< 1 Thessalonians 5 >

1 But concerning the times and the seasons, brothers, you have no need that anything be written to you.
Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi.
2 For you yourselves know well that the day of the Lord comes like a thief in the night.
Ɛfiri sɛ, mo ankasa monim yie sɛ ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo.
3 For when they are saying, “Peace and safety,” then sudden destruction will come on them, like birth pains on a pregnant woman. Then they will in no way escape.
Ɛberɛ a nnipa bɛka sɛ, “biribiara yɛ asomdwoeɛ” no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te sɛ yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.
4 But you, brothers, aren’t in darkness, that the day should overtake you like a thief.
Nanso, mo anuanom yi deɛ, monte esum mu enti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfoɔ.
5 You are all children of light and children of the day. We don’t belong to the night, nor to darkness,
Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyeeɛ mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma.
6 so then let’s not sleep, as the rest do, but let’s watch and be sober.
Ɛno enti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.
7 For those who sleep, sleep in the night; and those who are drunk are drunk in the night.
Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa boro nsã.
8 But since we belong to the day, let’s be sober, putting on the breastplate of faith and love, and for a helmet, the hope of salvation.
Nanso yɛyɛ adekyeeɛ mma enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne yɛn nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.
9 For God didn’t appoint us to wrath, but to the obtaining of salvation through our Lord Jesus Christ,
Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yɛmmɛhunu amane wɔ nʼabufuo ano, na mmom, ɔyii yɛn sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ wɔ Awurade Yesu Kristo mu.
10 who died for us, that, whether we wake or sleep, we should live together with him.
Kristo wu maa yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛanyane anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.
11 Therefore exhort one another, and build each other up, even as you also do.
Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.
12 But we beg you, brothers, to know those who labor among you, and are over you in the Lord and admonish you,
Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ, momfa obuo ne anidie mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wɔnni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no.
13 and to respect and honor them in love for their work’s sake. Be at peace among yourselves.
Esiane adwuma a wɔyɛ no enti, mommu wɔn na monnɔ wɔn yie. Montena ase asomdwoeɛ mu.
14 We exhort you, brothers: Admonish the disorderly; encourage the faint-hearted; support the weak; be patient toward all.
Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ, monkasa nkyerɛ anihafoɔ, monka wɔn a wɔnyɛ hye no hye; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ; monto mo bo ase mma wɔn nyinaa.
15 See that no one returns evil for evil to anyone, but always follow after that which is good for one another and for all.
Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Ɛberɛ biara, momma ɛnyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
16 Always rejoice.
Momma mo ani nnye da biara
17 Pray without ceasing.
na ɛberɛ biara nso, mommɔ mpaeɛ;
18 In everything give thanks, for this is the will of God in Christ Jesus toward you.
biribiara mu, monna ase. Yei na Onyankopɔn hwehwɛ afiri mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
19 Don’t quench the Spirit.
Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ;
20 Don’t despise prophecies.
monnsi adiyisɛm atwetwe.
21 Test all things, and hold firmly that which is good.
Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa deɛ ɛyɛ.
22 Abstain from every form of evil.
Na monkyiri bɔne biara.
23 May the God of peace himself sanctify you completely. May your whole spirit, soul, and body be preserved blameless at the coming of our Lord Jesus Christ.
Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.
24 He who calls you is faithful, who will also do it.
Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
25 Brothers, pray for us.
Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
26 Greet all the brothers with a holy kiss.
Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.
27 I solemnly command you by the Lord that this letter be read to all the holy brothers.
Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
28 The grace of our Lord Jesus Christ be with you. Amen.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

< 1 Thessalonians 5 >