< Lamentations 4 >

1 How is the gold become dim! [how] is the most pure gold changed! the stones of the sanctuary are poured out at the top of every street.
Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa! Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete wɔ abɔnten biara so.
2 The precious sons of Zion, comparable to fine gold, how are they esteemed as earthen pitchers, the work of the hands of the potter!
Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ, mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku, ɔnwemfo nsa ano adwuma!
3 Even the jackals draw out the breast, they give suck to their young ones: the daughter of my people is become cruel, like the ostriches in the wilderness.
Mpo adompo yi wɔn nufu ma wɔn mma num, nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo sɛ sohori a ɔwɔ sare so.
4 The tongue of the sucking child cleaveth to the roof of his mouth for thirst: the young children ask bread, and no man breaketh it unto them.
Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmofra no srɛ aduan, nanso obiara mfa mma wɔn.
5 They that did feed delicately are desolate in the streets: they that were brought up in scarlet embrace dung-hills.
Wɔn a na anka wodi nnuan pa no ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so. Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.
6 For the iniquity of the daughter of my people is greater than the sin of Sodom, that was overthrown as in a moment, and no hands were laid upon her.
Me nkurɔfo asotwe so sen Sodom a wotuu wɔn mpofirim no, a wɔannya ɔboafo biara de.
7 Her nobles were purer than snow, they were whiter than milk, they were more ruddy in body than rubies, their polishing was as of sapphire:
Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma, na wɔnan sen nufusu, na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ hoabo.
8 Their visage is blacker than a coal; they are not known in the streets: their skin cleaveth to their bones; it is withered, it is become like a stick.
Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ; na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so. Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ho awo wosee sɛ abaa.
9 They that be slain with the sword are better than they that be slain with hunger; for these pine away, stricken through, for want of the fruits of the field.
Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn; ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu, esiane aduan a enni mfuw so nti.
10 The hands of the pitiful women have sodden their own children; they were their meat in the destruction of the daughter of my people.
Mmea a wɔwɔ ayamhyehye de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduan, bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.
11 The LORD hath accomplished his fury, he hath poured out his fierce anger; and he hath kindled a fire in Zion, which hath devoured the foundations thereof.
Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyew ne fapem.
12 The kings of the earth believed not, neither all the inhabitants of the world, that the adversary and the enemy should enter into the gates of Jerusalem.
Asase so ahemfo annye anni, wiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfo betumi ahyɛn Yerusalem apon mu.
13 [It is] because of the sins of her prophets, [and] the iniquities of her priests, that have shed the blood of the just in the midst of her.
Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti, wɔn na wohwiee atreneefo mogya guu wɔ kuropɔn no mu.
14 They wander as blind men in the streets, that are polluted with blood, so that men cannot touch their garments.
Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so te sɛ nnipa a wɔn ani afura. Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.
15 Depart ye, they cried unto them, Unclean! depart, depart, touch not: when they fled away and wandered, men said among the nations, They shall no more sojourn [here].
Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!” “Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ woguan kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka se, “Wɔrentumi ntena ha bio.”
16 The anger of the LORD hath divided them; he will no more regard them: they respected not the persons of the priests, they favoured not the elders.
Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa nidi mma asɔfo, na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.
17 Our eyes do yet fail [in looking] for our vain help; in our watching we have watched for a nation that could not save.
Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
18 They hunt our steps, that we cannot go in our streets: our end is near, our days are fulfilled; for our end is come.
Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu, enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna, efisɛ na yɛn awiei adu so.
19 Our pursuers were swifter than the eagles of the heaven: they chased us upon the mountains, they laid wait for us in the wilderness.
Yɛn ataafo ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ wim; wɔtaa yɛn faa mmepɔw so na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.
20 The breath of our nostrils, the anointed of the LORD, was taken in their pits; of whom we said, Under his shadow we shall live among the nations.
Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no, kɔtɔɔ wɔn mfiri mu. Yegye dii sɛ ne nwini ase, yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.
21 Rejoice and be glad, O daughter of Edom, that dwellest in the land of Uz: the cup shall pass through unto thee also; thou shalt be drunken, and shalt make thyself naked.
Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.
22 The punishment of thine iniquity is accomplished, O daughter of Zion; he will no more carry thee away into captivity: he will visit thine iniquity, O daughter of Edom; he will discover thy sins.
Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei; ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu. Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka na wada wʼamumɔyɛ adi.

< Lamentations 4 >