< Esther 9 >

1 And, in the twelfth month, the same, is the month Adar, on the thirteenth day thereof, when the word of the king and his edict arrived to be put in execution, —on the day when the enemies of the Jews hoped to have power over them, though it, was changed, so that the Jews themselves should have power over them who hated them,
Na Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no, wɔde ɔhene no mmara abien no yɛɛ adwuma. Saa da no na Yudafo no atamfo no ani da so sɛ wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani danee.
2 the Jews assembled themselves together in their cities, throughout all the provinces of King Ahasuerus, to thrust forth a hand against them who were seeking their hurt, and, no man, stood before them, for the dread of them had fallen upon all the peoples.
Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn.
3 And, all the rulers of the provinces, and the satraps and the pashas, and the doers of business that pertained to the king, were extolling the Jews, —for the dread of Mordecai, had fallen upon them;
Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no.
4 since great was Mordecai, in the house of the king, and, his fame, was going forth throughout all the provinces, —for, the man Mordecai, went on waxing great.
Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro.
5 So then the Jews smote all their enemies, with the smiting of the sword and slaughter, and destruction, —and they dealt with them who hated them according to their pleasure.
Yudafo no kunkum wɔn atamfo, sɛee wɔn wɔ afoa ano. Wokunkum wɔn atamfo, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no nea wɔpɛ biara.
6 Yea, in Shusan the palace, did the Jews slay and destroy five hundred men.
Wokunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban no mu.
7 And Parshandatha and Dalphon, and Aspatha;
Wɔsan kunkum Parsandata, Dalfon ne Aspata,
8 and Poratha, and Adalia, and Aridatha;
Porata, Adalia, Aridata,
9 and Parmashta, and Arisai, and Aridai, and Vaizatha; —
Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata
10 the ten sons of Haman son of Hammedatha, the adversary of the Jews, slew they, —but, on the spoil, thrust they not forth their hand.
a, wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no mmabarima du no. Nanso wɔamfa asade biara.
11 On that day, came in the number of the slain into Shusan the palace, before the king.
Bere a wɔbɔɔ ɔhene no amanneɛ a ɛfa nnipa dodow a wokum wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummere no,
12 Then said the king unto Esther the queen, In Shusan the palace, have the Jews slain and caused to perish five hundred men, and the ten sons of Haman, —in the rest of the provinces of the king, what have they done? What, then, is thy petition, that it may be granted thee? and what is thy request further, that it may he performed?
ɔma wɔfrɛɛ Ɔhemmea Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yudafo no akunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmabarima du no. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha de a, ɛno de asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, dɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo; ka kyerɛ me na mɛyɛ.”
13 Then said Esther, If, unto the king, it seem good, let it be granted, to-morrow also, unto the Jews who are in Shusan, to do according to the edict of to-day, —and that, the ten sons of Haman, be hanged upon the gallows.
Na Ɛster kae se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafo a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ nea wɔyɛɛ no nnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmabarima du no amu nsensɛn nnua so.”
14 And the king commanded it to be done so, and there was given an edict, in Shusan, —and, the ten sons of Haman, they hanged.
Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuru wɔ Susa. Wɔsan de Haman mmabarima du no amu sensɛn nnua so.
15 So the Jews who were in Shusan assembled themselves together, on the fourteenth day also, of the month Adar, and slew in Shusan three hundred men, —but, on the spoil, thrust they not forth their hand.
Na Yudafo a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so awotwe, na wɔsan kunkum nnipa ahaasa; na bio, wɔamfa asade biara.
16 And, the remainder of the Jews who were in the provinces of the king, assembled themselves together and stood for their life, and then had rest from their enemies, having slain of them that hated them seventy-five thousand, —but, on the spoil, thrust they not forth their hand:
Saa bere no na Yudafo nkae a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wokum wɔn atamfo no mpem aduɔson anum, nam so nyaa ɔhome fii wɔn atamfo nsam. Nanso wɔamfa asade biara.
17 on the thirteenth day of the month Adar, —and then had rest on the fourteenth day thereof, and made it a day of banqueting and rejoicing.
Saa ara na wɔyɛɛ wɔ Adar ɔsram no (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no wɔ amantam no nyinaa mu. Ade kyee no, wɔhomee, didii, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdi no ho.
18 But, the Jews who were in Shusan, assembled themselves together on the thirteenth day thereof, and on the fourteenth day thereof, —and then had rest on the fifteenth day thereof, and made it a day of banqueting and rejoicing.
