< Jeremiah 10 >

1 Hear the word which Yahweh speaks to you, house of Israel!
Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi.
2 Yahweh says, “Don’t learn the way of the nations, and don’t be dismayed at the signs of the sky; for the nations are dismayed at them.
Sɛɛ na Awurade se: “Munnsua amanaman no akwan anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.
3 For the customs of the peoples are vanity; for one cuts a tree out of the forest, the work of the hands of the workman with the ax.
Na nkurɔfo no amanne nka hwee; wotwa dua fi kwae mu, na odwumfo de ne fitii asen.
4 They deck it with silver and with gold. They fasten it with nails and with hammers, so that it can’t move.
Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ sɛnea ɛrenhwe fam.
5 They are like a palm tree, of turned work, and don’t speak. They must be carried, because they can’t move. Don’t be afraid of them; for they can’t do evil, neither is it in them to do good.”
Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn efisɛ wontumi nnantew. Munnsuro wɔn; wɔrentumi nhaw mo na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”
6 There is no one like you, Yahweh. You are great, and your name is great in might.
Obiara nte sɛ wo, Awurade; woyɛ ɔkɛse na wo din so wɔ tumi mu.
7 Who shouldn’t fear you, King of the nations? For it belongs to you. Because among all the wise men of the nations, and in all their royal estate, there is no one like you.
Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni, Amansanhene? Eyi na ɛfata wo. Amanaman no so anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ.
8 But they are together brutish and foolish, instructed by idols! It is just wood.
Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo; dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
9 There is silver beaten into plates, which is brought from Tarshish, and gold from Uphaz, the work of the engraver and of the hands of the goldsmith. Their clothing is blue and purple. They are all the work of skillful men.
Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba. Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no, ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.
10 But Yahweh is the true God. He is the living God, and an everlasting King. At his wrath, the earth trembles. The nations aren’t able to withstand his indignation.
Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no. Sɛ ne bo fuw a asase wosow; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.
11 “You shall say this to them: ‘The gods that have not made the heavens and the earth will perish from the earth, and from under the heavens.’”
“Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’”
12 God has made the earth by his power. He has established the world by his wisdom, and by his understanding has he stretched out the heavens.
Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
13 When he utters his voice, the waters in the heavens roar, and he causes the vapors to ascend from the ends of the earth. He makes lightnings for the rain, and brings the wind out of his treasuries.
Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu; ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano. Ɔde anyinam ka osu ho ba, na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.
14 Every man has become brutish and without knowledge. Every goldsmith is disappointed by his engraved image; for his molten image is falsehood, and there is no breath in them.
Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
15 They are vanity, a work of delusion. In the time of their visitation they will perish.
Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew; sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
16 The portion of Jacob is not like these; for he is the maker of all things; and Israel is the tribe of his inheritance. Yahweh of Armies is his name.
Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom, efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din.
17 Gather up your wares out of the land, you who live under siege.
Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so, mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu.
18 For Yahweh says, “Behold, I will sling out the inhabitants of the land at this time, and will distress them, that they may feel it.”
Na sɛɛ na Awurade se: “Saa bere yi mɛtow wɔn a wɔtete asase yi so agu; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”
19 Woe is me because of my injury! My wound is serious; but I said, “Truly this is my grief, and I must bear it.”
Me pira yi nti minnue, mʼapirakuru yɛ akisikuru! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”
20 My tent has been destroyed, and all my cords are broken. My children have gone away from me, and they are no more. There is no one to spread my tent any more, to set up my curtains.
Wɔasɛe me ntamadan; wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio; anka obiara a obesi me ntamadan anaa obesiesie me suhyɛ.
21 For the shepherds have become brutish, and have not inquired of Yahweh. Therefore they have not prospered, and all their flocks have scattered.
Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo wommisa Awurade akyi kwan; ɛno nti wɔnkɔ so na wɔn nguankuw no abɔ ahwete.
22 The voice of news, behold, it comes, and a great commotion out of the north country, to make the cities of Judah a desolation, a dwelling place of jackals.
Muntie! Amanneɛ no reba, basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan, na ayɛ sakraman atu.
23 Yahweh, I know that the way of man is not in himself. It is not in man who walks to direct his steps.
Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.
24 Yahweh, correct me, but gently; not in your anger, lest you reduce me to nothing.
Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu, mfi wʼabufuw mu nyɛ; anyɛ saa a wobɛdwerɛw me.
25 Pour out your wrath on the nations that don’t know you, and on the families that don’t call on your name; for they have devoured Jacob. Yes, they have devoured him, consumed him, and have laid waste his habitation.
Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Efisɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.

< Jeremiah 10 >