< Genesis 47 >

1 Then Joseph went in and told Pharaoh, and said, “My father and my brothers, with their flocks, their herds, and all that they own, have come out of the land of Canaan; and behold, they are in the land of Goshen.”
Yakob mma no bɛduruu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne wɔn agyapadeɛ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so”.
2 From among his brothers he took five men, and presented them to Pharaoh.
Yosef yii ne nuammarima no mu baanum de wɔn kɔkyeaa Farao.
3 Pharaoh said to his brothers, “What is your occupation?” They said to Pharaoh, “Your servants are shepherds, both we, and our fathers.”
Farao bisaa anuanom no sɛ, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Wo nkoa yɛ nnwanhwɛfoɔ, sɛdeɛ na yɛn agyanom nso yɛ nnwanhwɛfoɔ no.”
4 They also said to Pharaoh, “We have come to live as foreigners in the land, for there is no pasture for your servants’ flocks. For the famine is severe in the land of Canaan. Now therefore, please let your servants dwell in the land of Goshen.”
Anuanom no toaa so sɛ, “Yɛaba ha sɛ amamfrafoɔ a yɛrebɛtena ha kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm no ano yɛ den yie wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nnwan nnya aduane nni. Enti, yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”
5 Pharaoh spoke to Joseph, saying, “Your father and your brothers have come to you.
Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
6 The land of Egypt is before you. Make your father and your brothers dwell in the best of the land. Let them dwell in the land of Goshen. If you know any able men among them, then put them in charge of my livestock.”
Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuammarima baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wonim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nnwan so mma me.”
7 Joseph brought in Jacob, his father, and set him before Pharaoh; and Jacob blessed Pharaoh.
Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bɛkyiaa Farao maa Yakob hyiraa no.
8 Pharaoh said to Jacob, “How old are you?”
Farao bisaa Yakob sɛ, “Woadi mfeɛ ahe?”
9 Jacob said to Pharaoh, “The years of my pilgrimage are one hundred thirty years. The days of the years of my life have been few and evil. They have not attained to the days of the years of the life of my fathers in the days of their pilgrimage.”
Yakob buaa Farao sɛ, “Madi mfeɛ ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Mennuru mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.”
10 Jacob blessed Pharaoh, and went out from the presence of Pharaoh.
Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii nʼanim kɔeɛ.
11 Joseph placed his father and his brothers, and gave them a possession in the land of Egypt, in the best of the land, in the land of Rameses, as Pharaoh had commanded.
Enti, Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenaseɛ wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapadeɛ wɔ asase no fa baabi a ɛyɛ pa ara wɔ Rameses mansini mu, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.
12 Joseph provided his father, his brothers, and all of his father’s household with bread, according to the sizes of their families.
Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduane sɛdeɛ wɔn mma dodoɔ te.
13 There was no bread in all the land; for the famine was very severe, so that the land of Egypt and the land of Canaan fainted by reason of the famine.
Na aduane nni hɔ baabiara, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano ayɛ den yie. Saa ɛkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa maa emu nnipa ne mfudeɛ twintwameeɛ.
14 Joseph gathered up all the money that was found in the land of Egypt, and in the land of Canaan, for the grain which they bought: and Joseph brought the money into Pharaoh’s house.
Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a ɔnya firii aduanetɔn no mu no baa Farao ahemfie.
15 When the money was all spent in the land of Egypt, and in the land of Canaan, all the Egyptians came to Joseph, and said, “Give us bread, for why should we die in your presence? For our money fails.”
Ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa saeɛ no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduane nni! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu?”
16 Joseph said, “Give me your livestock; and I will give you food for your livestock, if your money is gone.”
Yosef buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo sika asa deɛ a, momfa mo nnwan ne mo anantwie mmra mmɛgye aduane.”
17 They brought their livestock to Joseph, and Joseph gave them bread in exchange for the horses, and for the flocks, and for the herds, and for the donkeys: and he fed them with bread in exchange for all their livestock for that year.
Enti, wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduane no yɛ apɔnkɔ, nnwan, mpɔnkye, anantwie ne mfunumu. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduane.
18 When that year was ended, they came to him the second year, and said to him, “We will not hide from my lord how our money is all spent, and the herds of livestock are my lord’s. There is nothing left in the sight of my lord, but our bodies, and our lands.
