< Zechariah 14 >

1 Behold, the day of the LORD cometh, and thy spoil shall be divided in the midst of thee.
Awurade da bi reba a, wɔbɛkyɛ mo asade wɔ mo mu.
2 For I will gather all nations against Jerusalem to battle; and the city shall be taken, and the houses rifled, and the women ravished; and half of the city shall go forth into captivity, and the rest of the people shall not be cut off from the city.
Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wobewia afi mu nneɛma, na wɔato mmea no mmonnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkae no bɛka kuropɔn no mu.
3 Then shall the LORD go forth, and fight against those nations, as when he fought in the day of battle.
Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛnea ɔko, ɔkoda no.
4 And his feet shall stand in that day upon the mount of Olives, which is before Jerusalem on the east, and the mount of Olives shall cleave in the midst of it toward the east and toward the west, and there shall be a very great valley; and half of the mountain shall remove toward the north, and half of it toward the south.
Saa da no, ɔde nʼanammɔn besisi Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no so, na Ngo Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam na ayɛ obon kɛse. Ɛbɛma bepɔw no fa akɔ atifi fam, na fa nso akɔ anafo fam.
5 And ye shall flee to the valley of the mountains; for the valley of the mountains shall reach to Azal: yea, ye shall flee, as ye fled from before the earthquake in the days of Uzziah king of Judah: and the LORD my God shall come, and all the saints with thee.
Mubeguan afa me bon no mu, efisɛ ekosi Asel. Mubeguan, sɛnea moyɛɛ no bere a asase wosow wɔ Yudahene Usia bere so no. Afei, Awurade, me Nyankopɔn, bɛba a ahotefo nyinaa ka ne ho.
6 And it shall come to pass in that day, that the light shall not be clear, nor dark:
Saa da no, hann, awɔw ne sukyerɛmma remma.
7 But it shall be one day which shall be known to the LORD, not day, nor night: but it shall come to pass, that at evening it shall be light.
Ɛbɛyɛ da sononko a enni awia anaa anadwo, da a Awurade na onim. Onwini bedwo no na hann wɔ hɔ.
8 And it shall be in that day, that living waters shall go out from Jerusalem; half of them toward the former sea, and half of them toward the hinder sea: in summer and in winter shall it be.
Saa da no, nkwa nsu bɛteɛ afi Yerusalem, fa bɛkɔ apuei po mu, na fa akɔ atɔe po mu, ahohurubere ne awɔwbere mu.
9 And the LORD shall be king over all the earth: in that day shall there be one LORD, and his name one.
Awurade bedi hene wɔ asase nyinaa so. Saa da no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.
10 All the land shall be turned as a plain from Geba to Rimmon south of Jerusalem: and it shall be lifted up, and inhabited in her place, from Benjamin’s gate to the place of the first gate, to the corner gate, and from the tower of Hananeel to the king’s winepresses.
Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea.
11 And men shall dwell in it, and there shall be no more utter destruction; but Jerusalem shall be safely inhabited.
Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem benya asomdwoe.
12 And this shall be the plague with which the LORD will smite all the people that have fought against Jerusalem; Their flesh shall consume away while they stand upon their feet, and their eyes shall consume away in their holes, and their tongue shall consume away in their mouth.
Eyi ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔw bere a wogyina wɔn anan so, Wɔn aniwa nkesua bɛporɔw wɔ wɔn ntokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom.
13 And it shall come to pass in that day, that a great tumult from the LORD shall be among them; and they shall lay hold every one on the hand of his neighbour, and his hand shall rise up against the hand of his neighbour.
Saa da no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wobetwa wɔn ho ako.
14 And Judah also shall fight at Jerusalem; and the wealth of all the heathen on every side shall be gathered together, gold, and silver, and apparel, in great abundance.
Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyade a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne adurade bebree.
15 And so shall be the plague of the horse, of the mule, of the camel, and of the donkey, and of all the beasts that shall be in these tents, as this plague.
Saa ɔyaredɔm koro yi ara bɛka apɔnkɔ, mfurumpɔnkɔ, yoma, mfurum ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfo nsra mu nyinaa.
16 And it shall come to pass, that every one that is left of all the nations which came against Jerusalem shall even go up from year to year to worship the King, the LORD of hosts, and to keep the feast of tabernacles.
Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no.
17 And it shall be, that whoever will not come up of all the families of the earth to Jerusalem to worship the King, the LORD of hosts, even upon them shall be no rain.
Sɛ wiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osu rentɔ mma wɔn.
18 And if the family of Egypt shall not go up, and shall not come, that have no rain; there shall be the plague, with which the LORD will smite the heathen that come not up to keep the feast of tabernacles.
Sɛ Misraimfo ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osu rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn.
19 This shall be the punishment of Egypt, and the punishment of all nations that come not up to keep the feast of tabernacles.
Eyi bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.
20 In that day there shall be upon the bells of the horses, HOLINESS TO THE LORD; and the pots in the LORD’S house shall be like the bowls before the altar.
Saa da no, wobekurukyerɛw asɛm a ɛka se: KRONKRON MA Awurade wɔ nnɔnnɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkuku a wɔde noa aduan wɔ Awurade fi no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a esisi afɔremuka anim.
21 Yea, every pot in Jerusalem and in Judah shall be holiness to the LORD of hosts: and all they that sacrifice shall come and take of them, and boil in them: and in that day there shall be no more the Canaanite in the house of the LORD of hosts.
Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fi bio.

< Zechariah 14 >