< Psalms 35 >

1 A Psalm of David. Plead my cause, O LORD, with them that strive with me: fight against them that fight against me.
Dawid dwom. Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi; ko tia wɔn a wɔko tia me.
2 Take hold of shield and buckler, and stand up for my help.
Fa wo nkatabo ne wʼakode; na sɔre bra bɛboa me.
3 Draw out also the spear, and stop the way against them that persecute me: say to my soul, I am thy salvation.
Twe peaw ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me no so. Ka kyerɛ me kra se, “Mene wʼagyenkwa.”
4 Let them be confounded and put to shame that seek after my soul: let them be turned back and brought to confusion that devise my hurt.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.
5 Let them be as chaff before the wind: and let the angel of the LORD chase them.
Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔn a Awurade bɔfo repam wɔn no.
6 Let their way be dark and slippery: and let the angel of the LORD persecute them.
Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro, na Awurade bɔfo ntaa wɔn.
7 For without cause they have hid for me their net in a pit, which without cause they have dug for my soul.
Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa, na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti
8 Let destruction come upon him at unawares; and let his net that he hath hid catch himself: into that very destruction let him fall.
ma ɔsɛe mmefu wɔn mu na ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn, na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe.
9 And my soul shall be joyful in the LORD: it shall rejoice in his salvation.
Afei me kra ani begye wɔ Awurade mu na wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu.
10 All my bones shall say, LORD, who is like thee, who deliverest the poor from him that is too strong for him, even the poor and the needy from him that spoileth him?
Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se, “Hena na ɔte sɛ wo, Awurade? Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam, ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.”
11 False witnesses arose; they laid to my charge things that I knew not.
Adansekurumfo sɔre; wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm.
12 They rewarded me evil for good to the spoiling of my soul.
Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa.
13 But as for me, when they were sick, my clothing was sackcloth: I humbled my soul with fasting; and my prayer returned into my own bosom.
Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatam na mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase. Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no,
14 I behaved myself as though he had been my friend or brother: I bowed down heavily, as one that mourneth for his mother.
mekɔɔ so twaa adwo, sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhow sii me ti ase te sɛ nea meregyam me na.
15 But in my adversity they rejoiced, and gathered themselves together: yea, the smiters gathered themselves together against me, and I knew it not; they did tear me, and ceased not:
Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano; afowfo twaa me ho hyiae a minnim, na wodii me ho nseku a wɔantwa so da.
16 With hypocritical mockers in feasts, they gnashed upon me with their teeth.
Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu, wɔtwɛree wɔn se guu me so.
17 Lord, how long wilt thou look on? rescue my soul from their destructions, my darling from the lions.
Awurade, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn? Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu, gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam.
18 I will give thee thanks in the great congregation: I will praise thee among many people.
Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase; wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo.
19 Let not them that are my enemies wrongfully rejoice over me: neither let them wink with the eye that hate me without a cause.
Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no nhwɛ me haw nserew. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw.
20 For they speak not peace: but they devise deceitful matters against them that are quiet in the land.
Wɔnnkasa asomdwoe so, na mmom, wɔde ntwatoso tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
21 Yea, they opened their mouth wide against me, and said, Aha, aha, our eye hath seen it.
Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw, yɛde yɛn ankasa ani ahu.”
22 This thou hast seen, O LORD: keep not silence: O Lord, be not far from me.
Awurade, woahu na mmua wʼano. Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.
23 Stir up thyself, and awake to my judgment, even to my cause, my God and my Lord.
Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.
24 Judge me, O LORD my God, according to thy righteousness; and let them not rejoice over me.
Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn; mma wɔnnhwɛ me haw nserew.
25 Let them not say in their hearts, Ah, so would we have it: let them not say, We have swallowed him up.
Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”
26 Let them be ashamed and brought to confusion together that rejoice at my hurt: let them be clothed with shame and dishonour that magnify themselves against me.
Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwu ne animguase atade.
27 Let them shout for joy, and be glad, that favour my righteous cause: yea, let them say continually, Let the LORD be magnified, who hath pleasure in the prosperity of his servant.
Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”
28 And my tongue shall speak of thy righteousness and of thy praise all the day long.
Me tɛkrɛma bɛka wo trenee, ne wʼayeyi, da mu nyinaa.

< Psalms 35 >