< Leviticus 8 >

1 And the LORD spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Take Aaron and his sons with him, and the garments, and the anointing oil, and a bull for the sin offering, and two rams, and a basket of unleavened bread;
“Afei fa Aaron ne ne mmabarima bra Ahyiae Ntamadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntade, ɔsra ngo, nantwi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien ne brodo a mmɔkaw nni mu nkɛntɛn abien
3 And gather thou all the congregation together to the door of the tabernacle of the congregation.
na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”
4 And Moses did as the LORD commanded him; and the assembly was gathered together to the door of the tabernacle of the congregation.
Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano.
5 And Moses said to the congregation, This is the thing which the LORD commanded to be done.
Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.”
6 And Moses brought Aaron and his sons, and washed them with water.
Afei, Mose de Aaron ne ne mmabarima no baa anim, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho.
7 And he put upon him the coat, and girded him with the waistband, and clothed him with the robe, and put the ephod upon him, and he girded him with the beautifully woven band of the ephod, and bound it to him with it.
Ɔde Aaron atade sononko bi a ne mmeamu ka ho ne batakari a asɔfotade a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔso hyɛɛ no.
8 And he put the breastplate upon him: also he put in the breastplate the Urim and the Thummim.
Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu.
9 And he put the mitre upon his head; also upon the mitre, even upon his front, did he put the golden plate, the holy crown; as the LORD commanded Moses.
Ɔbɔɔ Aaron abotiri kɛse bi a ɛwɔ sika abɔanim sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
10 And Moses took the anointing oil, and anointed the tabernacle and all that was in it, and sanctified them.
Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho.
11 And he sprinkled part of it upon the altar seven times, and anointed the altar and all its vessels, both the laver and its foot, to sanctify them.
Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho.
12 And he poured of the anointing oil upon Aaron’s head, and anointed him, to sanctify him.
Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase.
13 And Moses brought Aaron’s sons, and put coats upon them, and girded them with waistbands, and put headdresses upon them; as the LORD commanded Moses.
Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
14 And he brought the bull for the sin offering: and Aaron and his sons laid their hands upon the head of the bull for the sin offering.
Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam.
15 And he slew it; and Moses took the blood, and put it around upon the horns of the altar with his finger, and purified the altar, and poured the blood at the bottom of the altar, and sanctified it, to make reconciliation upon it.
Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata.
16 And he took all the fat that was upon the inwards, and the fat above the liver, and the two kidneys, and their fat, and Moses burned it upon the altar.
Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so.
17 But the bull, and his hide, his flesh, and his dung, he burnt with fire outside the camp; as the LORD commanded Moses.
Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
18 And he brought the ram for the burnt offering: and Aaron and his sons laid their hands upon the head of the ram.
Afei, ɔde odwennini no maa Awurade sɛ ɔhyew afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam.
19 And he killed it; and Moses sprinkled the blood around upon the altar.
Na Mose kum no de ne mogya no bi petee afɔremuka no ho nyinaa.
20 And he cut the ram into pieces; and Moses burnt the head, and the pieces, and the fat.
Otwitwaa odwennini no nam na ɔhyew asinasin no a ne ti ne ne srade ka ho.
21 And he washed the inwards and the legs in water; and Moses burnt the whole ram upon the altar: it was a burnt sacrifice for a sweet savour, and an offering made by fire to the LORD; as the LORD commanded Moses.
Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa Awurade, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
22 And he brought the other ram, the ram of consecration: and Aaron and his sons laid their hands upon the head of the ram.
Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam.
23 And he slew it; and Moses took of its blood, and put it upon the tip of Aaron’s right ear, and upon the thumb of his right hand, and upon the great toe of his right foot.
Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.
24 And he brought Aaron’s sons, and Moses put of the blood upon the tip of their right ear, and upon the thumbs of their right hands, and upon the great toes of their right feet: and Moses sprinkled the blood around upon the altar.
Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa.
25 And he took the fat, and the rump, and all the fat that was upon the inwards, and the fat above the liver, and the two kidneys, and their fat, and the right shoulder:
Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no.
26 And out of the basket of unleavened bread, that was before the LORD, he took one unleavened cake, and a cake of oiled bread, and one wafer, and put them on the fat, and upon the right shoulder:
Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so.
27 And he put all upon Aaron’s hands, and upon his sons’ hands, and waved them for a wave offering before the LORD.
Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ.
28 And Moses took them from off their hands, and burnt them on the altar upon the burnt offering: they were consecrations for a sweet savour: it is an offering made by fire to the LORD.
Mose gyee ne nyinaa fii wɔn nsam hyew no wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so sɛ asɔfohyɛ afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
29 And Moses took the breast, and waved it for a wave offering before the LORD: for of the ram of consecration it was Moses’ part; as the LORD commanded Moses.
Afei Mose nso faa ne yan no a na ɛyɛ ne kyɛfa wɔ asɔfohyɛ dwennini nam no mu no hinhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
30 And Moses took of the anointing oil, and of the blood which was upon the altar, and sprinkled it upon Aaron, and upon his garments, and upon his sons, and upon his sons’ garments with him; and sanctified Aaron, and his garments, and his sons, and his sons’ garments with him.
Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa Awurade dwumadi.
31 And Moses said to Aaron and to his sons, Boil the flesh at the door of the tabernacle of the congregation: and there eat it with the bread that is in the basket of consecrations, as I commanded, saying, Aaron and his sons shall eat it.
Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no.
32 And that which remaineth of the flesh and of the bread shall ye burn with fire.
Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew.
33 And ye shall not go out of the door of the tabernacle of the congregation in seven days, until the days of your consecration shall be at an end: for seven days shall he consecrate you.
Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no.
34 As he hath done this day, so the LORD hath commanded to do, to make an atonement for you.
Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn.
35 Therefore shall ye abide at the door of the tabernacle of the congregation day and night seven days, and keep the charge of the LORD, that ye die not: for so I am commanded.
Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a Awurade aka.’”
36 So Aaron and his sons did all things which the LORD commanded by the hand of Moses.
Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

< Leviticus 8 >