< Ezekiel 44 >

1 Then he brought me back toward the outer gate of the sanctuary, which looked toward the east, —but, it was shut.
Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu.
2 Then said Yahweh unto me This gate shut, shall remain It shall not be opened And no man shall enter thereby, Because Yahweh, God of Israel, doth enter thereby, - Therefore shall it remain—shut.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ ɔpon a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wobue. Obiara mfa hɔ nhyɛn mu. Ɛnsɛ sɛ wobue, efisɛ Awurade, Israel Nyankopɔn afa hɔ ahyɛn mu.
3 The prince! as prince, he, shall sit therein, To eat food before Yahweh, — By way of the porch of the gate, shall he go in, and By way thereof, shall he come out.
Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.”
4 Then he brought me in by way of the north gate unto the front of the house, and I looked and lo! the glory of Yahweh, filled the house of Yahweh, — so I fell upon my face.
Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw hɔ.
5 And Yahweh said unto me, Son of man Apply thy heart And see with thine eyes And with thine ears, hear thou All that I am speaking with thee, As to all the statutes of the house of Yahweh and As to all the laws thereof, - And thou shalt apply thy heart To the entering in of the house, With all the exits of the sanctuary.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea hɔ no nyinaa ho.
6 So then thou shalt say unto the perverse [house] unto the house of Israel, Thus saith My Lord, Yahweh: Let it more than suffice you Out of all your abominations, O house of Israel:
Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo!
7 That ye brought in the sons of the foreigner Uncircumcised in heart and uncircumcised in flesh, To be in my sanctuary. So that he profaned my house, - That ye brought near as my food the fat and the blood, And so they brake my covenant—Among all your abominations;
Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no.
8 Neither kept ye the charge of my holy things, - But ye did set men to be keepers of my charge in my sanctuary, for your own pleasure,
Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom.
9 Thus saith My Lord, Yahweh, No son of a foreigner Uncircumcised in heart and uncircumcised in flesh, shall enter into my sanctuary, —of any son of a foreigner, who is in the midst of the sons of Israel.
Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan sɛ ɔhyɛn me kronkronbea hɔ, ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa.
10 But as for the Levites. Who went far from me, when Israel went astray. Who went astray from me, after their manufactured gods, Therefore shall they bear their iniquity,
“‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so.
11 Yet shall they remain in my sanctuary As attendants in charge at the gates of the house, — And attending upon the house, — They shall slay the ascending-offering, and the sacrifice of the people, And they, shall stand before them to wait upon them.
Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn.
12 Because they used to wait upon them before their manufactured gods, and became to the house of Israel a stumbling-block of iniquity, For this cause have I lifted up my hand concerning them Declareth My Lord Yahweh, and they shall bear their iniquity;
Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo Awurade asɛm ni.
13 So then they shall not come near unto me To minister as priests unto me, Nor come near unto any of my holy things, As regardeth things most holy, — But they shall bear their rebuke, and their abominations which they have committed;
Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn.
14 Yet will I make them keepers of the charge of the house, — As to all the labour thereof, and As to all which shall be done therein.
Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ wɔ mu.
15 But the priests the Levites the sons of Zadok, Who kept the charge of my sanctuary— when the sons of Israel went astray from me, They shall draw near unto me to wait upon me, And shall stand before me, to bring near unto me the fat and the blood Declareth My Lord, Yahweh:
“‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni.
16 They shall enter into my sanctuary, and They shall draw near unto my table to wait upon me, - So shall they keep my charge.
Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔhyɛn me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wotwiw bɛn me pon, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.
17 And it shall be when they shall enter into the gates of the inner court, Garments of linen, shall they put on, Yea there shall come upon them no wool, when they minister in the gates of the inner court and within:
“‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no.
18 Chaplets of linen, shall be upon their head, and Breeches of linen shall be upon their loins, — They shall not gird themselves, so as to perspire,
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri.
19 And when they go forth into the outer court into the outer court unto the people, They shall put off their garments, wherein they do minister, and lay them in the chambers of the holy place, - And shall put on other garments, That they may not hallow the people by their garments.
Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho.
20 And their heads, shall they not shave, Nor let the hair grow long, — They shall only poll, their heads.
“‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ.
21 And wine, shall no priest drink, —when they enter into the inner court.
Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ.
22 Neither widow nor divorced woman, shall they take to them to wife, — But, virgins of the seed of the house of Israel, Or a widow who shall be the widow of a priest shall they take.
Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo.
23 And my people, shall they instruct, between the holy and the common, — And between the unclean and the clean, shall they cause them to distinguish.
Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew.
24 And in a controversy, They shall stand up for justice, With my judgments, shall they judge it, And my laws and my statutes in all mine appointed assemblies, shall they observe, And my sabbaths, shall they hallow.
“‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron.
25 And unto no dead person, shall they go in. to defile themselves, - Save that for father or for mother or for son or for daughter, for brother or for sister who hath belonged to no husband they may defile themselves.
“‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi.
26 Yet after he is cleansed, seven days shall they count to him.
Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson.
27 And in the day when he entereth into the sanctuary, into the inner court to minister in the sanctuary, He shall bring near his sin-bearer, Declareth My Lord Yahweh.
Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo Awurade asɛm ni.
28 So shall it become to them an inheritance, I, am their inheritance, - And possession, shall ye not give them in Israel, I am their possession.
“‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa.
29 As for the meal-offering and the sin-bearer and the guilt-bearer, they shall eat them, —And everything devoted in Israel to them, shall belong.
Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea.
30 And the first of all the firstfruits of everything, and every heave-offering of everything, from among all your heave-offerings to the priests, shall it belong, — The first of your meal, shall ye give to the priest, To cause a blessing to rest upon by house.
Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu.
31 Nothing that died of itself or was torn in pieces, of bird or of beast shall be eaten by the priests.
Ɛnsɛ sɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; sɛ ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’”

< Ezekiel 44 >