< Luke 8 >

1 And it fortuned after that that he him sylfe went throughout cities and tounes preachynge and shewinge ye kyngdom of God and the twelve with him.
Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a,
2 And also certayne wemen which wer healed of evell spretes and infirmities: Mary called Magdalen out of whom went seven devyls
na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no
3 and Ioanna ye wyfe of Chusa Herodees stewarde and Susanna and many other: which ministred vnto the of their substaunce.
ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.
4 When moch people were gadred to gether and were come to him out of all cities he spake by a similitude.
Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se,
5 A sower went out to sowe his seede: and as he sowed some fell by the waye syde and it was troden vnder fete and the foules of the ayre devoured it vp.
“Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee.
6 And some fell on ston and assone as it was spronge vp it widdred awaye because it lacked moystnes.
Ebi nso koguu ɔbotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ annya nsu.
7 And some fell amonge thornes and ye thornes spronge vp with it and choked it.
Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui.
8 And some fell on good grounde and sproge vp and bare frute an hondred foolde. And as he sayde these thinges he cryed: He that hath eares to heare let him heare.
Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”
9 And his disciples axed him sayinge: what maner similitude is this?
Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no,
10 And he sayde: vnto you is it geven to knowe the secretes of the kyngdom of God: but to other in similitudes that when they se they shuld not se: and when they heare they shuld not vnderstonde.
obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu, “‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’
11 The similitude is this. The seede is ye worde of God.
“Afei bɛ no nkyerɛase ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.
12 Thoose yt are besyde the waye are they that heare and afterwarde cometh ye devyll and taketh awaye the worde out of their hertes lest they shuld beleve and be saved.
Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye.
13 They on the stonnes are they which when they heare receave the worde with ioye. But these have noo rootes which for a whyle beleve and in tyme of temtacio goo awaye.
Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw.
14 And yt which fell amonge thornes are they which heare and goo forth and are choked wt cares and wt riches and volupteous lyvinge and bringe forth noo frute.
Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.
15 That in ye good grounde are they which with a good and pure hert heare the worde and kepe it and bringe forth frute with pacience.
Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.
16 No man lyghteth a candell and covereth it vnder a vessell nether putteth it vnder ye table: but setteth it on a candelsticke that they that enter in maye se ye lyght.
“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.
17 No thinge is in secret yt shall not come abroode: Nether eny thinge hyd that shall not be knowen and come to lyght.
Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoa mu no nso ada gua.
18 Take hede therfore how ye heare. For whosoever hath to him shalbe geve: And whosoever hath not fro him shalbe take even that same which he supposeth that he hath.
Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”
19 Then came to him his mother and his brethren and coulde not come at him for prease.
Da bi, Yesu na ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa.
20 And they tolde him sayinge: Thy mother and thy brethren stonde with out and wolde se the.
Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
21 He answered and sayd vnto them: my mother and my brethren are these which heare the worde of God and do it.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”
22 And it chaunsed on a certayne daye that he went into a shippe and his disciples also and he sayde vnto them: Let vs goo over vnto the other syde of the lake. And they Lanched forthe.
Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosii mu a wɔrekɔ no,
23 And as they sayled he fell a slepe and there arose a storme of wynde in ye lake and they were fylled with water and were in ieopardy.
Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano yɛ den bi bɔ maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.
24 And they went to him and awoke him sayinge: Master Master we are loost. Then he arose and rebuked the wynde and the tempest of water and they ceased and it wexed calme.
Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amono mu hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
25 And he sayd vnto the: where is youre faith? They feared and wondred sayinge one to another: what felowe is this? for he comaundeth bothe the wyndes and water and they obey him?
Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”
26 And they sayled vnto the region of ye Gaderenites which is over agaynst Galile.
Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so.
27 And as he went out to londe ther met him a certayne man out of ye cite which had a devyll longe tyme and ware noo clothes nether aboode in eny housse: but amonge graves.
Yesu fii ɔkorow no mu sii fam pɛ na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no.
