< John 4 >

1 When therefore the Lord knew how that the Pharisees had heard that Jesus was making and baptizing more disciples than John
Farisifoɔ no tee sɛ nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa kɔ Yohane nkyɛn.
2 (although Jesus himself baptized not, but his disciples),
Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu.
3 he left Judaea, and departed again into Galilee.
Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea.
4 And he must needs pass through Samaria.
Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
5 So he cometh to a city of Samaria, called Sychar, near to the parcel of ground that Jacob gave to his son Joseph:
Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
6 and Jacob’s well was there. Jesus therefore, being wearied with his journey, sat thus by the well. It was about the sixth hour.
Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.
7 There cometh a woman of Samaria to draw water: Jesus saith unto her, Give me to drink.
Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.”
8 For his disciples were gone away into the city to buy food.
Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.
9 The Samaritan woman therefore saith unto him, How is it that thou, being a Jew, askest drink of me, which am a Samaritan woman? (For Jews have no dealings with Samaritans.)
Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.
10 Jesus answered and said unto her, If thou knewest the gift of God, and who it is that saith to thee, Give me to drink; thou wouldest have asked of him, and he would have given thee living water.
Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”
11 The woman saith unto him, Sir, thou hast nothing to draw with, and the well is deep: from whence then hast thou that living water?
Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri?
12 Art thou greater than our father Jacob, which gave us the well, and drank thereof himself, and his sons, and his cattle?
Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”
13 Jesus answered and said unto her, Every one that drinketh of this water shall thirst again:
Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio,
14 but whosoever drinketh of the water that I shall give him shall never thirst; but the water that I shall give him shall become in him a well of water springing up unto eternal life. (aiōn g165, aiōnios g166)
nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” (aiōn g165, aiōnios g166)
15 The woman saith unto him, Sir, give me this water, that I thirst not, neither come all the way hither to draw.
Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”
16 Jesus saith unto her, Go, call thy husband, and come hither.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17 The woman answered and said unto him, I have no husband. Jesus saith unto her, Thou saidst well, I have no husband:
Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.” Yesu nso kaa sɛ, “Asɛm a woaka no yɛ nokorɛ sɛ wonni kunu no.
18 for thou hast had five husbands; and he whom thou now hast is not thy husband: this hast thou said truly.
Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”
19 The woman saith unto him, Sir, I perceive that thou art a prophet.
Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.
20 Our fathers worshipped in this mountain; and ye say, that in Jerusalem is the place where men ought to worship.
Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.”
21 Jesus saith unto her, Woman, believe me, the hour cometh, when neither in this mountain, nor in Jerusalem, shall ye worship the Father.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.
22 Ye worship that which ye know not: we worship that which we know: for salvation is from the Jews.
Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba.
23 But the hour cometh, and now is, when the true worshippers shall worship the Father in spirit and truth: for such doth the Father seek to be his worshippers.
Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ.
24 God is a Spirit: and they that worship him must worship in spirit and truth.
Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”
25 The woman saith unto him, I know that Messiah cometh (which is called Christ): when he is come, he will declare unto us all things.
Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26 Jesus saith unto her, I that speak unto thee am [he].
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27 And upon this came his disciples; and they marveled that he was speaking with a woman; yet no man said, What seekest thou? or, Why speakest thou with her?
Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.
28 So the woman left her waterpot, and went away into the city, and saith to the men,
Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ,
29 Come, see a man, which told me all things that [ever] I did: can this be the Christ?
“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?”
30 They went out of the city, and were coming to him.
Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31 In the mean while the disciples prayed him, saying, Rabbi, eat.
Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.”
32 But he said unto them, I have meat to eat that ye know not.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.”
33 The disciples therefore said one to another, Hath any man brought him [aught] to eat?
Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?”
34 Jesus saith unto them, My meat is to do the will of him that sent me, and to accomplish his work.
Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no.
35 Say not ye, There are yet four months, and [then] cometh the harvest? behold, I say unto you, Lift up your eyes, and look on the fields, that they are white already unto harvest.
Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru!
36 He that reapeth receiveth wages, and gathereth fruit unto life eternal; that he that soweth and he that reapeth may rejoice together. (aiōnios g166)
Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. (aiōnios g166)
37 For herein is the saying true, One soweth, and another reapeth.
Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
38 I sent you to reap that whereon ye have not laboured: others have laboured, and ye are entered into their labour.
Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.”
39 And from that city many of the Samaritans believed on him because of the word of the woman, who testified, He told me all things that [ever] I did.
Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii wɔ Yesu ho sɛ, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
40 So when the Samaritans came unto him, they besought him to abide with them: and he abode there two days.
Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn.
41 And many more believed because of his word;
Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ.
42 and they said to the woman, Now we believe, not because of thy speaking: for we have heard for ourselves, and know that this is indeed the Saviour of the world.
Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.”
43 And after the two days he went forth from thence into Galilee.
Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea.
44 For Jesus himself testified, that a prophet hath no honour in his own country.
Ɛwom sɛ na Yesu aka sɛ, odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne ɔman mu deɛ, nanso
45 So when he came into Galilee, the Galilaeans received him, having seen all the things that he did in Jerusalem at the feast: for they also went unto the feast.
ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no.
46 He came therefore again unto Cana of Galilee, where he made the water wine. And there was a certain nobleman, whose son was sick at Capernaum.
Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
47 When he heard that Jesus was come out of Judaea into Galilee, he went unto him, and besought [him] that he would come down, and heal his son; for he was at the point of death.
tee Yesu nka sɛ ɔfiri Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.
48 Jesus therefore said unto him, Except ye see signs and wonders, ye will in no wise believe.
Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”
49 The nobleman saith unto him, Sir, come down ere my child die.
Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.”
50 Jesus saith unto him, Go thy way; thy son liveth. The man believed the word that Jesus spake unto him, and he went his way.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim sɛ ɔrekɔ efie.
51 And as he was now going down, his servants met him, saying, that his son lived.
Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ, ne ba no ho ayɛ no den.
52 So he inquired of them the hour when he began to amend. They said therefore unto him, Yesterday at the seventh hour the fever left him.
Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?” Asomfoɔ no buaa no sɛ, “Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ.”
53 So the father knew that [it was] at that hour in which Jesus said unto him, Thy son liveth: and himself believed, and his whole house.
Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.
54 This is again the second sign that Jesus did, having come out of Judaea into Galilee.
Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.

< John 4 >