< Genesis 13 >

1 Abram went up out of Egypt—he, his wife, all that he had, and Lot with him—into the South.
Abram tu firii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapadeɛ ne ne fiefoɔ nyinaa baa Negeb.
2 Abram was very rich in livestock, in silver, and in gold.
Saa ɛberɛ no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.
3 He went on his journeys from the South as far as Bethel, to the place where his tent had been at the beginning, between Bethel and Ai,
Ɔfirii Negeb hɔ no, ɔdii atutena ara kɔduruu Bet-El, baabi a ɔdii ɛkan sii ne ntomadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no.
4 to the place of the altar, which he had made there at the first. There Abram called on Yahweh’s name.
Ɛhɔ na kane no ɔsii nʼafɔrebukyia. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so somm Awurade.
5 Lot also, who went with Abram, had flocks, herds, and tents.
Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefoɔ a ɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ bebree.
6 The land was not able to bear them, that they might live together; for their possessions were so great that they couldn’t live together.
Esiane sɛ saa ɛberɛ no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ pii enti, na wɔnsene asase no so.
7 There was strife between the herdsmen of Abram’s livestock and the herdsmen of Lot’s livestock. The Canaanites and the Perizzites lived in the land at that time.
Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ no ntam. Saa ɛberɛ no na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ nso tete asase no so.
8 Abram said to Lot, “Please, let there be no strife between you and me, and between your herdsmen and my herdsmen; for we are relatives.
Enti, Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ, yɛyɛ anuanom.
9 Isn’t the whole land before you? Please separate yourself from me. If you go to the left hand, then I will go to the right. Or if you go to the right hand, then I will go to the left.”
Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yɛnni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”
10 Lot lifted up his eyes, and saw all the plain of the Jordan, that it was well-watered everywhere, before Yahweh destroyed Sodom and Gomorrah, like the garden of Yahweh, like the land of Egypt, as you go to Zoar.
Lot hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, hunuu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebereɛ. Na nsuo wɔ mu baabiara te sɛ Eden turom anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa ɛberɛ no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora.
11 So Lot chose the Plain of the Jordan for himself. Lot traveled east, and they separated themselves from one other.
Na Lot de nʼani kyerɛɛ apueeɛ fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Yei ne ɛkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetemu no.
12 Abram lived in the land of Canaan, and Lot lived in the cities of the plain, and moved his tent as far as Sodom.
Abram tenaa Kanaan asase so. Ɛnna Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.
13 Now the men of Sodom were exceedingly wicked and sinners against Yahweh.
Na nnipa a wɔwɔ Sodom kuro no mu no yɛ amumuyɛfoɔ a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛseɛ de tia Awurade.
14 Yahweh said to Abram, after Lot was separated from him, “Now, lift up your eyes, and look from the place where you are, northward and southward and eastward and westward,
Lot tee ne ho firii Abram ho akyiri no, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.
15 for I will give all the land which you see to you and to your offspring forever.
Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ.
16 I will make your offspring as the dust of the earth, so that if a man can count the dust of the earth, then your offspring may also be counted.
Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan.
17 Arise, walk through the land in its length and in its width; for I will give it to you.”
Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, ɛfiri sɛ, mede rema wo.”
18 Abram moved his tent, and came and lived by the oaks of Mamre, which are in Hebron, and built an altar there to Yahweh.
Enti, Abram tutuu ne ntomadan bɛtenaa odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Mamrɛ dea wɔ Hebron. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade.

< Genesis 13 >