< 1 Kings 21 >

1 And it came to pass after these things, that Naboth the Jezreelite had a vineyard, which was in Jezreel, close to the palace of Ahab king of Samaria.
Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi.
2 And Ahab spoke to Naboth, saying, Give me thy vineyard, that I may have it for a garden of herbs, because it is near to my house: and I will give thee for it a better vineyard than it; or, if it seemeth good to thee, I will give thee the worth of it in money.
Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.”
3 And Naboth said to Ahab, The LORD forbid it me, that I should give the inheritance of my fathers to thee.
Nanso Nabot buae se, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapade bɛma wo.”
4 And Ahab came into his house sad and displeased because of the word which Naboth the Jezreelite had spoken to him: for he had said, I will not give thee the inheritance of my fathers. And he laid himself down upon his bed, and turned away his face, and would eat no food.
Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.
5 But Jezebel his wife came to him, and said to him, Why is thy spirit so sad, that thou eatest no food?
Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?”
6 And he said to her, Because I spoke to Naboth the Jezreelite, and said to him, Give me thy vineyard for money; or else, if it pleaseth thee, I will give thee another vineyard for it: and he answered, I will not give thee my vineyard.
Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
7 And Jezebel his wife said to him, Dost thou now govern the kingdom of Israel? arise, and eat food, and let thy heart be merry: I will give thee the vineyard of Naboth the Jezreelite.
Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!”
8 So she wrote letters in Ahab’s name, and sealed them with his seal, and sent the letters to the elders and to the nobles that were in his city, dwelling with Naboth.
Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no.
9 And she wrote in the letters, saying, Proclaim a fast, and set Naboth on high among the people:
Krataa no mu nsɛm ne sɛ: “Yi da bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea wɔ nnipa no mu.
10 And set two men, worthless men, before him, to bear witness against him, saying, Thou didst blaspheme God and the king. And then carry him out, and stone him, that he may die.
Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no.”
11 And the men of his city, even the elders and the nobles who were the inhabitants in his city, did as Jezebel had sent to them, and as it was written in the letters which she had sent to them.
Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no.
12 They proclaimed a fast, and set Naboth on high among the people.
Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu.
13 And there came in two men, worthless men, and sat before him: and the worthless men witnessed against him, even against Naboth, in the presence of the people, saying, Naboth blasphemed God and the king. Then they carried him forth out of the city, and stoned him with stones, that he died.
Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no.
14 Then they sent to Jezebel, saying, Naboth is stoned, and is dead.
Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.”
15 And it came to pass, when Jezebel heard that Naboth was stoned, and was dead, that Jezebel said to Ahab, Arise, take possession of the vineyard of Naboth the Jezreelite, which he refused to give thee for money: for Naboth is not alive, but dead.
Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.”
16 And it came to pass, when Ahab heard that Naboth was dead, that Ahab arose to go down to the vineyard of Naboth the Jezreelite, to take possession of it.
Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.
17 And the word of the LORD came to Elijah the Tishbite, saying,
Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
18 Arise, go down to meet Ahab king of Israel, who is in Samaria: behold, he is in the vineyard of Naboth, where he is gone down to possess it.
“Kɔ na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa.
19 And thou shalt speak to him, saying, Thus saith the LORD, Hast thou killed, and also taken possession? And thou shalt speak to him, saying, Thus saith the LORD, In the place where dogs licked the blood of Naboth shall dogs lick thy blood, even thine.
Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’”
20 And Ahab said to Elijah, Hast thou found me, O my enemy? And he answered, I have found thee: because thou hast sold thyself to work evil in the sight of the LORD.
Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.” Obuae se, “Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no wɔ Awurade ani so.
21 Behold, I will bring evil upon thee, and will take away thy posterity, and will cut off from Ahab the males, and him that is shut up and left in Israel,
‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho.
22 And will make thy house like the house of Jeroboam the son of Nebat, and like the house of Baasha the son of Ahijah, for the provocation with which thou hast provoked me to anger, and made Israel to sin.
Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’
23 And of Jezebel also spoke the LORD, saying, The dogs shall eat Jezebel by the wall of Jezreel.
“Na Isebel nso, Awurade ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam wɔ kuropɔn no afasu ho.
24 Him that dieth of Ahab in the city the dogs shall eat; and him that dieth in the field shall the fowls of the air eat.
“Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.”
25 But there was none like Ahab, who sold himself to work wickedness in the sight of the LORD, whom Jezebel his wife stirred up.
(Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne.
26 And he did very abominably in following idols, according to all things as did the Amorites, whom the LORD cast out before the children of Israel.
Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifo a Awurade pam wɔn wɔ Israelfo anim no).
27 And it came to pass, when Ahab heard those words, that he tore his clothes, and put sackcloth upon his flesh, and fasted, and lay in sackcloth, and went softly.
Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii.
28 And the word of the LORD came to Elijah the Tishbite, saying,
Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
29 Seest thou how Ahab humbleth himself before me? because he humbleth himself before me, I will not bring the evil in his days: but in his son’s days will I bring the evil upon his house.
“Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa.”

< 1 Kings 21 >