< Acts 26 >

1 Agrippa said to Paul, “You may speak for yourself.” Then Paul stretched out his hand, and made his defense.
Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Afei, mema wo ho ɛkwan sɛ woyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasaa sɛ,
2 “I think myself happy, King Agrippa, that I am to make my defense before you today concerning all the things that I am accused by the Jews,
“Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho.
3 especially because you are expert in all customs and questions which are among the Jews. Therefore I beg you to hear me patiently.
Deɛ ɛma meka saa ne sɛ, wonim Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ nyinaa fekɔɔ. Enti, mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.
4 “Indeed, all the Jews know my way of life from my youth up, which was from the beginning among my own nation and at Jerusalem;
“Yudafoɔ no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa firi me mmɔfraase. Wɔnim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso.
5 having known me from the first, if they are willing to testify, that after the strictest sect of our religion I lived a Pharisee.
Sɛ wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim sɛ meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ.
6 Now I stand here to be judged for the hope of the promise made by God to our fathers,
Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi.
7 which our twelve tribes, earnestly serving night and day, hope to attain. Concerning this hope I am accused by the Jews, King Agrippa!
Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi.
8 Why is it judged incredible with you if God does raise the dead?
Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?
9 “I myself most certainly thought that I ought to do many things contrary to the name of Jesus of Nazareth.
“Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din.
10 I also did this in Jerusalem. I both shut up many of the saints in prisons, having received authority from the chief priests; and when they were put to death I gave my vote against them.
Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene.
11 Punishing them often in all the synagogues, I tried to make them blaspheme. Being exceedingly enraged against them, I persecuted them even to foreign cities.
Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.”
12 “Whereupon as I traveled to Damascus with the authority and commission from the chief priests,
“Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no.
13 at noon, O king, I saw on the way a light from the sky, brighter than the sun, shining around me and those who traveled with me.
Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ.
14 When we had all fallen to the earth, I heard a voice saying to me in the Hebrew language, ‘Saul, Saul, why are you persecuting me? It is hard for you to kick against the goads.’
Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’
15 “I said, ‘Who are you, Lord?’ “He said, ‘I am Jesus, whom you are persecuting.
“Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.
16 But arise, and stand on your feet, for I have appeared to you for this purpose: to appoint you a servant and a witness both of the things which you have seen and of the things which I will reveal to you;
Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho.
17 delivering you from the people and from the Gentiles, to whom I send you,
Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.
18 to open their eyes, that they may turn from darkness to light and from the power of Satan to God, that they may receive remission of sins and an inheritance among those who are sanctified by faith in me.’
Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’
19 “Therefore, King Agrippa, I was not disobedient to the heavenly vision,
“Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no.
20 but declared first to them of Damascus, at Jerusalem, and throughout all the country of Judea, and also to the Gentiles, that they should repent and turn to God, doing works worthy of repentance.
Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera.
21 For this reason the Jews seized me in the temple and tried to kill me.
Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me sɛ wɔrekɔku me.
22 Having therefore obtained the help that is from God, I stand to this day testifying both to small and great, saying nothing but what the prophets and Moses said would happen,
Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ,
23 how the Christ must suffer, and how, by the resurrection of the dead, he would be first to proclaim light both to these people and to the Gentiles.”
Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ.”
24 As he thus made his defense, Festus said with a loud voice, “Paul, you are crazy! Your great learning is driving you insane!”
Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa sɛ, “Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam.”
25 But he said, “I am not crazy, most excellent Festus, but boldly declare words of truth and reasonableness.
Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu.
26 For the king knows of these things, to whom also I speak freely. For I am persuaded that none of these things is hidden from him, for this has not been done in a corner.
Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm.
27 King Agrippa, do you believe the prophets? I know that you believe.”
Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.”
28 Agrippa said to Paul, “With a little persuasion are you trying to make me a Christian?”
Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?”
29 Paul said, “I pray to God, that whether with little or with much, not only you, but also all that hear me today, might become such as I am, except for these bonds.”
Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”
30 The king rose up with the governor and Bernice, and those who sat with them.
Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔreeɛ.
31 When they had withdrawn, they spoke to one another, saying, “This man does nothing worthy of death or of bonds.”
Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”
32 Agrippa said to Festus, “This man might have been set free if he had not appealed to Caesar.”
Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Sɛ onipa yi nnwane ntoaa Kaesare a anka yɛbɛtumi agyaa no.”

< Acts 26 >