+ Genesis 1 >

1 In the beginning, God created the heavens and the earth.
Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.
2 The earth was formless and empty. Darkness was on the surface of the deep and God’s Spirit was hovering over the surface of the waters.
Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.
3 God said, “Let there be light,” and there was light.
Onyankopɔn hyɛɛ sɛ, ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann.
4 God saw the light, and saw that it was good. God divided the light from the darkness.
Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho.
5 God called the light “day”, and the darkness he called “night”. There was evening and there was morning, the first day.
Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no.
6 God said, “Let there be an expanse in the middle of the waters, and let it divide the waters from the waters.”
Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.”
7 God made the expanse, and divided the waters which were under the expanse from the waters which were above the expanse; and it was so.
Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa.
8 God called the expanse “sky”. There was evening and there was morning, a second day.
Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no edin ewiem. Na esum duruiɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ; yei ne ɛda a ɛtɔ so mmienu.
9 God said, “Let the waters under the sky be gathered together to one place, and let the dry land appear;” and it was so.
Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa.
10 God called the dry land “earth”, and the gathering together of the waters he called “seas”. God saw that it was good.
Onyankopɔn too beaeɛ kesee no edin asase. Ɛnna nsuo a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no edin ɛpo. Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
11 God said, “Let the earth yield grass, herbs yielding seeds, and fruit trees bearing fruit after their kind, with their seeds in it, on the earth;” and it was so.
Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Afifideɛ mfifiri asase so; afifideɛ a ɛso aba, nnuaba ahodoɔ a ɛso aba ne deɛ, nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifiri asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
12 The earth yielded grass, herbs yielding seed after their kind, and trees bearing fruit, with their seeds in it, after their kind; and God saw that it was good.
Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.
13 There was evening and there was morning, a third day.
Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa.
14 God said, “Let there be lights in the expanse of the sky to divide the day from the night; and let them be for signs to mark seasons, days, and years;
Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ
15 and let them be for lights in the expanse of the sky to give light on the earth;” and it was so.
na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
16 God made the two great lights: the greater light to rule the day, and the lesser light to rule the night. He also made the stars.
Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu a ɛyɛ owia ne ɔbosome sɛ, owia no nni adekyeeɛ so na ɔbosome no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso.
17 God set them in the expanse of the sky to give light to the earth,
Onyankopɔn de nkanea akɛseɛ mmienu yi sii nkyɛmu ewiem no mu sɛ, ɛnhyerɛn wɔ asase so,
18 and to rule over the day and over the night, and to divide the light from the darkness. God saw that it was good.
na wɔnni adekyeeɛ ne adesaeɛ no so, na ɛnte hann no mfiri esum no ho. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.
19 There was evening and there was morning, a fourth day.
Na adeɛ saeɛ, ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a ɛtɔ so ɛnan ne no.
20 God said, “Let the waters abound with living creatures, and let birds fly above the earth in the open expanse of the sky.”
Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nhyɛ nsuo no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no so.”
21 God created the large sea creatures and every living creature that moves, with which the waters swarmed, after their kind, and every winged bird after its kind. God saw that it was good.
Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
22 God blessed them, saying, “Be fruitful, and multiply, and fill the waters in the seas, and let birds multiply on the earth.”
Onyankopɔn hyiraa abɔdeɛ no nyinaa so, ɛnna ɔkaa sɛ, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ ɛpo no ma, na nnomaa ase ntrɛ wɔ asase so.”
23 There was evening and there was morning, a fifth day.
Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a, ɛtɔ so enum ne no.
24 God said, “Let the earth produce living creatures after their kind, livestock, creeping things, and animals of the earth after their kind;” and it was so.
Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa.
25 God made the animals of the earth after their kind, and the livestock after their kind, and everything that creeps on the ground after its kind. God saw that it was good.
Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahodoɔ, anantwie ahodoɔ ne wɔn sɛso ne mmoa a, wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.
26 God said, “Let’s make man in our image, after our likeness. Let them have dominion over the fish of the sea, and over the birds of the sky, and over the livestock, and over all the earth, and over every creeping thing that creeps on the earth.”
Onyankopɔn kaa sɛ, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so.”
27 God created man in his own image. In God’s image he created him; male and female he created them.
Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso; Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn; ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.
28 God blessed them. God said to them, “Be fruitful, multiply, fill the earth, and subdue it. Have dominion over the fish of the sea, over the birds of the sky, and over every living thing that moves on the earth.”
Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so.”
29 God said, “Behold, I have given you every herb yielding seed, which is on the surface of all the earth, and every tree, which bears fruit yielding seed. It will be your food.
Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane.
30 To every animal of the earth, and to every bird of the sky, and to everything that creeps on the earth, in which there is life, I have given every green herb for food;” and it was so.
Mede nhahammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ ewiem, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduane.” Na ɛyɛɛ saa.
31 God saw everything that he had made, and, behold, it was very good. There was evening and there was morning, a sixth day.
Onyankopɔn hwɛɛ deɛ wayɛ nyinaa hunuu sɛ ɛyɛ papa. Na adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so nsia.

+ Genesis 1 >