< Genesis 31 >

1 Jacob heard Laban’s sons’ words, saying, “Jacob has taken away all that was our father’s. He has obtained all this wealth from that which was our father’s.”
Yakob tee sɛ Laban mmabarima no reka se, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa fi yɛn agya nneɛma a wafa no.”
2 Jacob saw the expression on Laban’s face, and, behold, it was not towards him as before.
Yakob huu sɛ afei de, Laban ntew nʼanim nkyerɛ no sɛ kan no.
3 The LORD said to Jacob, “Return to the land of your fathers, and to your relatives, and I will be with you.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Yakob se, “San kɔ wʼabusuafo ne wo nkurɔfo asase so, na medi wʼakyi.”
4 Jacob sent and called Rachel and Leah to the field to his flock,
Enti Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea se wɔmmra ne nkyɛn wɔ sare no so, faako a ɔne ne nguankuw no wɔ no.
5 and said to them, “I see the expression on your father’s face, that it is not towards me as before; but the God of my father has been with me.
Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mahu sɛ afei de, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kan no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak som no no ka me ho.
6 You know that I have served your father with all of my strength.
Munim sɛ mayi me yam de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma ama mo agya;
7 Your father has deceived me, and changed my wages ten times, but God didn’t allow him to hurt me.
nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne.
8 If he said, ‘The speckled will be your wages,’ then all the flock bore speckled. If he said, ‘The streaked will be your wages,’ then all the flock bore streaked.
Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka se, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensanee no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensanee.
9 Thus God has taken away your father’s livestock, and given them to me.
Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no.
10 During mating season, I lifted up my eyes, and saw in a dream, and behold, the male goats which leapt on the flock were streaked, speckled, and grizzled.
“Eduu bere a mmoa no hyia mu no, mesoo dae huu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no ho yɛ ntokontrama, nsensanee anaa nsisimu.
11 The angel of God said to me in the dream, ‘Jacob,’ and I said, ‘Here I am.’
Onyankopɔn bɔfo frɛɛ me wɔ dae no mu ka kyerɛɛ me se, ‘Yakob!’ Na migyee so se, ‘Me ni!’
12 He said, ‘Now lift up your eyes, and behold, all the male goats which leap on the flock are streaked, speckled, and grizzled, for I have seen all that Laban does to you.
Na ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ me se, ‘Hwɛ na hu sɛ adwennini a wɔforo nguanbere no nyinaa ho yɛ nsensanee, ntokontrama anaa nsisimu, na mahu ɔkwan a Laban de wo fa so no nyinaa.
13 I am the God of Bethel, where you anointed a pillar, where you vowed a vow to me. Now arise, get out from this land, and return to the land of your birth.’”
Mene Onyankopɔn a miyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, faako a wode ɔbo sii hɔ, hwiee ngo guu so, som me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu fi saa asase yi so ntɛm ara, na san kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’”
14 Rachel and Leah answered him, “Is there yet any portion or inheritance for us in our father’s house?
Na Rahel ne Lea bisae se, “Enti saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapade mu ana?
15 Aren’t we considered as foreigners by him? For he has sold us, and has also used up our money.
Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔho? Watɔn yɛn, na yɛn ti sika a ogyee no nso, wadi.
16 For all the riches which God has taken away from our father are ours and our children’s. Now then, whatever God has said to you, do.”
Ɛyɛ nokware turodoo sɛ yɛn agya ahode a Onyankopɔn gyei no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”
17 Then Jacob rose up, and set his sons and his wives on the camels,
Na Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so.
18 and he took away all his livestock, and all his possessions which he had gathered, including the livestock which he had gained in Paddan Aram, to go to Isaac his father, to the land of Canaan.
Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapade a wanya nyinaa ne mmoa a onyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
19 Now Laban had gone to shear his sheep; and Rachel stole the teraphim that were her father’s.
Bere a Laban kɔɔ wuram sɛ ɔrekotwitwa ne nguan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kowiaa nʼagya fi abosom.
20 Jacob deceived Laban the Syrian, in that he didn’t tell him that he was running away.
Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhu sɛ ɔreguan.
21 So he fled with all that he had. He rose up, passed over the River, and set his face towards the mountain of Gilead.
Yakob de nʼahode nyinaa guanee. Otwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔw asase Gilead no so.
22 Laban was told on the third day that Jacob had fled.
Yakob ne nʼabusuafo guanee no, nnansa akyi ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ.
23 He took his relatives with him, and pursued him seven days’ journey. He overtook him in the mountain of Gilead.
Laban faa ne fifo kaa ne ho, de anibere tiw Yakob. Nnanson akyi ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfo no wɔ bepɔw Gilead so.
