< Acts 19 >

1 While Apollos was at Corinth, Paul, having passed through the upper country, came to Ephesus and found certain disciples.
Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi
2 He said to them, “Did you receive the Holy Spirit when you believed?” They said to him, “No, we haven’t even heard that there is a Holy Spirit.”
bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”
3 He said, “Into what then were you baptized?” They said, “Into John’s baptism.”
Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”
4 Paul said, “John indeed baptized with the baptism of repentance, saying to the people that they should believe in the one who would come after him, that is, in Christ Jesus.”
Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”
5 When they heard this, they were baptized in the name of the Lord Jesus.
Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.
6 When Paul had laid his hands on them, the Holy Spirit came on them and they spoke with other languages and prophesied.
Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm.
7 They were about twelve men in all.
Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu.
8 He entered into the synagogue and spoke boldly for a period of three months, reasoning and persuading about the things concerning God’s Kingdom.
Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene.
9 But when some were hardened and disobedient, speaking evil of the Way before the multitude, he departed from them and separated the disciples, reasoning daily in the school of Tyrannus.
Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa.
10 This continued for two years, so that all those who lived in Asia heard the word of the Lord Jesus, both Jews and Greeks.
Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no.
11 God worked special miracles by the hands of Paul,
Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ,
12 so that even handkerchiefs or aprons were carried away from his body to the sick, and the diseases departed from them, and the evil spirits went out.
maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.
13 But some of the itinerant Jews, exorcists, took on themselves to invoke over those who had the evil spirits the name of the Lord Jesus, saying, “We adjure you by Jesus whom Paul preaches.”
Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!”
14 There were seven sons of one Sceva, a Jewish chief priest, who did this.
Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei.
15 The evil spirit answered, “Jesus I know, and Paul I know, but who are you?”
Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?”
16 The man in whom the evil spirit was leaped on them, overpowered them, and prevailed against them, so that they fled out of that house naked and wounded.
Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ.
17 This became known to all, both Jews and Greeks, who lived at Ephesus. Fear fell on them all, and the name of the Lord Jesus was magnified.
Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ.
18 Many also of those who had believed came, confessing and declaring their deeds.
Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm.
19 Many of those who practiced magical arts brought their books together and burned them in the sight of all. They counted their price, and found it to be fifty thousand pieces of silver.
Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum.
20 So the word of the Lord was growing and becoming mighty.
Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so.
21 Now after these things had ended, Paul determined in the Spirit, when he had passed through Macedonia and Achaia, to go to Jerusalem, saying, “After I have been there, I must also see Rome.”
Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.”
22 Having sent into Macedonia two of those who served him, Timothy and Erastus, he himself stayed in Asia for a while.
Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.
23 About that time there arose no small disturbance concerning the Way.
Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso.
24 For a certain man named Demetrius, a silversmith who made silver shrines of Artemis, brought no little business to the craftsmen,
Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam.
25 whom he gathered together with the workmen of like occupation, and said, “Sirs, you know that by this business we have our wealth.
Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so.
26 You see and hear that not at Ephesus alone, but almost throughout all Asia, this Paul has persuaded and turned away many people, saying that they are no gods that are made with hands.
Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.
27 Not only is there danger that this our trade come into disrepute, but also that the temple of the great goddess Artemis will be counted as nothing and her majesty destroyed, whom all Asia and the world worships.”
Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”
28 When they heard this they were filled with anger, and cried out, saying, “Great is Artemis of the Ephesians!”
Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
29 The whole city was filled with confusion, and they rushed with one accord into the theater, having seized Gaius and Aristarchus, men of Macedonia, Paul’s companions in travel.
Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ.
30 When Paul wanted to enter in to the people, the disciples didn’t allow him.
Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan.
31 Certain also of the Asiarchs, being his friends, sent to him and begged him not to venture into the theater.
Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ.
32 Some therefore cried one thing, and some another, for the assembly was in confusion. Most of them didn’t know why they had come together.
Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu.
33 They brought Alexander out of the multitude, the Jews putting him forward. Alexander beckoned with his hand, and would have made a defense to the people.
Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano.
34 But when they perceived that he was a Jew, all with one voice for a time of about two hours cried out, “Great is Artemis of the Ephesians!”
Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
35 When the town clerk had quieted the multitude, he said, “You men of Ephesus, what man is there who doesn’t know that the city of the Ephesians is temple keeper of the great goddess Artemis, and of the image which fell down from Zeus?
Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so.
36 Seeing then that these things can’t be denied, you ought to be quiet and to do nothing rash.
Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara.
37 For you have brought these men here, who are neither robbers of temples nor blasphemers of your goddess.
Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no.
38 If therefore Demetrius and the craftsmen who are with him have a matter against anyone, the courts are open and there are proconsuls. Let them press charges against one another.
Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa.
39 But if you seek anything about other matters, it will be settled in the regular assembly.
Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm.
40 For indeed we are in danger of being accused concerning today’s riot, there being no cause. Concerning it, we wouldn’t be able to give an account of this commotion.”
Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.”
41 When he had thus spoken, he dismissed the assembly.
Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.

< Acts 19 >