< 2 Kings 24 >

1 In his days, came up Nebuchadnezzar king of Babylon, —and Jehoiakim became his servant three years, then turned he and rebelled against him.
Yehoiakim ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛtow hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na otuaa tow maa no mfe abiɛsa, nanso ɔtew Nebukadnessar so atua.
2 And Yahweh sent against him troops of Chaldeans, and troops of Syrians, and troops of Moabites, and troops of the sons of Ammon, yea he sent them against Judah, to destroy him, —according to the word of Yahweh, which he spake through his servants the prophets.
Na Awurade somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea Awurade nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no.
3 Surely, it was, because of the anger of Yahweh, that this came upon Judah, to remove them from his presence, —for the sins of Manasseh, according to all that he had done:
Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛnea Awurade hyɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi wɔn afi nʼanim, esiane bɔne dodow a Manase yɛe no nti,
4 moreover also, for the innocent blood that he had shed, so that he had filled Jerusalem with innocent blood, —which Yahweh was not willing to pardon.
a na mogya a edi bem a ohwie guu no ka ho bi. Efisɛ ɔde mogya a edi bem fɔw Yerusalem dotoo; ɛno nti na Awurade mpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ.
5 Now, the rest of the story of Jehoiakim, and all that he did, are they not written in the book of the Chronicles of the Kings of Judah?
Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
6 So Jehoiakim slept with his fathers, —and, Jehoiachin his son, reigned, in his stead.
Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene.
7 And the king of Egypt came no more again out of his land, —for the king of Babylon had taken—from the ravine of Egypt, unto the river Euphrates, all that had belonged to the king of Egypt.
Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.
8 Eighteen years old, was Jehoiachin when he began to reign, and, three months, reigned he in Jerusalem, —and, his mother’s name, was Nehushta daughter of Elnathan, of Jerusalem.
Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta.
9 And he did the thing that was wicked in the eyes of Yahweh, —according to all that, his father, had done.
Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya yɛe no ara pɛ.
10 At that time, came up the servants of Nebuchadnezzar king of Babylon, unto Jerusalem, —and the city came into the siege.
Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano.
11 And Nebuchadnezzar king of Babylon came against the city, and his servants were about to besiege it.
Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu.
12 Then came out Jehoiachin king of Judah, unto the king of Babylon, he and his mother, and his servants, and his generals, and his courtiers, —and the king of Babylon took him, in the eighth year of his reign.
Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase.
13 And he carried forth from thence, all the treasures of the house of Yahweh, and the treasures of the house of the king, —and he cut off all the fittings of gold, which Solomon king of Israel had made in the temple of Yahweh, according to all that, Yahweh, had spoken.
Sɛnea Awurade aka dedaw no, Nebukadnessar tasee agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfi hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ nnwetɛbona a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa.
14 And he carried away all Jerusalem, and all the generals, and all the mighty men of valour, ten thousand becoming captives, and all the artificers and the smiths, —none remained save the poorest of the people of the land.
Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so.
15 And he carried away captive Jehoiachin, to Babylon, —and, the king’s mother, and the king’s wives, and his courtiers, and the nobles of the land, took he away captive, from Jerusalem to Babylon.
Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho.
16 And, all the men of might—seven thousand, and artificers and smiths—a thousand, all who were valiant and ready to make war, the king of Babylon brought them captive to Babylon.
Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi.
17 And the king of Babylon made Mattaniah, his relative, king in his stead, —and changed his name to Zedekiah.
Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
18 Twenty-one years old, was Zedekiah when he began to reign, and, eleven years, reigned he in Jerusalem, —and, his mother’s name, was Hamutal, daughter of Jeremiah of Libnah.
Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea.
19 And he did the thing that was wicked in the eyes of Yahweh, —according to all that, Jehoiakim, had done.
Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no.
20 For, it was because the anger of Yahweh had come against Jerusalem, and against Judah, until he had cast them out from his presence, that Zedekiah rebelled, against the king of Babylon.
Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.

< 2 Kings 24 >