< Genesis 34 >

1 And Dinah the daughter of Leah, which she bore to Jacob, went out to see the daughters of the land.
Da koro bi, Lea ne Yakob ba Dina fii adi kɔsraa mmabaa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no.
2 And when Shechem the son of Hamor the Hivite, prince of the country, saw her, he took her, and lay with her, and defiled her.
Bere a Hewifohene Hamor babarima Sekem huu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no mmonnaa.
3 And his soul cleaved to Dinah the daughter of Jacob, and he loved the damsel, and spoke kindly to the damsel.
Efi saa bere no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.
4 And Shechem spoke to his father Hamor, saying, Get me this damsel for a wife.
Ɛno nti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor se, “Mepɛ sɛ meware ababaa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”
5 And Jacob heard that he had defiled Dinah his daughter: now his sons were with his cattle in the field: and Jacob held his peace until they had come.
Bere a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babea Dina akɔto no mmonnaa no, na ne mmabarima no nyinaa ne wɔn agya anantwi wɔ wuram. Enti Yakob anka hwee kosii sɛ wɔbae.
6 And Hamor the father of Shechem went out to Jacob to speak with him.
Sekem nʼagya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kodii nkɔmmɔ.
7 And the sons of Jacob came from the field when they heard it: and the men were grieved, and they were very angry, because he had wrought folly in Israel in lying with Jacob’s daughter; which thing ought not to be done.
Yakob mmabarima no tee wɔn nuabea Dina ho asɛm no pɛ, wofii wuram hɔ bae. Wɔn werɛ howee na wɔn bo nso fuw yiye, efisɛ Sekem ayɛ aniwude wɔ Israel. Ɔne Yakob babea dae, na eyi yɛ akyiwade.
8 And Hamor spoke with them, saying, The soul of my son Shechem longeth for your daughter: I pray you give her to him for a wife.
Nanso Hamor ka kyerɛɛ Yakob se, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no na ɔnware no.
9 And make ye marriages with us, give your daughters to us, and take our daughters to you.
Mo ne yenni aware. Momfa mo mmabea mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmabea mma mo aware.
10 And ye shall dwell with us: and the land shall be before you; dwell and trade ye in it, and get you possessions in it.
Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.”
11 And Shechem said to her father and to her brethren, Let me find favour in your eyes, and what ye shall say to me I will give.
Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua.
12 Ask me never so much dowry and gift, and I will give according as ye shall say to me: but give me the damsel for a wife.
Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.”
13 And the sons of Jacob answered Shechem and Hamor his father deceitfully, and said, because he had defiled Dinah their sister:
Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fi no nti, mmuae a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokware. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforo bi wɔ akyi.
14 And they said to them, We cannot do this thing, to give our sister to one that is uncircumcised; for that would be a reproach to us:
Yakob mmabarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor se, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia aware. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase.
15 But in this will we consent to you: If ye will be as we are, that every male of you shall be circumcised;
Ansa na yɛde yɛn nuabea bɛma wo aware no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn.
16 Then will we give our daughters to you, and we will take your daughters to us, and we will dwell with you, and we will become one people.
Sɛ moyɛ saa de a, yɛne mo bedi aware. Mobɛware yɛn mmea, na yɛn nso, yɛaware mo mmea. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako.
17 But if ye will not hearken to us, to be circumcised; then will we take our daughter, and we will be gone.
Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia de a, yebegye yɛn nuabea de no akɔ.”
18 And their words pleased Hamor, and Shechem Hamor’s son.
Asɛm a wɔkae no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom.
19 And the young man deferred not to do the thing, because he had delight in Jacob’s daughter: and he was more honourable than all the house of his father.
Sekem a na ɔyɛ aberante a odi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Okotwaa twetia no, sɛnea Yakob mma no kae no, efisɛ na ɔpɛ Yakob babea no yiye.
20 And Hamor and Shechem his son came to the gate of their city, and spoke with the men of their city, saying,
Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ gua wɔ kurow no pon ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasae se,
21 These men are peaceable with us; therefore let them dwell in the land, and trade in it; for the land, behold, it is large enough for them; let us take their daughters to us for wives, and let us give them our daughters.
“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de.
22 Only on this condition will the men consent to us to dwell with us, to be one people, if every male among us shall be circumcised, as they are circumcised.
Nanso ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa koro no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛnea wɔn nso wɔatwitwa twetia no.
23 Shall not their cattle and their substance and every beast of theirs be ours? only let us consent to them, and they will dwell with us.
Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”
24 And to Hamor and to Shechem his son hearkened all that went out of the gate of his city; and every male was circumcised, all that went out of the gate of his city.
Mmarima a wokohyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kurow no pon ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.
25 And it came to pass on the third day, when they were sore, that two of the sons of Jacob, Simeon and Levi, Dinah’s brethren, took each man his sword, and came upon the city boldly, and slew all the males.
Nnansa akyi a na twetiatwa no nti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wogye wɔn ho a ennye no, Yakob mmabarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuabarimanom no faa wɔn mpeaw. Wɔkɔtow hyɛɛ kurow no so bere a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkum mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.
26 And they slew Hamor and Shechem his son with the edge of the sword, and took Dinah out of Shechem’s house, and went out.
Wɔde peaw kum Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabea Dina fii Sekem fi de no kɔɔ wɔn nkyɛn.
27 The sons of Jacob came upon the slain, and spoiled the city, because they had defiled their sister.
Yakob mmabarima a wɔaka no nso tow hyɛɛ kurow no so. Wotiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kurow no mu nneɛma nyinaa pasaa, efisɛ ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabea Dina ho fi.
28 They took their sheep, and their oxen, and their donkeys, and that which was in the city, and that which was in the field,
Wɔfom wɔn mmoa, wɔn anantwi, wɔn nguan, wɔn mfurum ne wɔn agyapade biara a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa.
29 And all their wealth, and all their little ones, and their wives they took captive, and spoiled even all that was in the house.
Wɔfaa wɔn ahode, wɔn yerenom ne wɔn mmea, fom wɔn afi mu nneɛma nyinaa.
30 And Jacob said to Simeon and Levi, Ye have troubled me to make me odious among the inhabitants of the land, among the Canaanites and the Perizzites: and I being few in number, they shall gather themselves together against me, and slay me; and I shall be destroyed, I and my house.
Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi se, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama nnɛ me ho koraa abɔn Perisifo ne Kanaanfo a mete wɔn asase so yi. Yɛnnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bo mu bɛtow hyɛ yɛn so a, wɔbɛhyew me ne mʼasefo nyinaa.”
31 And they said, Should he deal with our sister as with an harlot?
Na wobuaa wɔn agya se, “Enti anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo ana?”

< Genesis 34 >