< Deuteronomy 26 >

1 And it shall be, when thou hast come in to the land which the LORD thy God giveth thee for an inheritance, and dost possess it, and dwellest in it;
Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rebɛma mo sɛ mo agyapade no so na moko gye, na motena so a,
2 That thou shalt take of the first of all the fruit of the earth, which thou shalt bring of thy land that the LORD thy God giveth thee, and shalt put it in a basket, and shalt go to the place which the LORD thy God shall choose to place his name there.
momfa otwakan wɔ otwabere biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no,
3 And thou shalt go to the priest that shall be in those days, and say to him, I profess this day to the LORD thy God, that I have come to the country which the LORD swore to our fathers to give us.
na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛ Awurade de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.”
4 And the priest shall take the basket from thy hand, and set it down before the altar of the LORD thy God.
Afei, ɔsɔfo no begye kɛntɛn no afi wo nsam de asi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no anim.
5 And thou shalt speak and say before the LORD thy God, A Syrian ready to perish was my father, and he went down to Egypt, and sojourned there with a few, and became there a nation, great, mighty, and populous:
Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ ɔkwantuni Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛse.
6 And the Egyptians oppressed us, and afflicted us, and laid upon us hard bondage:
Bere a Misraimfo dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no,
7 And when we cried to the LORD God of our fathers, the LORD heard our voice, and looked on our affliction, and our labour, and our oppression:
yesu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu.
8 And the LORD brought us out of Egypt with a mighty hand, and with an outstretched arm, and with great terribleness, and with signs, and with wonders:
Enti Awurade nam tumi a ɛyɛ nwonwa, ehu a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnne a epusuw nnipa ne anwonwasɛm so gyee yɛn fii Misraim.
9 And he hath brought us into this place, and hath given us this land, even a land that floweth with milk and honey.
Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufusu ne ɛwo resen so yi maa yɛn.
10 And now, behold, I have brought the firstfruits of the land, which thou, O LORD, hast given me. And thou shalt set it before the LORD thy God, and worship before the LORD thy God:
Afei, Awurade, mede akyɛde a ɛyɛ mʼaduankan a wode fi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduan no si Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na sɔre no.
11 And thou shalt rejoice in every good thing which the LORD thy God hath given to thee, and to thy house, thou, and the Levite, and the stranger that is among you.
Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho.
12 When thou hast finished tithing all the tithes of thy increase the third year, which is the year of tithing, and hast given it to the Levite, the stranger, the fatherless, and the widow, that they may eat within thy gates, and be filled;
Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so.
13 Then thou shalt say before the LORD thy God, I have brought away the hallowed things out of my house, and also have given them to the Levite, and to the stranger, to the fatherless, and to the widow, according to all thy commandments which thou hast commanded me: I have not transgressed thy commandments, neither have I forgotten them:
Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim se, “Mede akyɛde kronkron a efi me fi ama Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea wohyɛɛ me no. Mimmuu wʼahyɛde bi so anaa me werɛ mfii wo mmara no mu biara ɛ.
14 I have not eaten of it in my mourning, neither have I taken away any of it for any unclean use, nor given any of it for the dead: but I have hearkened to the voice of the LORD my God, and have done according to all that thou hast commanded me.
Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie Awurade, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.
15 Look down from thy holy habitation, from heaven, and bless thy people Israel, and the land which thou hast given us, as thou didst swear to our fathers, a land that floweth with milk and honey.
Fi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfo Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea wode ntam hyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”
16 This day the LORD thy God hath commanded thee to perform these statutes and judgments: thou shalt therefore keep and do them with all thy heart, and with all thy soul.
Awurade, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ.
17 Thou hast proclaimed the LORD this day to be thy God, and to walk in his ways, and to keep his statutes, and his commandments, and his judgments, and to hearken to his voice:
Moapae mu aka no nnɛ se, Awurade yɛ, mo Nyankopɔn, na mobɛnantew nʼakwan so na mubedi ne mmara so ayɛ osetie ama no.
18 And the LORD hath proclaimed thee this day to be his special people, as he hath promised thee, and that thou shouldest keep all his commandments;
Na Awurade aka no nnɛ se, moyɛ ne nkurɔfo, nʼagyapade a ne koma da ho sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno nti, ɛsɛ sɛ mudi nʼahyɛde nyinaa so.
19 And to make thee high above all nations which he hath made, in praise, and in name, and in honour; and that thou mayest be an holy people to the LORD thy God, as he hath spoken.
Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛse asen ɔman biara. Afei, mubenya nkamfo ne anuonyam a ɛboro aman a wayɛ no nyinaa de so. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no.

< Deuteronomy 26 >