Afe akyiri no, Misraimfoɔ no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkaa sɛ, “Yɛrentumi mfa biribiara nhinta yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwie nso yɛ wo dea. Biribiara bio nni hɔ a yɛbɛtumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.
19 Why should we die before your eyes, both we and our land? Buy us and our land for bread, and we and our land will be servants to Pharaoh. Give us seed, that we may live, and not die, and that the land won’t be desolate.”
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
20 So Joseph bought all the land of Egypt for Pharaoh, for every man of the Egyptians sold his field, because the famine was severe on them, and the land became Pharaoh’s.
Enti, Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɛkɔm no ano den enti, Misraimfoɔ no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa maa nsase no nyinaa bɛdii Farao nsam.
21 As for the people, he moved them to the cities from one end of the border of Egypt even to the other end of it.
Ɛfiri Misraim tire kɔsi tire, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa.
22 Only he didn’t buy the land of the priests, for the priests had a portion from Pharaoh, and ate their portion which Pharaoh gave them. That is why they didn’t sell their land.
Asɔfoɔ nko ara nsase na wantɔ, ɛfiri sɛ, asɔfoɔ no deɛ, na Farao atwa anoduane bi de ama wɔn. Ne saa enti na wɔn deɛ, wɔantɔn wɔn nsase no.
23 Then Joseph said to the people, “Behold, I have bought you and your land today for Pharaoh. Behold, here is seed for you, and you shall sow the land.
Yosef ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, monnye aburoo nkɔdua.
24 It will happen at the harvests, that you shall give a fifth to Pharaoh, and four parts will be your own, for seed of the field, for your food, for them of your households, and for food for your little ones.”
Na sɛ aburoo no yɛ yie, na motwa a, momfa nkyɛmu enum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu enum mu ɛnan a ɛbɛka no, mo ne mo fiefoɔ ne mo mma nni bi, na monnya bi nso a mobɛdua.”
25 They said, “You have saved our lives! Let us find favor in the sight of my lord, and we will be Pharaoh’s servants.”
Wɔkaa sɛ, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao sɛ, ɔnnye yɛn ntom, na yɛnyɛ nkoa.”
26 Joseph made it a statute concerning the land of Egypt to this day, that Pharaoh should have the fifth. Only the land of the priests alone didn’t become Pharaoh’s.
Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛeɛ sɛ, wɔmfa asase no so nnɔbaeɛ nyinaa mu nkyɛmu enum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Asɔfoɔ no nsase nko ara na ankɔdi Farao nsam.
27 Israel lived in the land of Egypt, in the land of Goshen; and they got themselves possessions therein, and were fruitful, and multiplied exceedingly.
Israelfoɔ no bɔɔ atenaseɛ wɔ Gosen mansini a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wɔnyaa agyapadeɛ wɔ hɔ, na wɔn ase nso dɔree yie.
28 Jacob lived in the land of Egypt seventeen years. So the days of Jacob, the years of his life, were one hundred forty-seven years.
Yakob tenaa Misraim mfeɛ dunson. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne aduanan nson ansa na ɔrewu.
29 The time came near that Israel must die, and he called his son Joseph, and said to him, “If now I have found favor in your sight, please put your hand under my thigh, and deal kindly and truly with me. Please don’t bury me in Egypt,
Ɛduruu sɛ Yakob rebɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, sɛ wodɔ me deɛ a, ka ntam di nse sɛ, wobɛyɛ me adɔeɛ, adi me nokorɛ. Sɛ mewu a, nsie me wɔ Misraim ha.
30 but when I sleep with my fathers, you shall carry me out of Egypt, and bury me in their burying place.” Joseph said, “I will do as you have said.”
Sɛ mewu a, momfa me mfiri Misraim ha, nkɔsie me wɔ baabi a wɔsiee me mpanimfoɔ no.” Yosef hyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛdi asɛm a woaka no so.”
31 Israel said, “Swear to me,” and he swore to him. Then Israel bowed himself on the bed’s head.
Yakob kaa bio sɛ, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuu ne poma so sɔree Onyankopɔn.

< Genesis 47 >