< Numbers 21 >

1 The king of Arad [city] lived in the area where the Canaan people-group lived, in the desert in the southern part of the land. He heard a report that the Israelis were approaching on the road to Atharim [village]. So his army attacked the Israelis and captured some of them.
Arad ɔhene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim ɛkwan so reba. Ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so kyekyeree binom sɛ nneduafoɔ.
2 Then the Israelis solemnly vowed: “Yahweh, if you will help us to defeat these people, we will completely destroy all their towns.”
Afei, Israelfoɔ no kaa ntam kyerɛɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔadi Arad ɔhene ne de dɔm so a, anka wɔbɛgu nkuro akɛseɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa.
3 Yahweh heard what they requested, and he enabled them to defeat the army of the Canaan people-group. The Israeli soldiers killed all the people and destroyed their towns. [Ever since that time], that place has been called Hormah [which means ‘destruction’].
Awurade tiee wɔn abisadeɛ no, enti ɔmaa wɔdii Kanaanfoɔ no so; Israelfoɔ no sɛee wɔn ne wɔn nkuro akɛseɛ pasaa. Wɔtoo hɔ edin Horma a aseɛ ne “Ɔsɛeɛ.”
4 Then the Israelis left Hor Mountain and traveled on the road towards the Red Sea, in order to go around [the land of] Edom. But the people became impatient along the way,
Afei, Israelfoɔ no sane kɔɔ Bepɔ Hor so. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ anafoɔ fam ɛkwan a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwa kanko afa Edom ho. Nnipa no aba mu buiɛ.
5 and they began to grumble/complain against God and against Moses/me. They said, “Why have you brought us out of Egypt to die here in this desert [RHQ]? There is nothing to eat here, and nothing to drink. And we detest this lousy [manna] food!”
Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.”
6 So Yahweh sent poisonous snakes among them. Many of the people were bitten by the snakes and died.
Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ.
7 Then the people came to Moses/me and cried out, saying, “We [now know that we] have sinned against Yahweh and against you. Pray to Yahweh, asking that he will take away the snakes!” So Moses/I prayed for the people.
Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no.
8 Then Yahweh told him/me, “Make a model/image of a poisonous snake, and attach it to the top of a pole. If those who are bitten by the snakes look at that model, they will (recover/get well).”
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn poma bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na onii no hwɛ no kɛkɛ a, ɔrenwu.”
9 So Moses/I made a snake from bronze and attached it to the top of a pole. Then, when those who had been bitten by a snake looked at the bronze snake, they recovered!
Enti, Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no; na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔpagya nʼani hwɛ no a, ɔnwu.
10 Then the Israelis traveled to Oboth and (camped/set up their tents) there.
Israelfoɔ no firi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ.
11 Then they left there, and went to Iye-Abarim, in the desert on the eastern border of Moab.
Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim wɔ ɛserɛ so wɔ Moab apueeɛ fam.
12 From there they traveled to the valley where the Zered riverbed is, and camped there.
Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subɔnhwa mu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ hɔ.
13 Then they traveled to the north side of the Arnon [River]. That area is in the desert next to the land where the Amor people-group lived. The Arnon [River] is the boundary between Moab and where the Amor people-group lived.
Afei, wɔtu kɔɔ akyirikyiri fam wɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifoɔ bɔ hyeɛ. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɛhyeɛ a ɛda Moabfoɔ ne Amorifoɔ ntam.
14 That is why in the book called ‘The Book of the Wars of Yahweh’ it tells about “Waheb [town] in the Suphah area, and the ravines there; and the Arnon [River]
Enti, wɔkaa saa asɛm yi wɔ Awurade akodie nwoma no mu sɛ, asubɔnten Arnon subɔnhwa ne kuro Waheb
15 and the ravines there, which extend as far as Ar [village] on the border of Moab.”
da Amorifoɔ ne Moabfoɔ ntam.
16 From there, the Israelis traveled to Beer. There was a well there, where Yahweh previously had said to Moses/me, “Gather the people together, and I will give them water.”
Afei, Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Beer a aseɛ ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsuo.”
17 There the Israelis sang this song: “O well, give us water! Sing about this well!
Ɛhɔ na Israelfoɔ too dwom sɛ, “Tue Ao, Abura! To ho dwom!
18 Sing about this well which our leaders dug; they dug out [the dirt] with their royal scepters and their walking sticks.” Then the Israelis left that desert and went through Mattanah,
To abura yi ho dwom, mmapɔmma na wɔtuiɛ; na akunini titii mu wɔde wɔn ahempoma ne wɔn poma.” Afei, Israelfoɔ no firii ɛserɛ no so kɔfaa Matana,
19 Nahaliel, and Bamoth [villages].
Nahaliel ne Bamot.
