< 1 John 4 >

1 Beloved, don’t believe every spirit, but test the spirits, whether they are of God, because many false prophets have gone out into the world.
Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase.
2 By this you know the Spirit of God: every spirit who confesses that Jesus Christ has come in the flesh is of God,
Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu.
3 and every spirit who doesn’t confess that Jesus Christ has come in the flesh is not of God; and this is the spirit of the Antichrist, of whom you have heard that it comes. Now it is in the world already.
Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.
4 You are of God, little children, and have overcome them, because greater is he who is in you than he who is in the world.
Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu.
5 They are of the world. Therefore they speak of the world, and the world hears them.
Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo.
6 We are of God. He who knows God listens to us. He who is not of God doesn’t listen to us. By this we know the spirit of truth, and the spirit of error.
Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu.
7 Beloved, let’s love one another, for love is of God; and everyone who loves has been born of God and knows God.
Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso.
8 He who doesn’t love doesn’t know God, for God is love.
Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.
9 By this God’s love was revealed in us, that God has sent his only born Son into the world that we might live through him.
Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa.
10 In this is love, not that we loved God, but that he loved us, and sent his Son as the atoning sacrifice for our sins.
Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.
11 Beloved, if God loved us in this way, we also ought to love one another.
Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.
12 No one has seen God at any time. If we love one another, God remains in us, and his love has been perfected in us.
Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
13 By this we know that we remain in him and he in us, because he has given us of his Spirit.
Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom.
14 We have seen and testify that the Father has sent the Son as the Savior of the world.
Na yɛahu, na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.
15 Whoever confesses that Jesus is the Son of God, God remains in him, and he in God.
Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu.
16 We know and have believed the love which God has for us. God is love, and he who remains in love remains in God, and God remains in him.
Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu.
17 In this, love has been made perfect among us, that we may have boldness in the day of judgment, because as he is, even so we are in this world.
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru wɔ atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de ara pɛ.
18 There is no fear in love; but perfect love casts out fear, because fear has punishment. He who fears is not made perfect in love.
Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
19 We love him, because he first loved us.
Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.
20 If a man says, “I love God,” and hates his brother, he is a liar; for he who doesn’t love his brother whom he has seen, how can he love God whom he has not seen?
Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no.
21 This commandment we have from him, that he who loves God should also love his brother.
Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.

< 1 John 4 >