< Psalms 66 >

1 To the chief Musician, A Song or Psalm. Make a joyful noise to God, all ye lands:
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn!
2 Sing forth the honour of his name: make his praise glorious.
Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!
3 Say to God, How terrible art thou in thy works! through the greatness of thy power shall thy enemies submit themselves to thee.
Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo! Wo tumi so mmoroso a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim.
4 All the earth shall worship thee, and shall sing to thee; they shall sing to thy name. (Selah)
Asase nyinaa kotow wo; wɔto ayeyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.”
5 Come and see the works of God: he is terrible in his doing toward the children of men.
Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
6 He turned the sea into dry land: they went through the flood on foot: there we rejoiced in him.
Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; wɔnantew twaa nsu no mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.
7 He ruleth by his power for ever; his eyes behold the nations: let not the rebellious exalt themselves. (Selah)
Ɔde ne tumi di hene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatewfo nsɔre ntia no.
8 O bless our God, ye people, and make the voice of his praise to be heard:
Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei;
9 Who holdeth our soul in life, and alloweth not our feet to be moved.
wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn anan anwatiri.
10 For thou, O God, hast proved us: thou hast tried us, as silver is tried.
Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe; na wonan yɛn sɛ dwetɛ.
11 Thou hast brought us into the net; thou hast laid affliction upon our loins.
Wode yɛn koguu afiase na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
12 Thou hast caused men to ride over our heads; we went through fire and through water: but thou broughtest us out into a wealthy place.
Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsu mu, nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so.
13 I will go into thy house with burnt offerings: I will pay thee my vows,
Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu na madi bɔ a mahyɛ wo no so,
14 Which my lips have uttered, and my mouth hath spoken, when I was in trouble.
bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa bere a na mewɔ ɔhaw mu no.
15 I will offer to thee burnt sacrifices of fatlings, with the incense of rams; I will offer bulls with goats. (Selah)
Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo; adwennini ayɛyɛde; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre.
16 Come and hear, all ye that fear God, and I will declare what he hath done for my soul.
Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo.
17 I cried to him with my mouth, and he was extolled with my tongue.
Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
18 If I regard iniquity in my heart, the Lord will not hear me:
Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a, anka Awurade antie me.
19 But verily God hath heard me; he hath attended to the voice of my prayer.
Nanso nokware, Onyankopɔn atie me, wate me mpaebɔ.
20 Blessed be God, who hath not turned away my prayer, nor his mercy from me.
Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaebɔ na wanyi nʼadɔe amfi me so.

< Psalms 66 >