< Jeremiah 25 >

1 The word that came to Jeremiah concerning all the people of Judah in the fourth year of Jehoiakim the son of Josiah king of Judah, that was the first year of Nebuchadnezzar king of Babylon;
Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu.
2 Which Jeremiah the prophet spoke to all the people of Judah, and to all the inhabitants of Jerusalem, saying,
Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se,
3 From the thirteenth year of Josiah the son of Amon king of Judah, even to this day, that is the three and twentieth year, the word of the LORD hath come to me, and I have spoken to you, rising early and speaking; but ye have not hearkened.
Mfe aduonu abiɛsa ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.
4 And the LORD hath sent to you all his servants the prophets, rising early and sending them; but ye have not hearkened, nor inclined your ear to hear.
Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ.
5 They said, Turn ye again now every one from his evil way, and from the evil of your doings, and dwell in the land that the LORD hath given to you and to your fathers for ever and ever:
Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.
6 And go not after other gods to serve them, and to worship them, and provoke me not to anger with the works of your hands; and I will do you no harm.
Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”
7 Yet ye have not hearkened to me, saith the LORD; that ye might provoke me to anger with the works of your hands to your own harm.
“Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”
8 Therefore thus saith the LORD of hosts; Because ye have not heard my words,
Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti,
9 Behold, I will send and take all the families of the north, saith the LORD, and Nebuchadnezzar the king of Babylon, my servant, and will bring them against this land, and against its inhabitants, and against all these nations on every side, and will utterly destroy them, and make them an horror, and an hissing, and perpetual desolations.
mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ.
10 Moreover I will take from them the voice of mirth, and the voice of gladness, the voice of the bridegroom, and the voice of the bride, the sound of the millstones, and the light of the candle.
Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu.
11 And this whole land shall be a desolation, and an astonishment; and these nations shall serve the king of Babylon seventy years.
Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.
12 And it shall come to pass, when seventy years are accomplished, that I will punish the king of Babylon, and that nation, saith the LORD, for their iniquity, and the land of the Chaldeans, and will make it perpetual desolations.
“Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni.
13 And I will bring upon that land all my words which I have pronounced against it, even all that is written in this book, which Jeremiah hath prophesied against all the nations.
“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.
14 For many nations and great kings shall be served by them also: and I will recompense them according to their deeds, and according to the works of their own hands.
Wɔn ankasa de, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
15 For thus saith the LORD God of Israel to me; Take the wine cup of this fury at my hand, and cause all the nations, to whom I send thee, to drink it.
Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.
16 And they shall drink, and be moved, and go mad, because of the sword that I will send among them.
Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”
17 Then I took the cup at the LORD’S hand, and made all the nations to drink, to whom the LORD had sent me:
Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:
18 That is, Jerusalem, and the cities of Judah, and its kings, and its princes, to make them a desolation, an horror, an hissing, and a curse; as it is this day;
Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.
19 Pharaoh king of Egypt, and his servants, and his princes, and all his people;
Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa,
20 And all the mixed people, and all the kings of the land of Uz, and all the kings of the land of the Philistines, and Ashkelon, and Azzah, and Ekron, and the remnant of Ashdod,
ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);
21 Edom, and Moab, and the children of Ammon,
Edom, Moab ne Amon;
22 And all the kings of Tyre, and all the kings of Zidon, and the kings of the isles which are beyond the sea,
Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;
23 Dedan, and Tema, and Buz, and all that are in the utmost corners,
Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
24 And all the kings of Arabia, and all the kings of the mixed people that dwell in the desert,
Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.
25 And all the kings of Zimri, and all the kings of Elam, and all the kings of the Medes,
Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
26 And all the kings of the north, far and near, one with another, and all the kingdoms of the world, which are upon the face of the earth: and the king of Sheshach shall drink after them.
ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
27 Therefore thou shalt say to them, Thus saith the LORD of hosts, the God of Israel; Drink ye, and be drunk, and vomit, and fall, and rise no more, because of the sword which I will send among you.
“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’
28 And it shall be, if they refuse to take the cup at thy hand to drink, then shalt thou say to them, Thus saith the LORD of hosts; Ye shall certainly drink.
Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom!
29 For, lo, I begin to bring evil on the city which is called by my name, and should ye be utterly unpunished? Ye shall not be unpunished: for I will call for a sword upon all the inhabitants of the earth, saith the LORD of hosts.
Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’
30 Therefore prophesy thou against them all these words, and say to them, The LORD shall roar from on high, and utter his voice from his holy habitation; he shall mightily roar upon his habitation; he shall give a shout, as they that tread the grapes, against all the inhabitants of the earth.
“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se, “‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu; ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu dennen atia nʼasase. Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so, ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.
31 A noise shall come even to the ends of the earth; for the LORD hath a controversy with the nations, he will plead with all flesh; he will give them that are wicked to the sword, saith the LORD.
Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman; obebu adesamma nyinaa atɛn na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’” Awurade na ose.
32 Thus saith the LORD of hosts, Behold, evil shall go forth from nation to nation, and a great whirlwind shall be raised from the ends of the earth.
Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw fi ɔman so kɔ ɔman foforo so; ahum kɛse bi rema ne ho so afi nsase ano.”
33 And the slain of the LORD shall be at that day from one end of the earth even to the other end of the earth: they shall not be lamented, neither gathered, nor buried; they shall be refuse upon the ground.
Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
34 Wail, ye shepherds, and cry; and wallow yourselves in the ashes, ye chief of the flock: for the days of your slaughter and of your dispersions are accomplished; and ye shall fall like a pleasant vessel.
Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo; mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo. Mo kum bere no adu; mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.
35 And the shepherds shall have no way to flee, nor the chief of the flock to escape.
Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ, na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.
36 A voice of the cry of the shepherds, and a wailing of the chief of the flock, shall be heard: for the LORD hath laid waste their pasture.
Muntie nguanhwɛfo no su, ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa, efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
37 And the peaceable habitations are cut down because of the fierce anger of the LORD.
Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan esiane Awurade abufuwhyew no nti.
38 He hath forsaken his covert, as the lion: for their land is desolate because of the fierceness of the oppressor, and because of his fierce anger.
Obefi ne tu mu sɛ gyata, na wɔn asase bɛda mpan esiane nnomumfafo no afoa ne Awurade abufuwhyew no nti.

< Jeremiah 25 >