< Revelation 20 >

1 And I sawe an angell come doune from heven havinge the kaye of the bottomlesse pyt and a gret chayne in his honde. (Abyssos g12)
Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. (Abyssos g12)
2 And he toke the drago that olde serpet which is the devyll and Satanas and he bounde him a thousand yeares:
Ɔkyeree ɔtweaseɛ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem.
3 and cast him into the bottomlesse pit and he bounde him and set a seale on him yt he shuld desceaue the people no moare tyll the. M. yeares were fulfilled. And after yt he muste be loosed for a litell season. (Abyssos g12)
Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu, too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra. (Abyssos g12)
4 And I sawe seattes and they sat apon them and iudgement was geven vnto them: and I sawe the soules of them that were behedded for the witnes of Iesu and for the worde of God: which had not worshypped the best nether his ymage nether had taken his marke vpon their forheddes or on their hondes: and they lyved and raygned with Christ a. M. yere:
Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi.
5 but the wother of the deed men lyved not agayne vntyll the. M. yere were fynisshed. This is that fyrst resurreccion.
Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan.
6 Blessed and holy is he that hath parte in the fyrst resurreccion. For on suche shall the seconde deeth have no power for they shalbe the prestes of God and of Christ and shall raygne with him a. M. yere.
Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.
7 And when the. M. yeares are experied Satan shalbe lowsed out of his preson
Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ;
8 and shall goo oute to deceave the people which are in the foure quarters of the erth Gog and Magog to gadder them to gedder to batayle whose nombre is as the sonde of the see:
na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko.
9 and they went vp on the playne of the erth and compased the tentes of the saynctes about and the beloved cite. And fyre cam doune from God out of heven and devoured them:
Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn.
10 and the devyll that desceaved them was cast into a lake of fyre and brymstone where the beest and the falce prophet were and shalbe tormented daye and nyght for ever more. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
11 And I sawe a grett whyte seate and him that sate on it from whose face fleed awaye both the erth and heave and their place was no more founde.
Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio.
12 And I sawe the deed both grett and small stonde before God: And the bokes were opened and another boke was opened which is the boke of lyfe and the deed were iudged of thoo thynges which weer wrytten in the bokes accordinge to their dedes:
Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no.
13 and the see gave vp her deed which were in her and deth and hell delyvered vp the deed which were in them: and they were iudged every man accordinge to his dedes. (Hadēs g86)
Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. (Hadēs g86)
14 And deth and hell were cast into the lake of fyre. This is that second deeth. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
15 And whosoever was not founde written in the boke of lyfe was cast into the lake of fyre. (Limnē Pyr g3041 g4442)
Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)

< Revelation 20 >