28 When he sawe Iesus he cryed and fell doune before him and with a loude voyce sayde: What have I to do with the Iesus the sonne of the God moost hyest? I beseche the torment me not.
Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”
29 Then he comaunded ye foule sprete to come out of the man. For ofte tymes he caught him and he was bounde with chaynes and kept with fetters: and he brake the bondes and was caryed of the fende into wyldernes.
Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wuram.
30 And Iesus axed him sayinge: what is thy name? And he sayde: Legion because many devyls were entred into him.
Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Dɔm.” Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma.
31 And they besought him yt he wolde not comaunde the to goo out into ye depe. (Abyssos g12)
Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu. (Abyssos g12)
32 And ther was there by an heerde of many swyne fedynge on an hyll: and they besought him yt he wolde soffre the to enter into the. And he soffred the.
Saa bere no na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan.
33 Then went the devyls out of the man and entred into the swyne: And the heerd toke their course and ran heedlynge into the lake and were choked.
Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui.
34 When the herdmen sawe what had chaunsed they fleed and tolde it in the cite and in the villages.
Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
35 And they came out to se what was done: and came to Iesus and founde ye man out of who the devyls were departed sittynge at the fete of Iesus clothed and in his right mynde and they were afrayde.
Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn.
36 They also wich sawe it tolde the by what meanes he yt was possessed of ye devyll was healed.
Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no ɔyare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ.
37 And all the whole multitude of ye cotrye of the Gaderenites besought him yt he wolde departe from the: for they were taken wt greate feare. And he gate him into the shippe and returned backe agayne.
Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ.
38 Then the man out of whom the devyls were departed besought him yt he myght be wt him: But Iesus sent him awaye sayinge:
Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahonhommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,
39 Goo home agayne into thyne awne housse and shewe what great thinges God hath done to ye. And he went his waye and preached thorow out all the cite what great thinges Iesus had done vnto him.
“Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.
40 And it fortuned when Iesus was come agayne that ye people receaved him. For they all wayted for him.
Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ.
41 And beholde ther came a man named Iairus (and he was a ruler of ye synagoge) and he fell doune at Iesus fete and besought him yt he wolde come into his housse
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi
42 for he had but a doughter only apon a twelve yere of age and she laye a dyinge. And as he went the people thronged him.
na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so.
43 And a woman havynge an issue of bloud twelve yeres (which had spent all her substance amonge phisicios nether coulde be holpen of eny)
Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no,
44 came behinde him and touched the hem of his garmet and immediatly her issue of bloud staunched.
fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae.
45 And Iesus sayde: Who is it that touched me? when every man denyed Peter and they yt were with him sayde: Master the people thrust the and vexe the: and sayest thou who touched me?
Yesu bisae se, “Hena na osoo mʼatade ano no no?” Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”
46 And Iesus sayd: Some body touched me. For I perceave that vertue is gone out of me.
Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”
47 When the woman sawe that she was not hid she came trimblynge and fell at is fete and tolde him before all the people for what cause she had touched him and how she was healed immediatly.
Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no.
48 And he sayde vnto hyr: Doughter be of good comforte Thy faith hath made the hoale goo in peace.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”
49 Whyll he yet spake there came one from ye rulers of the synagogis housse which sayde to him: thy doughter is deed disease not the master.
Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”
50 When Iesus hearde that He answered the father sayinge: Feare not beleve only and she shalbe made whole.
Yesu tee asɛm no osee Yairo se, “Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa.”
51 And when he came to ye housse he suffred no man to goo in with him save Peter Iames and Iohn and the father and the mother of the mayden.
Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara.
52 Every body weept and sorowed for her. And he sayde: Wepe not: for she is not deed but slepeth.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.”
53 And they lewgh him to scorne. For they knew that she was deed.
Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu.
54 And he thrust the all out and caught her by the honde and cryed sayinge: Mayde aryse.
Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!”
55 And hyr sprete came agayne and she roose strayght waye. And he commaunded to geve her meate.
Amono mu hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni.
56 And the father and the mother of hyr were astonyed. But he warned the that they shuld tell noo man what was done.
Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.

< Luke 8 >