< Numbers 19 >

1 And the LORD spake unto Moses and unto Aaron, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
2 This is the statute of the law which the LORD hath commanded, saying, Speak unto the children of Israel, that they bring thee a red heifer without spot, wherein is no blemish, [and] upon which never came yoke:
“Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ wodi so a Awurade ahyɛ: Ka kyerɛ Israelfo se wɔmfa nantwi ba bere kɔkɔɔ a onnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me.
3 and ye shall give her unto Eleazar the priest, and he shall bring her forth without the camp, and one shall slay her before his face:
Momfa no mma ɔsɔfo Eleasar na ɔde no bɛkɔ atenae no akyi baabi na wɔakum no wɔ nʼanim.
4 and Eleazar the priest shall take of her blood with his finger, and sprinkle of her blood toward the front of the tent of meeting seven times:
Na ɔsɔfo Eleasar de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiae Ntamadan no anim mpɛn ason.
5 and one shall burn the heifer in his sight; her skin, and her flesh, and her blood, with her dung, shall he burn:
Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahyew nantwi ba no. Wɔbɛhyew ne ho nhoma, ne nam, ne mogya ne ne nsono.
6 and the priest shall take cedar wood, and hyssop, and scarlet, and cast it into the midst of the burning of the heifer.
Na egu so rehyew no, Eleasar bɛfa sida dua, adwerɛ ne asaawa kɔkɔɔ na watow agu nantwi ba bere a wɔrehyew no so.
7 Then the priest shall wash his clothes, and he shall bathe his flesh in water, and afterward he shall come into the camp, and the priest shall be unclean until the even.
Eyi akyi no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no horo ne ntade na oguare. Afei obetumi aba atenae hɔ, nanso ne ho rentew kosi anwummere.
8 And he that burneth her shall wash his clothes in water, and bathe his flesh in water, and shall be unclean until the even.
Onipa a ɔhyew aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere.
9 And a man that is clean shall gather up the ashes of the heifer, and lay them up without the camp in a clean place, and it shall be kept for the congregation of the children of Israel for a water of separation: it is a sin offering.
“Ɔbarima a ne ho nguu fi no bɛsesaw aboa a wɔhyew no no nsõ de akogu atenae no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ Israelfo no de sie na wɔde agu wɔn ahodwira nsu mu; ɛyɛ nea wɔde dwira wɔn ho fi bɔne ho.
10 And he that gathereth the ashes of the heifer shall wash his clothes, and be unclean until the even: and it shall be unto the children of Israel, and unto the stranger that sojourneth among them, for a statute for ever.
Onipa a ɔbɛboaboa nantwi ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na ɔno nso ho rentew kosi anwummere. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama Israelfo no ne ahɔho a wɔte wɔn mu no nyinaa.
11 He that toucheth the dead body of any man shall be unclean seven days:
“Obiara a obeso onipa funu mu no ho begu fi nnanson.
12 the same shall purify himself therewith on the third day, and on the seventh day he shall be clean: but if he purify not himself the third day, then the seventh day he shall not be clean.
Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɛsɛ sɛ ɔde nsu dwira ne ho ma ne ho tew. Sɛ wannwira ne ho nnansa ne nnanson so a ne ho rentew.
13 Whosoever toucheth the dead body of any man that is dead, and purifieth not himself, defileth the tabernacle of the LORD; and that soul shall be cut off from Israel: because the water of separation was not sprinkled upon him, he shall be unclean; his uncleanness is yet upon him.
Wɔn a woso nnipa funu mu na wonnwira wɔn ho no, wogu Awurade Ntamadan no ho fi. Ɛsɛ sɛ woyi saa nnipa no fi Israelfo mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete wɔn ho no nti, wɔn ho ntew; wɔn ho a agu fi no da so wɔ wɔn so.
14 This is the law when a man dieth in a tent: every one that cometh into the tent, and every one that is in the tent, shall be unclean seven days.
“Sɛ obi wu wɔ ntamadan mu a, ɛho mmara ni: Obiara a obewura saa ntamadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dedaw ansa na onipa no rewu no nyinaa ho begu fi nnanson,
15 And every open vessel, which hath no covering bound upon it, is unclean.
na ade biara a enni mmuaso na wɔde asa no nso ho begu fi.
16 And whosoever in the open field toucheth one that is slain with a sword, or a dead body, or a bone of a man, or a grave, shall be unclean seven days.
“Sɛ obi a ɔwɔ abɔnten de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ afoa ano funu anaasɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfo funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa ɔda a, ne ho begu fi nnanson.
17 And for the unclean they shall take of the ashes of the burning of the sin offering, and running water shall be put thereto in a vessel:
“Nea ne ho agu fi no, fa ahodwira nsõ no bi gu kuruwa mu na hwie nsu gu so.
18 and a clean person shall take hyssop, and dip it in the water, and sprinkle it upon the tent, and upon all the vessels, and upon the persons that were there, and upon him that touched the bone, or the slain, or the dead, or the grave:
Na obi a ne ho tew no mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu mpete ntamadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntamadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntamadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a osoo dompe mu anaa obi a wokum no anaa nea ɔde ne ho aka ɔda no nso, wodwira ne ho.
19 and the clean person shall sprinkle upon the unclean on the third day, and on the seventh day: and on the seventh day he shall purify him; and he shall wash his clothes, and bathe himself in water, and shall be clean at even.
Wɔyɛ eyi ne nnansa ne ne nnanson so. Na nea ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade na oguare, na saa anwummere no ne ho bɛtew.
20 But the man that shall be unclean, and shall not purify himself, that soul shall be cut off from the midst of the assembly, because he hath defiled the sanctuary of the LORD: the water of separation hath not been sprinkled upon him; he is unclean.
Nanso sɛ wɔn a wɔn ho agu fi na annwira wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu, efisɛ wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Wɔmfaa ahodwira nsu mpetee wɔn so ɛ, na wɔn ho ntew.
21 And it shall be a perpetual statute unto them: and he that sprinkleth the water of separation shall wash his clothes; and he that toucheth the water of separation shall be unclean until even.
Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ ama wɔn. “Onipa a obetu ahodwira nsu no apete no nso, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntade, na obiara a ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso ho begu fi akosi anwummere.
22 And whatsoever the unclean person toucheth shall be unclean; and the soul that toucheth it shall be unclean until even.
Na biribiara a obi a ne ho agu fi no beso mu no nso ho begu fi akosi anwummere.”

< Numbers 19 >