< Exodus 21 >

1 “Here are some [other] instructions to give to [the Israeli people]:
“Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie:
2 When/If you buy a Hebrew slave, he is to serve you for [only] six years. In the seventh year you must free him [from being your slave], and he is not required to pay you anything [for setting him free].
“Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee.
3 If he was not married before he became your slave, and if he marries [someone while he is your slave], his wife is not to be set free [with him]. But if he was married before he became your slave, you must free both him and his wife.
Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyire no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfeɛ nson no duru a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa deɛ a, ɔne ne yere no na ɛbɛkɔ.
4 If a slave’s master gives him a wife, and she gives birth to sons or daughters [while her husband is a slave], only the man is to be freed. His wife and children will continue to be slaves of their master.
Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbaa wareeɛ wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmammarima ne mmammaa a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no dea na okunu no akɔ ne baabi.
5 But when it is time for the slave to be set free, if the slave says, ‘I love my master and my wife and my children, and I do not want to be set free,’
“Na sɛ ɔbarima no pae mu ka sɛ ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm enti merenkɔ’ a,
6 then his master must take him to [the place where they worship] God (OR, to [the owner’s] house). There he must make the slave stand against the door or the doorpost. Then the master will use an (awl/pointed metal rod) to make a hole in the slave’s ear. Then [he will fasten a tag to the slave’s ear to indicate that] (he will own that slave for the rest of his life/he will own the slave as long as the slave lives).
ne wura no de no bɛba atemmufoɔ anim na wɔde fitiiɛ afiti nʼasom badwa mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ.
7 If a man sells his daughter to become a slave, she should not be set free [after six years], as the male slaves are.
“Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, mfeɛ nsia no duru a, wɔrennyaa no sɛdeɛ wɔgyaa mmarima nkoa no.
8 If the man who bought her wanted her to be his wife, but if [later] he is not pleased with her, he must sell her back to her father. He must not sell her to a foreigner, because that would be breaking the contract/agreement [he made with the girl’s father].
Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so.
9 If the man who buys her wants her to be a wife for his son, he must then treat her as though she were his own daughter.
Na sɛ afenaawura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babaa.
10 If the master takes another slave girl to be another wife for himself, he must continue to give the first slave wife the same amount of food and clothing that he gave to her before, and he must continue to have sex [EUP] with her as before.
Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere.
11 If he does not do all these three things for her, he must free her [from being a slave], and she is not required to pay anything [for being set free].
Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara.
12 You must execute anyone who strikes another person with the result that the person who is struck dies.
“Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi.
13 But if the one who struck the other did not intend to kill that person, the one who struck him can escape to a place that I will choose for you, [and he will be safe there].
Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta.
14 But if someone gets angry with another person and kills him, even if the murderer runs to the altar, [a place that God designated as a place to be safe], you must execute him.
Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no.
15 Anyone who strikes his father or mother must surely be executed.
“Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.
16 Anyone who kidnaps another person, either in order to sell that person or to keep him as a slave, must be executed.
“Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no.
17 Anyone who reviles/curses his father or his mother must be executed.
“Deɛ ɔdome nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.
18 Suppose two people fight, and one strikes the other with a stone or with his fist. And suppose the person he strikes does not die but is injured and has to stay in bed [for a while],
“Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɛboɔ anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so,
19 and later he is able to walk outside using a cane. Then the person who struck him does not have to be punished. However, he must pay the injured person the money he could not earn [while he was recovering], and he must also pay the injured person’s medical expenses until that person is well.
na akyire no, ɔtumi sɔre nante na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no berɛ a wasɛe no no, ɔbɛtua ho sika ama no, asane atua nʼayaresa ka nyinaa kɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no.
20 If someone strikes his male or female slave with a stick, if the slave dies (immediately/as a result) [IDM], the one who struck him must be punished.
“Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenawa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso.
21 But if the slave lives for a day or two after he is struck [and then dies], you must not punish the one who struck him. Not having that slave to be able to work for him any longer is enough punishment.
Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ.
22 Suppose two people are fighting and they hurt a pregnant woman with the result that (she has a miscarriage/her baby is born prematurely and dies). If the woman is not harmed in any other way, the one who injured her must pay a fine. He must pay whatever the woman’s husband demands, after a judge approves of the fine.
“Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no.
23 But if the woman is injured in some additional way, the one who injured her must be caused to suffer in exactly the same way [that he caused her to suffer]. If she dies, he must be executed.
Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no.
24 If her eye is injured or destroyed, or if he knocks out one of her teeth, or her hand or foot is injured, or if she is burned or bruised, the one who injured her must be injured in the same way.
Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan,
ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan.
26 If the owner of a slave strikes the eye of his male or female slave and ruins it, he must free that slave because of [what he did to] the slave’s eye.
“Sɛ ɔbarima bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenawa ani so ma nʼani bɔ a, ɛsiane nʼani no enti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no kɔ ne baabi kwa.
27 If someone knocks out one of his slave’s teeth, he must free the slave because of [what he did to] the slave’s tooth.
Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no enti, ɔmma no nkɔ ne baabi.
28 If a bull gores a man or woman with the result that the person dies, you [must kill the bull by] throwing stones at it, but you must not punish the owner of the bull.
“Sɛ nantwie pem ɔbaa anaa ɔbarima ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no,
29 But suppose the bull had attacked people several times before, and its owner had been warned, but he did not keep the bull inside a fence. Then you [must kill the bull by] throwing stones at it, but you must also execute its owner.
gye sɛ wɔate sɛ mmerɛ bi a atwam no, nantwie no pempem nnipa ma wɔabɔ ne wura no amaneɛ a ɔnka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ ɔkum obi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na ne wura no nso, wɔnkum no.
30 However, if the owner of the bull is allowed to pay a fine (to save his own life/in order not to be executed), he must pay the full amount that the judges say that he must pay.
Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano.
31 If someone’s bull attacks and gores another person’s son or daughter, you must treat the bull’s owner according to that same rule.
Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa.
32 If a bull attacks and gores a male or female slave, its owner must pay to the slave’s owner 30 pieces of silver. Then you must [kill the bull by] throwing stones at it.
Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu, na wɔasi nantwie no aboɔ.
33 Suppose someone has a pit/cistern and does not keep it covered, and someone’s bull or donkey falls into it [and dies].
“Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a,
34 Then the owner of the pit/cistern must pay for the animal that died. He must give the money to the animal’s owner, but then he can take away the animal that died and [do whatever he wants to with it].
ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.
35 If someone’s bull hurts another person’s bull with the result that it dies, the owners of both bulls must sell the bull that is living, and they must divide [between them] the money [that they receive] for it. They must also divide [between them the meat of] the animal that died.
“Sɛ ɔbarima bi nantwie pira nantwie foforɔ na sɛ ɔwu a, mmoawuranom baanu no bɛtɔn aboa a ɔnwuiɛ no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa.
36 However, if people know that the bull often attacked other animals previously, and its owner did not keep it inside a fence, then the owner of that bull must give the owner of the bull that died one of his own bulls, but he can take away the animal that died [and do with it whatever he wants to do].”
Na sɛ aboa no pempem dada na sɛ ne wura no abu nʼani agu so deɛ a, ɛnneɛ, sika mu kyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwie wɔ hɔ no bɛtua nantwie a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

< Exodus 21 >