Nanso Yudafo a wɔwɔ Susa no toaa so kunkum wɔn atamfo no da a ɛto so abien no nso, na wɔhomee ne nnansa so de didii, gyee wɔn ani.
19 For this cause, the country Jews, who dwelt in the country towns, were making the fourteenth day of the month Adar one of rejoicing and banqueting, and a day of happiness, —and of sending portions every one to his neighbour.
Enti ebesi nnɛ yi, Yudafo a wɔtete nkuraa a wɔntoo afasu mfaa ho no di saa afirihyia dapɔnna yi. Wodi afoofi saa awɔwbere da yi mu, sɛpɛw wɔn ho, de akyɛde mema wɔn ho wɔn ho.
20 And Mordecai wrote these things, —and sent letters unto all the Jews who were in all the provinces of King Ahasuerus, near, and far off;
Mordekai kyerɛw saa nsɛm a esisii yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu,
21 to establish for them, that they should continue to observe the fourteenth day of the month Adar, and the fifteenth day thereof, —always year by year;
hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonni afirihyia afahyɛ yi wɔ saa nnaanu no mu.
22 according to the days wherein the Jews found rest from their enemies, and the month which was turned for them, from sorrow to joy, and from mourning to a happy day, —that they should make them days of banqueting and rejoicing, and of sending portions, every one to his neighbour, and gifts, unto the needy.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.
23 And the Jews took upon them that which they had begun to do, —and that which Mordecai had written unto them;
Enti Yudafo no faa Mordekai adwenkyerɛ no, fii afirihyia amanne no ase.
24 because, Haman, son of Hammedatha, the Agagite, the adversary of all the Jews, had plotted against the Jews, to cause them to perish, —and had cast Pur, the same, is the Lot, to terrify them, and to destroy them;
Efisɛ na Haman a ɔyɛ Agagni Hamedata babarima, a ɔyɛ Yudafo tamfo no apam sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔsram a ɔnam ntontobɔ so nyae no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim).
25 but, by [Esther’s] going in before the king, he commanded by letter, that his wicked plot which he had plotted against the Jews, should return, upon his own head, —and that he and his sons should be hanged upon the gallows.
Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so.
26 For this cause, called they these days Purim, after the name Pur, for this cause, —for all the words of this epistle, —and what they had seen concerning such a matter, and what had reached unto them.
(Ɛno nti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, efisɛ ɛyɛ tete kasa a ne nkyerɛase ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahu a wɔanya no nti,
27 The Jews established and took upon themselves—and upon their seed, and upon all who should join themselves unto them, that it might not pass away, that they would continue to keep these two days, according to the writing concerning them and at their set time, —always year by year.
Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanne no ho fa, na wɔama wɔn awo ntoatoaso ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnaanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no wɔ afe biara mu no, wɔremma ɛmpa wɔn ti so da.
28 And, these days, were to be remembered and to be kept, always from generation to generation, by every family, every province, and every city, —that, these days of Purim, should not pass away, out of the midst of the Jews, and, the memorial of them, not cease from their seed.
Wɔbɛkae saa nna yi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafo mu, na nsɛm a esii no nso wɔn asefo werɛ remfi da.
29 Then wrote Esther the queen daughter of Abihail and Mordecai the Jew, with all authority, —to confirm this second epistle concerning the Purim;
Na Ɔhemmea Ɛster, Abihail babea no ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa foforo a wɔde ɔhemmea no tumi kɛse foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den.
30 and he sent letters unto all the Jews, throughout the hundred and twenty-seven provinces of the kingdom of Ahasuerus, —words of peace and stability:
Ɛno akyi no, wɔsoma ma wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoe ne bammɔ aba, kɔɔ Yudafo a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu ason no a ɛwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa so.
31 to establish these days of the Purim, in their set times, according as Mordecai the Jew and Esther the queen had enjoined upon them, and according as they had enjoined upon their own soul, and upon their seed, —the story of the fastings and of their outcry.
Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirihyiade a wodi no nnɛ yi ara no timii. Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛnea wɔasi no gyinae ama wɔn ho ne wɔn asefo no, de ama mmuadadi ne agyaadwotwa mmere no atim.)
32 And, the command of Esther, confirmed the story of these Purim, —and it was written in a book.
Enti Ɛster mmara no sii Purim ho nhyehyɛe so dua, na wɔkyerɛw ne nyinaa guu nhoma mu.

< Esther 9 >