24 God came to Laban the Syrian in a dream of the night, and said to him, “Be careful that you don’t speak to Jacob either good or bad.”
Saa da no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ dae no mu se, “Hwɛ yiye na woankɔka asɛm biara; sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”
25 Laban caught up with Jacob. Now Jacob had pitched his tent in the mountain, and Laban with his relatives encamped in the mountain of Gilead.
Bere a Laban ne ne fifo kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntamadan wɔ bepɔw Gilead atifi. Laban ne ne fifo no nso sisii wɔn ntamadan wɔ hɔ.
26 Laban said to Jacob, “What have you done, that you have deceived me, and carried away my daughters like captives of the sword?
Na Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kobisaa no se, “Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woadaadaa me, akyekyere me mmabea de wɔn reguan te sɛ nnommumfo.
27 Why did you flee secretly, and deceive me, and didn’t tell me, that I might have sent you away with mirth and with songs, with tambourine and with harp;
Adɛn nti na wodaadaa me, na wuguan fii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo pon, na mama nnipa abɛbɔ sanku, ato nnwom wɔ aponto no ase, de agya wo kwan.
28 and didn’t allow me to kiss my sons and my daughters? Now have you done foolishly.
Woamma mankyiakyia me nenanom ne me mmabea yi nsam annya wɔn kwan mpo. Woadi nkwaseasɛm.
29 It is in the power of my hand to hurt you, but the God of your father spoke to me last night, saying, ‘Be careful that you don’t speak to Jacob either good or bad.’
Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso nnɛra anadwo, Onyankopɔn a wo agya som no no ka kyerɛɛ me wɔ dae mu se, ‘Hwɛ yiye na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.’
30 Now, you want to be gone, because you greatly longed for your father’s house, but why have you stolen my gods?”
Esiane sɛ wʼani agyina wʼagya fi nti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara. Na adɛn nti na wuwiaa mʼabosom de kaa wo nneɛma ho?”
31 Jacob answered Laban, “Because I was afraid, for I said, ‘Lest you should take your daughters from me by force.’
Yakob buaa Laban se, “Na misuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi begye wo mmabea no afi me nsam.
32 Anyone you find your gods with shall not live. Before our relatives, discern what is yours with me, and take it.” For Jacob didn’t know that Rachel had stolen them.
Nanso obiara a wubehu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owu. Wʼankasa hwehwɛ sɛ wubehu biribiara a ɛyɛ wo de wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wuhu biribiara a ɛyɛ wo de a, fa wʼade.” Bere a Yakob kaa saa asɛm yi no, na onnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.
33 Laban went into Jacob’s tent, into Leah’s tent, and into the tent of the two female servants; but he didn’t find them. He went out of Leah’s tent, and entered into Rachel’s tent.
Ɛno nti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfo Bilha ne Silpa ntamadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhu biribiara. Afei, okowuraa Rahel ntamadan mu.
34 Now Rachel had taken the teraphim, put them in the camel’s saddle, and sat on them. Laban felt around all the tent, but didn’t find them.
Na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no agua ase, atena so. Enti Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntamadan no nyinaa mu, nanso wanhu abosom no.
35 She said to her father, “Don’t let my lord be angry that I can’t rise up before you; for I’m having my period.” He searched, but didn’t find the teraphim.
Rahel ka kyerɛɛ nʼagya se, “Agya, mma wo bo mfuw me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mennsɔre nnyina hɔ, makɔ afikyiri.” Enti Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhu.
36 Jacob was angry, and argued with Laban. Jacob answered Laban, “What is my trespass? What is my sin, that you have hotly pursued me?
Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuw Laban yiye, bisaa no se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumɔyɛsɛm bɛn na madi a ɛno nti, woataa me ara yi?”
37 Now that you have felt around in all my stuff, what have you found of all your household stuff? Set it here before my relatives and your relatives, that they may judge between us two.
Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, dɛn ade na wuhuu a ɛyɛ wo ne wo fifo de? Nea wuhuu biara no, fa bɛto gua wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ nea ɛyɛ ne de.
38 “These twenty years I have been with you. Your ewes and your female goats have not cast their young, and I haven’t eaten the rams of your flocks.
“Mfirihyia aduonu a wo ne me tenae, wo nguan ne wo mmirekyi abere no ampɔmpɔn, na mankum wʼadwennini yi bi amfi wo nguankuw yi mu anwe da.
39 That which was torn of animals, I didn’t bring to you. I bore its loss. Of my hand you required it, whether stolen by day or stolen by night.
Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atetew ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kum wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wowia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma mitua ka.
