< Luke 19 >

1 And as Jeshu entered and passed through Jirichu,
Ɛda bi a na Yesu retwam wɔ Yeriko no,
2 there was a certain man whose name was Zakai; he was rich and chief of the publicans:
ɔhunuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtogyeni panin sane yɛ osikani nso.
3 and he wished to see Jeshu, who he was, and could not for the crowd, because in his stature Zakai was small.
Ɛberɛ a Yesu retwam no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ɔhunu no, nanso ɛsiane sɛ na ɔyɛ onipa tiawa na wɔn a wɔdi Yesu akyi no dɔɔso enti, wanhunu no.
4 And he ran before Jeshu, and ascended a wild fig-tree to see him, because so he was about to pass.
Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
5 And when Jeshu came to that place, he saw him, and said to him, Be in haste, descend, Zakai; for to-day I must be at thy house.
Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.”
6 And he was in haste, and descended, and received him rejoicing.
Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.
7 But when they all saw (this), they murmured, and said that with a man a sinner he hath gone in to abide.
Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.”
8 But Zakai stood, and said to Jeshu, Behold, my Lord, the dividing of my wealth give I to the poor; and to every man, whatever I have wrongfully taken, fourfold I restore.
Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”
9 Jeshu saith to him, To-day is there salvation to this house, because this (man) also (is a) son of Abraham.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba.
10 For the Son of man came to save that which was lost.
Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.”
11 And when they had heard these things, he added to speak a parable; because he had drawn nigh to Urishlem, and they expected that in that hour would be revealed the kingdom of Aloha.
Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.
12 And he said, A certain man of a noble house went into a distant country, to receive for himself a kingdom, and to return.
Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene.
13 And he called his ten servants, and gave to them ten minin, and said to them, Trade till I come.
Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara minaedu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’
14 But his citizens hated him, and sent messengers after him, saying, We are not willing that this should reign over us.
“Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.
15 And having received the kingdom and returned, he spake to call to him those servants to whom he had given the silver, that he might know how every one of them had traded.
“Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no.
16 And the first came and said, My lord, thy mani ten minin hath gained.
“Odwumayɛfoɔ a ɔdii ɛkan baeɛ no bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho edu.’
17 He saith to him, Well, good servant: because in a little thou art found faithful, thou shalt have rule over ten towns.
“Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa, ɛsiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokorɛ enti, mede nkuro edu bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
18 And the second came and said, My lord, thy mani five minin hath made.
“Odwumayɛfoɔ a ɔtɔ so mmienu no baeɛ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me wura, wo sika mina edu no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho enum.’
19 He saith also to this, Thou also shalt have rule over five towns.
“Owura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mede nkuro enum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
20 And the other came and said, My lord, behold thy mani which I have had with me, laid up in a napkin.
“Ɔfoforɔ nso bɛkaa sɛ, ‘Me wura wo sika mina edu a wode maa me no, mede sieeɛ, ɛno nie.
21 For I feared thee, because thou art a hard man, taking up what thou hadst not laid down, and reaping what thou sowedst not.
Na mesuro wo, ɛfiri sɛ, wo ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ wo dea no, wogye; deɛ wunnuaeɛ nso, wotwa.’
22 He said to him, From thy own mouth I will judge thee, evil servant: thou didst know that I was a hard man, taking up what I had not laid down, and reaping what I sowed not:
“Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa.
23 why (then) gavest thou not my silver upon the table, that when I came I might require it with its increase?
Adɛn enti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebaeɛ yi mɛnya ho nsiho.’
24 And to those who stood before him he said, Take from him the mani, and give to him who hath the ten minin.
“Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a na wɔgyina hɔ no sɛ ‘Monnye sika no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔde ne deɛ yɛɛ adwuma nyaa mmɔho edu no.’
25 They say to him, Our lord, he hath ten minin.
“Asomfoɔ no kaa sɛ, ‘Yɛn wura, sɛ yei deɛ ɔwɔ sika bebree!’