20 Then they went to the valley in Moab where Pisgah [Mountain] rises above the desert.
Afei wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bɔnhwa no mu, baabi a wogyina a wohunu asase tamaa no.
21 Then the Israelis sent messengers to Sihon, the king of the Amor people-group. This was the message [that they/we gave him]:
Afei, Israelfoɔ tuu abɔfoɔ ma wɔde nkra yi kɔmaa Amorifoɔhene Sihon sɛ:
22 “Allow us to travel through your country. We will stay on the king’s highway, [the main road that goes from the south to the north], until we have finished traveling through your land. We will not walk through any field or vineyard, or drink water from your wells.”
“Momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn so, na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ. Yɛrentiatia mo mfudeɛ so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsuo.”
23 But King Sihon refused. He would not allow them to walk through his land. Instead, he sent his whole army to attack the Israelis in the desert. They attacked the Israelis at Jahaz [village].
Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ so wɔ ɛserɛ so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas.
24 But the Israelis completely defeated them and occupied their land, from the Arnon [River in the south] to the Jabbok [River in the north]. They stopped at the border of the land where the Ammon people-group lived, because [the Ammon army was defending] the border strongly.
Nanso Israelfoɔ no kunkumm wɔn faa wɔn asase a ɛfiri Asubɔnten Arnon kɔsi asuo Yabok ho toaa so kɔsii Amorifoɔ ahyeɛ so, nanso wɔkɔhyiaa Amon mma ahoɔdenfoɔ bi a wɔakyere sraban enti wɔantumi anko ankɔ wɔn anim bio.
25 So the Israelis occupied all the cities and towns where the Amor people-group lived, and some of the Israelis began to live in them. They occupied Heshbon [city] and the nearby villages.
Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu.
26 Heshbon was the capital of the country. It was the city where King Sihon ruled. His army had previously defeated the army of the king of Moab, and then his people had begun to live in all of the land of Moab as far as the Arnon [River in the south].
Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no.
27 For that reason, one of the poets wrote long ago, “Come to Heshbon, the city where King Sihon [ruled]. We want the city to be restored/rebuilt.
Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ, “Bra Hesbon, Sihon kuropɔn, yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu.
28 A fire blazed from Heshbon; it burned down Ar [city] in Moab, it destroyed [everything on] the hills along the Arnon [River].
“Egya turi firii Hesbon Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu, Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab; ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so.
29 You people of Moab, terrible things have happened to you! You people who [worship your god] Chemosh have been (annihilated/wiped out)! The men who [worshiped] [MET] Chemosh have run away and are now refugees, and the women [who worshiped him] have been captured by [the army of] Sihon, the king of the Amor people-group.
Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu! Wɔawie mo, mo a mosom Kemos! Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ, Ne ne mmammaa sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ.
30 But we have defeated [Sihon and] those descendants of Amor, all the way from Heshbon [in the north] to Dibon [city in the south]. We have completely obliterated/destroyed them as far as Nophah and Medeba [towns].”
“Yɛasɛe wɔn pasaa, ɛfiri Hesbon tɔnn kɔsi Dibon. Yɛasɛe wɔn ara akɔsi Nofa De kɔ ara kɔsi Medeba.”
31 So the Israeli people began to live in the land where the Amor people-group lived.
Enti Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.
32 After Moses/I sent some men to explore the area near Jazer [city], Israeli people began to live in all the towns in that region and expelled the Amor people-group who lived there.
Mose somaa akwansrafoɔ sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafoɔ toaa wɔn, faa wɔn nkuro nyinaa, pamoo Amorifoɔ no.
33 Then they turned [north] toward the Bashan region, but King Og of Bashan and all his army attacked them at Edrei [town].
Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kuro kɛseɛ Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafoɔ hyiaa wɔn wɔ Edrei.
34 Yahweh said to Moses/me, “Do not be afraid of Og, because I am going to enable your men to defeat him and his army, and to take possession of all his land. You will do to him what you did to Sihon, the king of the Amor people-group, who ruled in Heshbon.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnnsuro na wadi atamfoɔ no so dada. Awurade sane hyɛɛ Mose nkuran sɛ asɛm a ɛtoo ɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.
35 And that is what happened. We Israelis defeated Og’s army, and killed King Og and his sons and all his people. Not a person survived! And then we Israelis began to live in their land.
Ampa ara, Israelfoɔ dii nkonim na wɔkumm ɔhene Og ne ne mmammarima ne ne nkurɔfoɔ nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Enti Israelfoɔ no tenaa asase no so.

< Numbers 21 >