40 This was my situation: in the day the drought consumed me, and the frost by night; and my sleep fled from my eyes.
Eyi ne tebea a na mewɔ mu: Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me ne anadwo maa awɔw dee me; nam so maa nna yera fii mʼaniwa mu.
41 These twenty years I have been in your house. I served you fourteen years for your two daughters, and six years for your flock, and you have changed my wages ten times.
Tebea a na mewɔ mu mfirihyia aduonu a metenaa wo nkyɛn no nyinaa ni. Mede mfirihyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmabea baanu no. Na mede mfirihyia asia nso hwɛɛ wo nguan, na wosesaa mʼakatua mpɛn du.
42 Unless the God of my father, the God of Abraham, and the fear of Isaac, had been with me, surely now you would have sent me away empty. God has seen my affliction and the labour of my hands, and rebuked you last night.”
Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya som no, Onyankopɔn a Abraham som no a ɔwɔ mʼafa ne suro a misuro mʼagya Isak a, anka nokware ni, wopam me maa mede me nsa pan kɔe. Nanso Onyankopɔn huu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma nti na nnɛra anadwo ɔkaa wʼanim no.”
43 Laban answered Jacob, “The daughters are my daughters, the children are my children, the flocks are my flocks, and all that you see is mine! What can I do today to these my daughters, or to their children whom they have borne?
Laban buaa Yakob se, “Mmea no yɛ me mmabea, mmofra no nso yɛ me nenanom, na nguankuw no nso yɛ me nguankuw. Nneɛma a wuhu yi nyinaa yɛ me de. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmabea ne me nenanom bɔne?
44 Now come, let’s make a covenant, you and I. Let it be for a witness between me and you.”
Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ebedi me ne wo ntam adanse. Saa apam no so na yebedi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”
45 Jacob took a stone, and set it up for a pillar.
Enti Yakob faa ɔbo de sii hɔ yɛɛ nkaedum.
46 Jacob said to his relatives, “Gather stones.” They took stones, and made a heap. They ate there by the heap.
Yakob kyerɛɛ ne nuanom no se, “Montase abo!” Enti wɔtasee abo boaa ano, na wɔn nyinaa tenaa ho didii.
47 Laban called it Jegar Sahadutha, but Jacob called it Galeed.
Laban frɛɛ abo kuw no Yegar-Sahaduta a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw. Yakob nso frɛɛ saa abo kuw no Gal-Ed, a ne nkyerɛase ne Adanse Kuw saa ara.
48 Laban said, “This heap is witness between me and you today.” Therefore it was named Galeed
Laban kae se, “Abo Kuw yi na edi me ne wo ntam adanse nnɛ!” Ɛno nti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.
49 and Mizpah, for he said, “The LORD watch between me and you, when we are absent one from another.
Na wɔsan frɛ abo nkaedum no nso bio sɛ, “Mispa” efisɛ Laban kae se, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tetew mpo a, yɛn mu biara bedi saa apam yi so.
50 If you afflict my daughters, or if you take wives in addition to my daughters, no man is with us; behold, God is witness between me and you.”
Sɛ woanhwɛ me mmabea yi yiye anaasɛ woware mmea foforo ka me mmabea yi ho a, ɛwɔ mu sɛ merenhu, nanso Onyankopɔn de, obehu.”
51 Laban said to Jacob, “See this heap, and see the pillar, which I have set between me and you.
Laban san ka kyerɛɛ Yakob se, “Abo Kuw yi ni. Nkaedum a mede asi me ne wo ntam no nso ni.
52 May this heap be a witness, and the pillar be a witness, that I will not pass over this heap to you, and that you will not pass over this heap and this pillar to me, for harm.
Abo Kuw yi, ne nkaedum yi nyɛ adanse sɛ, me Laban, merentra saa Abo Kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Abo kuw yi ne nkaedum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me.
53 The God of Abraham, and the God of Nahor, the God of their father, judge between us.” Then Jacob swore by the fear of his father, Isaac.
Ma Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn nyɛ otemmufo wɔ me ne wo ntam.” Enti Yakob de nʼagya Isak Nyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɔhye no.
54 Jacob offered a sacrifice in the mountain, and called his relatives to eat bread. They ate bread, and stayed all night in the mountain.
Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔre wɔ bepɔw no atifi, na ohyiahyiaa ne nnamfonom ma wobedidii. Ɛno akyi no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔw no so.
55 Early in the morning, Laban rose up, and kissed his sons and his daughters, and blessed them. Laban departed and returned to his place.
Laban sɔree anɔpatutuutu few ne nenanom ne ne mmabea no ano, hyiraa wɔn. Na ɔsan nʼakyi kɔɔ ne kurom.

< Genesis 31 >