26 He saith to them, I tell you, that to every one who hath (it) shall be given; and from him who hath not, that also which he hath shall be taken.
“Owura no kaa sɛ, ‘Merema mo ate aseɛ sɛ, deɛ ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na deɛ ɔwɔ kakra bi no, deɛ ɔwɔ mpo no, wɔbɛgye afiri ne nsam.
27 But those adversaries who would not that I should reign over them, bring them, and slay them before me.
Na afei, momfa mʼatamfoɔ a anka wɔmpɛ sɛ medi adeɛ no mmra mʼanim ha na monkum wɔn!’”
28 AND when Jeshu had said these things, he went forward to go to Urishlem.
Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔdii nʼasuafoɔ no ɛkan kɔɔ Yerusalem.
29 And when he came to Bethphage and Beth-ania, at the mount that is called the Place of Olives, he sent two from his disciples,
Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔ so no, ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
30 and said to them, Go to the village over against us; and as you enter, behold, you will find a colt tied, whereon no man hath ridden: loose and bring him.
“Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na moduru hɔ a, mobɛhunu afunumu ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsane no mfa no mmrɛ me.
31 And if any man demand why you loose him, thus say: It is requested by our Lord.
Sɛ obi bisa sɛ, ‘Adɛn enti na moresane no’ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ne ho hia Awurade.’”
32 And they who were sent went and found as he had told them.
Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.
33 And as they were loosing the colt, the owners of him said to them, Why loose you the colt?
Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?”
34 And they said to them, Because by our Lord it is requested.
Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.”
35 And they brought him to Jeshu; and they cast upon the colt their garments, and Jeshu rode upon him.
Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so.
36 And as they went, they spread their clothes in the way.
Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.
37 And when he had come nigh to the declivity of the Mount of Olives, the whole assembly of the disciples began to rejoice, and praise Aloha with a high voice, for all the mighty acts which they had seen:
Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ,
38 and they said, Blessed be the King who cometh in the name of the Lord! Peace in the heavens, and glory in the highest!
“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”
39 But some of the Pharishee from among the multitudes say to him, Rabi, rebuke thy disciples.
Farisifoɔ no bi a na wɔfra nnipakuo no mu no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ wʼakyidifoɔ no na wɔmmua wɔn ano!”
40 He saith to them, I tell you, if these should be silent, the stones would cry out.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ wɔmua wɔn ano koraa a, aboɔ mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”
41 AND when he approached, and saw the city, he wept over her, saying,
Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ,
42 If thou hadst known these things which are for thy peace, and in this thy day! But now they are hidden from thine eyes.
“Mo a anka asomdwoeɛ yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoeɛ akyiri kwan, nanso mo nsa renka da!
43 But the days will come to thee when thine enemies shall encompass thee and straiten thee on every side,
Nna bi bɛba a mo atamfoɔ bɛba abɛtoa mo, aka mo ahyɛ,
44 and they shall overthrow thee, and thy children within thee, and not leave in thee one stone upon another, because thou knewest not the time of thy visitation.
atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”
45 And as he went into the temple, he began to cast out those who bought in it and sold,
Yesu duruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpamoo nnipa a na wɔredi edwa wɔ hɔ no kaa sɛ,
46 and said to them, It is written that my house is the house of prayer; but you have made it a den of thieves.
“Wɔatwerɛ sɛ, ‘Mʼasɔredan yɛ mpaeɛbɔbea; nanso mode ayɛ akorɔmfoɔ ahyiaeɛ!’”
47 And he taught every day in the temple; but the chief priests and the scribes and the elders of the people sought to destroy him,
Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no.
48 but could not find what they might do to him; for all the people hung upon him to hear him.
Nanso, na wɔnhunu ɛkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ nyinaa na nnipa akyere ne so retie no.

< Luke 19 >