< 1 Chronicles 10 >

1 Now the Philistines fought against Israel; and the men of Israel fled from before the Philistines, and fell down slain on Mount Gilboa.
Afei, Filistifo no bɛtow hyɛɛ Israel so, maa Israelfo no guanee. Wokunkum wɔn mu pii wɔ bepɔw Gilboa so.
2 The Philistines followed hard after Saul and after his sons; and the Philistines killed Jonathan, Abinadab, and Malchishua, the sons of Saul.
Filistifo no kaa Saulo ne ne mmabarima hyɛe. Wokunkum wɔn mu baasa a wɔne Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
3 The battle went hard against Saul, and the archers overtook him; and he was distressed by reason of the archers.
Ɔko no ano yɛɛ den twaa Saulo ho hyiae, maa Filistifo agyantowfo no nyaa Saulo piraa no yiye.
4 Then Saul said to his armor bearer, “Draw your sword, and thrust me through with it, lest these uncircumcised come and abuse me.” But his armor bearer would not, for he was terrified. Therefore Saul took his sword and fell on it.
Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho.
5 When his armor bearer saw that Saul was dead, he likewise fell on his sword and died.
Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ Saulo awu no, ɔno nso de nʼafoa kum ne ho.
6 So Saul died with his three sons; and all his house died together.
Ɛno nti, Saulo ne ne mma mmarima baasa no wuwuu hɔ ara, maa nʼahenni nnidiso no baa awiei.
7 When all the men of Israel who were in the valley saw that they fled, and that Saul and his sons were dead, they abandoned their cities, and fled; and the Philistines came and lived in them.
Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no mu no huu sɛ wɔadi wɔn asraafo no so, na Saulo ne ne mmabarima baasa no awuwu no, woguan gyaa wɔn nkurow hɔ. Ɛno nti, Filistifo no kɔfaa wɔn nkurow no.
8 On the next day, when the Philistines came to strip the slain, they found Saul and his sons fallen on Mount Gilboa.
Ade kyee a Filistifo no kɔɔ sɛ wɔrekoyiyi atɔfo no ho nneɛma no, wohuu sɛ Saulo ne ne mmabarima no amu gugu bepɔw Gilboa so.
9 They stripped him and took his head and his armor, then sent into the land of the Philistines all around to carry the news to their idols and to the people.
Enti woyiyii Saulo akode fii ne ho, twaa ne ti. Afei wɔbɔɔ Saulo wu no ho dawuru maa wɔn ahoni ne nnipa a wɔwɔ Filistia nyinaa tee.
10 They put his armor in the house of their gods, and fastened his head in the house of Dagon.
Wɔde nʼakode no guu wɔn anyame no abosonnan mu, na wɔkyekyeree ne ti no fam Dagon asɔredan no fasu ho.
11 When all Jabesh Gilead heard all that the Philistines had done to Saul,
Nanso Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no,
12 all the valiant men arose and took away the body of Saul and the bodies of his sons, and brought them to Jabesh, and buried their bones under the oak in Jabesh, and fasted seven days.
wɔn akofo kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu baa Yabes. Na wosiee wɔn amu wɔ odum dua bi a ɛwɔ Yabes ase, na wodii mmuada nnanson.
13 So Saul died for his trespass which he committed against Yahweh, because of Yahweh’s word, which he didn’t keep, and also because he asked counsel of one who had a familiar spirit, to inquire,
Na Saulo wui, efisɛ wanni Awurade nokware. Wanni Awurade ahyɛde so, na mpo, ɔkɔɔ asamanfrɛ
14 and didn’t inquire of Yahweh. Therefore he killed him, and turned the kingdom over to David the son of Jesse.
wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ obisa Awurade nkyɛn akwankyerɛ. Ɛno nti, Awurade kum no, de nʼahenni hyɛɛ Yisai babarima Dawid nsa.

< 1 Chronicles 10 >