< Isaiah 43 >

1 But now thus saith the LORD that created thee, O Jacob, and he that formed thee, O Israel: Fear not, for I have redeemed thee; I have called thee by thy name, thou art mine.
Na afei, sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ wo, Yakob nea ɔnwen wo, Israel; “Nsuro na magye wo; mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
2 When thou passest through the waters, I will be with thee; and through the rivers, they shall not overflow thee: when thou walkest through the fire, thou shalt not be burned; neither shall the flame kindle upon thee.
Sɛ wofa nsu mu a, mɛka wo ho; na sɛ wutwa nsubɔnten no a, ɛremmu mfa wo so. Sɛ wonantew ogya no mu a, worenhyew; ogyaframa no renhye wo.
3 For I am the LORD thy God, the Holy One of Israel, thy saviour; I have given Egypt as thy ransom, Ethiopia and Seba for thee.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. Mede Misraim yɛ mpata ma wo na mede Kus ne Seba si wʼanan mu.
4 Since thou hast been precious in my sight, [and] honourable, and I have loved thee; therefore will I give men for thee, and peoples for thy life.
Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim na medɔ wo nti, mede nnipa bɛsesa wo, na mede nkurɔfo asesa wo nkwa.
5 Fear not; for I am with thee: I will bring thy seed from the east, and gather thee from the west;
Nsuro, efisɛ meka mo ho; mede wo mma befi apuei fam aba na maboa wɔn ano afi atɔe fam.
6 I will say to the north, Give up; and to the south, Keep not back; bring my sons from far, and my daughters from the end of the earth;
Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’ Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra na me mmabea mfi asase ano mmra,
7 every one that is called by my name, and whom I have created for my glory; I have formed him; yea, I have made him.
obiara a me din da no so, nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam, nea menwen no na meyɛɛ no.”
8 Bring forth the blind people that have eyes, and the deaf that have ears.
Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu ade wɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra.
9 Let all the nations be gathered together, and let the peoples be assembled: who among them can declare this, and shew us former things? let them bring their witnesses, that they may be justified: or let them hear, and say, It is truth.
Aman no nyinaa boa wɔn ho ano, na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem, sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.”
10 Ye are my witnesses, saith the LORD, and my servant whom I have chosen: that ye may know and believe me, and understand that I am he; before me there was no God formed, neither shall there be after me.
“Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,” sɛɛ na Awurade se, “Sɛnea mubehu na moagye me adi na moate ase sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
11 I, even I, am the LORD; and beside me there is no saviour.
Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
12 I have declared, and I have saved, and I have shewed, and there was no strange [god] among you: therefore ye are my witnesses, saith the LORD, and I am God.
Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone me nnansefo,” Awurade na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn.
13 Yea, since the day was I am he; and there is none that can deliver out of my hand: I will work, and who shall let it?
Yiw, na efi teteete no me ne no. Obiara rentumi nnye mfi me nsam sɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?”
14 Thus saith the LORD, your redeemer, the Holy One of Israel: For your sake I have sent to Babylon, and I will bring down all of them as fugitives, even the Chaldeans, in the ships of their rejoicing.
Sɛɛ na Awurade se, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfo wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
15 I am the LORD, your Holy One, the Creator of Israel, your King.
Mene Awurade, wo Kronkronni no, Israel Yɛfo, wo Hene.”
16 Thus saith the LORD, which maketh a way in the sea, and a path in the mighty waters;
Sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu, kwan a ɛda asubun mu,
17 which bringeth forth the chariot and horse, the army and the power; they lie down together, they shall not rise; they are extinct, they are quenched as flax:
nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, asraafo ne ne nkekaho nyinaa, na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio, wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma:
18 Remember ye not the former things, neither consider the things of old.
“Momma mo werɛ mfi kan nneɛma no monntɔ nnkɔ nea atwam no so.
19 Behold, I will do a new thing; now shall it spring forth; shall ye not know it? I will even make a way in the wilderness, and rivers in the desert.
Hwɛ, mereyɛ ade foforo! Mprempren, ɛrepue; na munhu ana? Merebɔ kwan afa nweatam so na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so.
20 The beasts of the field shall honour me, the jackals and the ostriches: because I give waters in the wilderness, and rivers in the desert, to give drink to my people, my chosen:
Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam, adompo ne mpatu, efisɛ mema nsu wɔ nweatam so ne nsuwansuwa wɔ asase wosee so, de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu,
21 the people which I formed for myself, that they might set forth my praise.
nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho sɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi.
22 Yet thou hast not called upon me, O Jacob; but thou hast been weary of me, O Israel.
“Nanso, womfrɛɛ me, Yakob, wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel.
23 Thou hast not brought me the small cattle of thy burnt offerings; neither hast thou honoured me with thy sacrifices. I have not made thee to serve with offerings, nor wearied thee with frankincense.
Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde, na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso. Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoa na memfaa nnuhuamgye nhaw mo.
24 Thou hast bought me no sweet cane with money, neither hast thou filled me with the fat of thy sacrifices: but thou hast made me to serve with thy sins, thou hast wearied me with thine iniquities.
Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me, na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so. Mmom, mode mo bɔne asoa me na mode mo mfomso ho haw abɛto me so.
25 I, even I, am he that blotteth out thy transgressions for mine own sake; and I will not remember thy sins.
“Me, me ara, mene nea ɔpepa mo bɔne, me nti, na menkae mo amumɔyɛ bio.
26 Put me in remembrance; let us plead together: set thou forth [thy cause], that thou mayest be justified.
Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me, momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye; ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no.
27 Thy first father sinned, and thine interpreters have transgressed against me.
Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne; mo kasamafo tew mʼanim atua.
28 Therefore I will profane the princes of the sanctuary, and I will make Jacob a curse, and Israel a reviling.
Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase, na mede Yakob ama ɔsɛe na mede Israel ama ahohora.

< Isaiah 43 >