< 1 Chronicles 1 >

1 Adam, Seth, Enosh,
Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,
2 Kenan, Mahalalel, Jared,
Kenan, Mahalalel, Yared,
3 Enoch, Methuselah, Lamech,
Henok, Metusela, Lamek,
4 Noah, Shem, Ham, and Japheth.
Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.
5 The sons of Japheth: Gomer, Magog, Madai, Javan, Tubal, Meshech, and Tiras.
Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
6 The sons of Gomer: Ashkenaz, Diphath, and Togarmah.
Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.
7 The sons of Javan: Elishah, Tarshish, Kittim, and Rodanim.
Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
8 The sons of Ham: Cush, Mizraim, Put, and Canaan.
Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
9 The sons of Cush: Seba, Havilah, Sabta, Raama, Sabteca. The sons of Raamah: Sheba and Dedan.
Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan.
10 Cush became the father of Nimrod. He began to be a mighty one in the earth.
Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.
11 Mizraim became the father of Ludim, Anamim, Lehabim, Naphtuhim,
Misraim yɛ tete agya ma Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,
12 Pathrusim, Casluhim (where the Philistines came from), and Caphtorim.
Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.
13 Canaan became the father of Sidon his firstborn, Heth,
Na Kanaan abakan din de Sidon a na ɔyɛ Sidonfoɔ tete agya. Na Kanaan nso yɛ Hetifoɔ,
14 the Jebusite, the Amorite, the Girgashite,
Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,
15 the Hivite, the Arkite, the Sinite,
Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,
16 the Arvadite, the Zemarite, and the Hamathite.
Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.
17 The sons of Shem: Elam, Asshur, Arpachshad, Lud, Aram, Uz, Hul, Gether, and Meshech.
Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. Aram asefoɔ ne Us, Hul, Geter ne Mas.
18 Arpachshad became the father of Shelah, and Shelah became the father of Eber.
Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.
19 To Eber were born two sons: the name of the one was Peleg, for in his days the earth was divided; and his brother’s name was Joktan.
Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
20 Joktan became the father of Almodad, Sheleph, Hazarmaveth, Jerah,
Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
21 Hadoram, Uzal, Diklah,
Hadoram, Usal, Dikla,
22 Ebal, Abimael, Sheba,
Obal, Abimael, Seba,
23 Ophir, Havilah, and Jobab. All these were the sons of Joktan.
Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.
24 Shem, Arpachshad, Shelah,
Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela,
25 Eber, Peleg, Reu,
Eber, Peleg, Reu,
26 Serug, Nahor, Terah,
Serug, Nahor, Tera,
27 Abram (also called Abraham).
ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.
28 The sons of Abraham: Isaac and Ishmael.
Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.
29 These are their generations: the firstborn of Ishmael, Nebaioth; then Kedar, Adbeel, Mibsam,
Na Ismael mmammarima nso ne Nebaiot a ɔyɛ nʼabakan, Kedar, Adbeel, Mibsam,
30 Mishma, Dumah, Massa, Hadad, Tema,
Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,
31 Jetur, Naphish, and Kedemah. These are the sons of Ishmael.
Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mmammarima.
32 The sons of Keturah, Abraham’s concubine: she bore Zimran, Jokshan, Medan, Midian, Ishbak, and Shuah. The sons of Jokshan: Sheba and Dedan.
Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan asefoɔ yɛ Seba ne Dedan.
33 The sons of Midian: Ephah, Epher, Hanoch, Abida, and Eldaah. All these were the sons of Keturah.
Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Abraham ne ne mpena Ketura mmammarima.
34 Abraham became the father of Isaac. The sons of Isaac: Esau and Israel.
Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.
35 The sons of Esau: Eliphaz, Reuel, Jeush, Jalam, and Korah.
Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.
36 The sons of Eliphaz: Teman, Omar, Zephi, Gatam, Kenaz, Timna, and Amalek.
Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.
37 The sons of Reuel: Nahath, Zerah, Shammah, and Mizzah.
Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.
38 The sons of Seir: Lotan, Shobal, Zibeon, Anah, Dishon, Ezer, and Dishan.
Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.
39 The sons of Lotan: Hori and Homam; and Timna was Lotan’s sister.
Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.
40 The sons of Shobal: Alian, Manahath, Ebal, Shephi, and Onam. The sons of Zibeon: Aiah and Anah.
Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Sibeon mmammarima yɛ Aya ne Ana.
41 The son of Anah: Dishon. The sons of Dishon: Hamran, Eshban, Ithran, and Cheran.
Na Ana babarima yɛ Dison. Na Dison mma yɛ Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
42 The sons of Ezer: Bilhan, Zaavan, and Jaakan. The sons of Dishan: Uz and Aran.
Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan. Na Disan mmammarima yɛ Us ne Aran.
43 Now these are the kings who reigned in the land of Edom, before any king reigned over the children of Israel: Bela the son of Beor; and the name of his city was Dinhabah.
Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo: Beor babarima Bela, a ɔtenaa kuropɔn Dinhaba so dii ɔhene.
44 Bela died, and Jobab the son of Zerah of Bozrah reigned in his place.
Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
45 Jobab died, and Husham of the land of the Temanites reigned in his place.
Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
46 Husham died, and Hadad the son of Bedad, who struck Midian in the field of Moab, reigned in his place; and the name of his city was Avith.
Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.
47 Hadad died, and Samlah of Masrekah reigned in his place.
Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
48 Samlah died, and Shaul of Rehoboth by the River reigned in his place.
Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.
49 Shaul died, and Baal Hanan the son of Achbor reigned in his place.
Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.
50 Baal Hanan died, and Hadad reigned in his place; and the name of his city was Pai. His wife’s name was Mehetabel, the daughter of Matred, the daughter of Mezahab.
Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.
51 Then Hadad died. The chiefs of Edom were: chief Timna, chief Aliah, chief Jetheth,
Na Hadad nso wuiɛ. Na Edom mmusua no ntuanofoɔ ne Timna, Alwa, Yetet,
52 chief Oholibamah, chief Elah, chief Pinon,
Oholibama, Ela, Pinon,
53 chief Kenaz, chief Teman, chief Mibzar,
Kenas, Teman, Mibsar,
54 chief Magdiel, and chief Iram. These are the chiefs of Edom.
Magdiel ne Iram. Yeinom na na wɔyɛ Edom mmusua ntuanofoɔ.

< 1 Chronicles 1 >