< Daniel 8 >

1 In the third year of the reign of Belshazzar the king, a vision, appeared unto me Daniel, after that which appeared unto me at the beginning.
Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi.
2 So then I saw, in the vision, and it came to pass, when I saw, that I was in Shusan the fortress, which is in Persia the province, —yea I saw it in a vision, when, I, was by the river Ulai.
Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho.
3 So then I lifted up mine eyes, and looked, and lo! a ram, standing before the river, and, it, had two horns, —and, the two horns, were high, but, the one, was higher than the other, and, the higher, had come up, last.
Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii.
4 I saw the ram, pushing strongly westward and northward and southward, so that no wild beast could stand before him, and none could deliver out of his hand, —but he did according to his own pleasure, and shewed himself great.
Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse.
5 Now, I, was observing, when lo! a he-goat, coming in out of the west, over the face of all the earth, but it meddled not with the earth, —and, the goat, had a conspicuous horn between his eyes.
Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.
6 So then he came up to the ram having the two horns, which I had seen, standing before the river, —and ran unto him, in the fury of his strength.
Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so.
7 Yea I saw him coming close upon the ram, and he was enraged at him, and smote the ram, and brake in pieces both his horns, and there was no strength in the ram to stand before him, —but he cast him down to the ground, and trampled him underfoot, and there was none could deliver the ram out of his power.
Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam.
8 But, the he-goat, shewed himself very great, —and, when he had become mighty, the great horn, was broken in pieces, and there came up afterwards four, in its stead, towards the four winds of the heavens;
Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so.
9 and, out of the first of them, came forth a little horn, —which became exceedingly great, against the south and against the east, and against the beautiful [land];
Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.
10 yea it became great as far as the host of the heavens, —and caused to fall, to the earth, some of the host and some of the stars, and trampled them underfoot;
Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so.
11 even as far as the ruler of the host, shewed he his greatness, —and, because of him, was taken away the continual [ascending-sacrifice], and the place of the sanctuary, was cast down;
Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho ɔkɛse sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ogyee daa daa afɔre fii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ.
12 and, a host, was set over the continual [ascending-sacrifice], by transgression, —and faithfulness, was cast down, to the ground, and so he acted with effect, and succeeded.
Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee.
13 Then heard I a certain holy one, speaking, —and another holy one said to that certain holy one who was speaking—How long is the vision of the continual [ascending-sacrifice] as taken away, and the transgression which astoundeth, for both sanctuary and host to be given over to be trampled underfoot?
Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne Awurade asafo a wobetiatia wɔn so no?”
14 And he said unto him, Until two thousand and three hundred evening-mornings, —then shall the sanctuary, be vindicated.
Obuaa no se, “Ebedi anwummere ne anɔpa ahorow 2,300, ansa na wɔasan atew kronkron tenabea no ho.”
15 And it came to pass, when, I Daniel, had seen the vision, —and had sought discernment, that lo! there was standing before me, as the appearance of a man.
Bere a me Daniel, merehwɛ anisoadehu na mepɛɛ sɛ mete ase no, obi a ɔte sɛ ɔbarima begyinaa mʼanim.
16 Then heard I a human voice, between [the banks of] the Ulai, —which cried out, and said, Gabriel! cause this man to understand the revelation.
Na metee onipa nne a ɛrefrɛ fi Ulai mu se, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehu no ase.”
17 So he came near where I stood, and, when he came, I was terrified, and fell upon my face, —but he said unto me, Understand, O son of man, that, to the time of the end, belongeth the vision.
Ɔrebɛn faako a na migyina no, misuroe, na mede mʼanim butuw fam. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awieibere no ho.”
18 And, when he spake with me, I fell stunned upon my face, to the earth, —but he touched me, and caused me to stand up where I was.
Bere a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. Na osoo me mu de me gyinaa mʼanan so.
19 Then said he, Behold me! causing thee to know, that which shall come to pass in the afterpart of the indignation, —for, at an appointed time, shall be an end.
Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho.
20 The ram which thou sawest, having the two horns, representeth the kings of Media and Persia;
Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.
21 and, the he-goat, is the king of Greece, —and, the great horn which was between his eyes, the same, is the first king.
Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no.
22 Now, as for its being broken in pieces, whereupon there stood up four in its stead, four kingdoms, out of his nation, shall stand up, but not with his strength;
Mmɛn anan a ebesisii mmɛn a ebubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahenni anan a ɛbɛsɔre afi ne man no mu, nanso wɔn tumidi renyɛ pɛ.
23 but, in the aftertime of their kingdom, when transgressions, have filled up their measure, —there will stand up a king of mighty presence, and skilful in dissimulation;
“Wɔn adedi no rekɔ awiei no, bere a atuatewfo no ayɛ atirimɔden mmoroso no, ɔhene a ɔyɛ den, na odi akɔntɔnkyesɛm bɛsɔre.
24 and his strength, will be mighty, but not through his own strength, and, wonderfully, will he destroy, and succeed and act with effect, —and will destroy mighty ones, and the people of holy ones;
Ɔbɛyɛ den yiye a emfi nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe ade ama nnipa ho adwiriw wɔn, na obedi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo.
25 and, by his cunning, will he both cause deceit to succeed in his hand, and, in his own heart, will he shew himself to be great, and, by their careless security, will he destroy many, —and, against the ruler of rulers, will he stand up, but, without hand, shall be broken in pieces.
Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu.
26 Now, the revelation of the evening and the morning which hath been told, faithful, indeed it is, —but, thou, close up the vision, because it is for many days.
“Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.”
27 Now, as for me Daniel, then was I sick for days, but I arose and did the business of the king, —and, though I was confounded concerning the revelation, yet could no one discern it.
Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna kakra. Akyiri no, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehu no yɛɛ me ahodwiriw; na ɛboroo ntease so.

< Daniel 8 >