandment, that you love one another, even as I have loved you.
Mʼahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.
13 Greater love has no one than this, that someone lay down his life for his friends.
Ɔdɔ biara nsene sɛ obi bɛwu ama ne nnamfonom.
14 You are my friends if you do whatever I command you.
Sɛ modi deɛ mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom.
15 No longer do I call you servants, for the servant doesn’t know what his lord does. But I have called you friends, for everything that I heard from my Father, I have made known to you.
Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
16 You didn’t choose me, but I chose you and appointed you, that you should go and bear fruit, and that your fruit should remain; that whatever you will ask of the Father in my name, he may give it to you.
Ɛnyɛ mo na moyii me; me na meyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monso aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bɛbisa Agya no no, ɔde bɛma mo.
17 “I command these things to you, that you may love one another.
Yei na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.
18 If the world hates you, you know that it has hated me before it hated you.
“Sɛ ewiase tane mo a, monkae sɛ me na ɛtanee me kane ansa na ɛretane mo.
19 If you were of the world, the world would love its own. But because you are not of the world, since I chose you out of the world, therefore the world hates you.
Sɛ mote ase ma ewiase a, ɛnneɛ ewiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso, meyii mo firii ewiasefoɔ mu, ɛno enti, monyɛ ewiasefoɔ bio; yei enti na ewiasefoɔ tan mo no.
20 Remember the word that I said to you: ‘A servant is not greater than his lord.’ If they persecuted me, they will also persecute you. If they kept my word, they will also keep yours.
Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsene ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wɔtie mʼasɛm a meka no a, mo nso, wɔbɛtie mo.
21 But they will do all these things to you for my name’s sake, because they don’t know him who sent me.
Esiane sɛ moyɛ me dea enti na wɔbɛtaa mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
22 If I had not come and spoken to them, they would not have had sin; but now they have no excuse for their sin.
Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei deɛ wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.
23 He who hates me, hates my Father also.
Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
24 If I hadn’t done among them the works which no one else did, they wouldn’t have had sin. But now they have seen and also hated both me and my Father.
Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahunu deɛ meyɛeɛ, nso wɔtan me ne mʼAgya.
25 But this happened so that the word may be fulfilled which was written in their law, ‘They hated me without a cause.’
Ɛsɛ sɛ yei ba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka sɛ, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
26 “When the Counselor has come, whom I will send to you from the Father, the Spirit of truth, who proceeds from the Father, he will testify about me.
“Mɛsoma ɔboafoɔ a ɔyɛ nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabɛdi me ho adanseɛ akyerɛ mo.
27 You will also testify, because you have been with me from the beginning.
Na mo nso mobɛdi me ho adanseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ pɛɛ.”

< John 15 >