< Leviticus 6 >

1 And the LORD spoke to Moses, saying,
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 If a soul shall sin, and commit a trespass against the LORD, and lie to his neighbour in that which was delivered him to keep, or in fellowship, or in a thing taken away by violence, or hath deceived his neighbour;
“Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko,
3 Or hath found that which was lost, and lieth concerning it, and sweareth falsely; in any of all these that a man doeth, sinning in it:
anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a,
4 Then it shall be, because he hath sinned, and is guilty, that he shall restore that which he took by force, or the thing which he obtained by deceit, or that which was delivered him to keep, or the lost thing which he found,
sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba,
5 Or all that about which he hath sworn falsely; he shall even restore it in the principal, and shall add to it the fifth part more, and give it to him to whom it appertaineth, in the day of his trespass offering.
biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no.
6 And he shall bring his trespass offering to the LORD, a ram without blemish out of the flock, with thy estimation, for a trespass offering, to the priest:
Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no sɛ ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo.
7 And the priest shall make an atonement for him before the LORD: and it shall be forgiven him for any thing of all that he hath done in trespassing in it.
Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”
8 And the LORD spoke to Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
9 Command Aaron and his sons, saying, This is the law of the burnt offering: It is the burnt offering, because of the burning upon the altar all night until the morning, and the fire of the altar shall be burning in it.
“Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. ‘Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ sɛ afɔremuka gya no kɔ so dɛw.
10 And the priest shall put on his linen garment, and his linen breeches shall he put upon his flesh, and take up the ashes which the fire hath consumed with the burnt offering on the altar, and he shall put them beside the altar.
Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn wɔ ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn.
11 And he shall put off his garments, and put on other garments, and carry forth the ashes outside the camp to a clean place.
Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no.
12 And the fire upon the altar shall be burning on it; it shall not be put out: and the priest shall burn wood on it every morning, and lay the burnt offering in order upon it; and he shall burn on it the fat of the peace offerings.
Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no.
13 The fire shall ever be burning upon the altar; it shall never go out.
Ɛsɛ sɛ bere biara ogya no kɔ so dɛw wɔ afɔremuka no so; ɛnsɛ sɛ edum.
14 And this is the law of the meat offering: the sons of Aaron shall offer it before the LORD, before the altar.
“‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade.
15 And he shall take of it his handful, of the flour of the meat offering, and of its oil, and all the frankincense which is upon the meat offering, and shall burn it upon the altar for a sweet savour, even the memorial of it, to the LORD.
Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani.
16 And the remainder of it shall Aaron and his sons eat: with unleavened bread shall it be eaten in the holy place; in the court of the tabernacle of the congregation they shall eat it.
Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra.
17 It shall not be baked with leaven. I have given it to them for their portion of my offerings made by fire; it is most holy, as is the sin offering, and as the trespass offering.
Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron.
18 All the males among the children of Aaron shall eat of it. It shall be a statute for ever in your generations concerning the offerings of the LORD made by fire: every one that toucheth them shall be holy.
Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’”
19 And the LORD spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
20 This is the offering of Aaron and of his sons, which they shall offer to the LORD in the day when he is anointed; the tenth part of an ephah of fine flour for a meat offering perpetual, half of it in the morning, and half of it at night.
“Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere.
21 In a pan it shall be made with oil; and when it is baked, thou shalt bring it in: and the baked pieces of the meat offering shalt thou offer for a sweet savour to the LORD.
Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dade apampaa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yiye na wɔde ba sɛ ehua a ɛsɔ Awurade nʼani.
22 And the priest of his sons that is anointed in his stead shall offer it: it is a statute for ever to the LORD; it shall be wholly burnt.
Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhyew ne nyinaa no.
23 For every meat offering for the priest shall be wholly burnt: it shall not be eaten.
Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ sɛ wodi.”
24 And the LORD spoke to Moses, saying,
Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
25 Speak to Aaron and to his sons, saying, This is the law of the sin offering: In the place where the burnt offering is killed shall the sin offering be killed before the LORD: it is most holy.
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: ‘Saa afɔrebɔde yi ho yɛ kronkron yiye enti ɛsɛ sɛ wokum no Awurade anim wɔ beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no.
26 The priest that offereth it for sin shall eat it: in the holy place shall it be eaten, in the court of the tabernacle of the congregation.
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ.
27 Whatever shall touch the flesh of it shall be holy: and when there is sprinkled of its blood upon any garment, thou shalt wash that on which it was sprinkled in the holy place.
Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade no wɔ beae a wɔatew ho hɔ.
28 But the earthen vessel in which it is boiled shall be broken: and if it shall be boiled in a brasen pot, it shall be both scoured, and rinsed in water.
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no wɔ mu no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye.
29 All the males among the priests shall eat of it: it is most holy.
Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no bi—wɔn nko ara—efisɛ ɛyɛ kronkron yiye.
30 And no sin offering, of which any of the blood is brought into the tabernacle of the congregation to make atonement in the holy place, shall be eaten: it shall be burnt in the fire.
Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi kɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de kɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.

< Leviticus 6 >